Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 27 kr. 68-kr. 69 nky. 6
  • Ɔfrɛɛ Mateo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfrɛɛ Mateo
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suban pa wɔ afoforo ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Towtua​—Ɛyɛ “Nnipa Anibue” So Akatua?
    Nyan!—2003
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Suasua Onyankopɔn Mmɔborohunu Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 27 kr. 68-kr. 69 nky. 6
Yesu ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi wɔ Mateo fie; Farisifo bi rehwɛ nea ɛrekɔ so

TI 27

Ɔfrɛɛ Mateo

MATEO 9:9-13 MARKO 2:13-17 LUKA 5:27-32

  • YESU FRƐƐ TOWGYENI MATEO

  • KRISTO NE NNEBƆNEYƐFO BƆE NA WATUMI ABOA WƆN

Bere a Yesu saa obubuafo no yareɛ no, ɔtenaa Kapernaum wɔ Galilea Po no ho kakra. Ɛhɔ nso, nnipakuw san baa ne nkyɛn ma ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Da koro bi, Yesu nam ara na ɔhuu Mateo a wɔsan frɛɛ no Lewi sɛ ɔte towgyebea. Yesu de hokwan kɛse bi dom Mateo. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.”​—Mateo 9:9.

Ná Mateo tebea no akɔyɛ sɛ Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane. Ansa na Yesu refrɛ wɔn no, na wɔn nyinaa ate ne nka dada. Mateo nso, Yesu frɛɛ no ara na ɔsɔre dii n’akyi. Mateo kaa nea ɛsii no ho asɛm wɔ n’Asɛmpa no mu sɛ: “Ɛhɔ ara na ɔsɔre dii n’akyi,” kyerɛ sɛ, ɔno Mateo sɔre dii Yesu akyi. (Mateo 9:9) Enti towgyeni Mateo gyaa n’adwuma no hɔ kɔdii Yesu akyi.

Yesu akɔto Mateo wɔ towgyebea, na ɔrefrɛ Mateo sɛ ɔmmɛdi n’akyi

Yesu frɛɛ Mateo no, gyama ɛho anigye nko ara nti, akyiri yi ɔtoo pon kɛse wɔ ne fie. Yɛnim sɛ Mateo too nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafo no. Hwannom nso na ɔfrɛɛ wɔn kɔɔ apontow no ase? Ɔfrɛfrɛɛ ne nnamfonom a na ɔne wɔn gyegye tow no bi. Nneɛma a na wɔgye ho tow no bi ne po so ahyɛn a ɛba ɔman no mu, adwadifoɔ a wɔde wɔn nneɛma fa akwantempɔn so, ne nneɛma a nkurɔfo kra bɛtɔn. Ná wɔgyegye tow no ma Roma mpanimfoɔ, na na Yudafo no kyi Roma mpanimfoɔ no kɔkɔkɔkɔ. Sɛn na na Yudafo no bu towgyefo no? Ná wɔmfa wɔn nyɛ hwee, efisɛ na wɔbɔ nkurɔfo apoo gye tow no boro nea ɛsɛ sɛ wɔgye. Towgyefo da nkyɛn a, wɔn a wɔkɔɔ apontow no bi ne nnipa a obiara bu wɔn sɛ wɔyɛ ‘nnebɔneyɛfoɔ.’​—Luka 7:​37-​39.

Ná Farisifo bi wɔ apontow no ase, na esiane sɛ wɔbuu wɔn ho atreneefo nti, bere a wɔhuu sɛ Yesu ne nnipa a wɔte saa rebɔ wɔ hɔ no, wɔbisaa n’asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ no ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie?” (Mateo 9:​11) Yesu tee, na ɔyii wɔn ano sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyareɛ na wɔhia. Afei monkɔ na monkɔsua deɛ yei kyerɛ, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’ Na mammɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔneyɛfoɔ.” (Mateo 9:​12, 13; Hosea 6:6) Farisifo no frɛɛ Yesu “kyerɛkyerɛfoɔ,” nanso na ­ɛmfiri wɔn komam. Sɛ wɔyɛɛ wɔn adwene yie a, anka wɔbɛtumi asua biribi pa bi afiri ne hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a Mateo too nsa frɛɛ towgyefo ne nnebɔneyɛfo baa ne fie ne sɛ, na ɔpɛ sɛ wɔtie Yesu nkyerɛkyerɛ na wɔanya honhom mu ayaresa, efisɛ saafo a ‘wɔdii Yesu akyi’ no, “na wɔdɔɔso.” (Marko 2:​15) Ná Yesu pɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. Yesu ammu wɔn animtiaa sɛnea Farisifo nyaatwomfo no yɛe no. Wɔn asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔhuu sɛ ɔbɛtumi aboa obiara a ɔne Onyankopɔn ntam nyɛ papa ama wanya honhom mu ayaresa.

Towgyefo ne nnebɔneyɛfo a Yesu huu wɔn mmɔbɔ no, ɛnyɛ sɛ na ɔresosɔ wɔn bɔne so. Mmom no, ɔhuu wɔn mmɔbɔ de kyerɛɛ sɛ ɔdwene nnipa ho; akɔyɛ sɛ bere a ɔsaa ayarefo yareɛ no. Bere bi sei, ɔde ne nsa kaa kwatani bi na ɔkaa sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” (Mateo 8:3) Sɛ yɛhu nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ a, ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yɛte nka ma wɔn? Ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛboa nkurɔfo ma wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa anaa?

  • Yesu huu Mateo no, adwuma bɛn na na Mateo reyɛ?

  • Adɛn nti na na Yudafo no mfa towgyefo nyɛ hwee?

  • Dɛn na ɛmaa Yesu ne nnebɔneyɛfo bɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena