Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 28 kr. 70-kr. 71 nky. 6
  • Adɛn Nti Na Yesu Asuafo No Anni Mmuada?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Yesu Asuafo No Anni Mmuada?
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Akɔnkyen Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Mmuadadi Bere Atwam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Onyankopɔn Hwehwɛ Mmuadadi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 28 kr. 70-kr. 71 nky. 6
Yohane Suboni asuafo rebisa Yesu mmuadadi ho asɛm

TI 28

Adɛn Nti Na Yesu Asuafo No Anni Mmuada?

MATEO 9:14-17 MARKO 2:18-22 LUKA 5:33-39

  • YOHANE ASUAFO NO BISAA YESU BIRIBI FAA MMUADA HO

Bere a Yesu kɔdii Twam afahyɛ wɔ afe 30 no, emu hɔ baabi na wɔde Yohane Suboni too afiase. Yohane deɛ, ne yam a anka n’asuafo no nyinaa kɔdii Yesu akyi, nanso ɔkɔdaa afiase no nyinaa na wɔn mu binom nnya mmɛyɛɛ Yesu asuafo.

Bere a Twam afahyɛ reyɛ adu wɔ afe 31 no, Yohane asuafo no bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ no di mmuada na w’asuafoɔ no nni mmuada?” (Mateo 9:​14) Nea ɛte ne sɛ, Farisifo som mu no, na mmuadadi yɛ mmara. Akyiri yi Yesu mpo de yɛɛ mfatoho, na ɔkaa sɛ Farisini nyaatwomni bi bɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no . . . Medi mmuada mprenu nnawɔtwe.” (Luka 18:​11, 12) Yohane asuafo no nso, ebia na mmuadadi ka wɔn som ho. Ɛbɛtumi nso aba sɛ Yohane a wɔde no too afiase nti na wɔdii mmuada. Ná ebinom nso nte ase sɛ Yesu asuafo no nni mmuada. Ebia ɛyɛɛ wɔn sɛ, nea ato Yohane no, ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no nso di ho awerɛhoɔ.

Yesu maa wɔn mfatoho yi de buaa asɛm no: “Berɛ a ayeforɔkunu no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno na afei wɔbɛdi mmuada.”​—Mateo 9:15.

Bere bi, Yohane ankasa frɛɛ Yesu ayeforokunu. ( Yohane 3:​28, 29) Ɛno nti bere a Yesu te ase no deɛ, na ɛho nhia sɛ n’asuafo di mmuada. Akyiri yi, sɛ Yesu wu deɛ a, n’asuafo no bɛdi awerɛhoɔ na wɔn kɔn mpo rennɔ aduane. Nanso sɛ ɔnyane fi awufo mu a, ne nyinaa to bɛtwa! Saa bere no ɛho renhia sɛ awerɛhoɔ nti wɔdi mmuada bio.

Yesu de mfatoho mmienu toaa asɛm no so sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔde ntoma mono tɛ atade dada mu; ɛfiri sɛ n’ahoɔden no bɛma ate afa atade no mu ama ne ntetee no ayɛ kɛse koraa. Saa ara nso na wɔmfa bobesa mono ngu nsã kotokuo dada mu; sɛ wɔyɛ saa a, nsã kotokuo no pae ma nsã no tu gu na kotokuo no sɛe. Mmom no wɔde bobesa mono gu nsã kotokuo foforɔ mu.” (Mateo 9:​16, 17) Ná Yesu reka akɔsi sɛn?

Ná Yesu pɛ sɛ Yohane Suboni asuafo no hu sɛ ɛnsɛ sɛ obiara hyɛ Yesu asuafo no ma wɔdi Yudasom mu atetesɛm te sɛ mmuadadi so. Wamma sɛ ɔrebɛsiesie ɔsom dada ne emu amanneɛ a ɛretwam no. Ɔsom a na Yesu reka ho asɛm no, na ɛnni Yudasom mu mmara a nnipa atetesɛm ahyɛ no ma no akyi. Wanyɛ n’adwene sɛ ɔbɛpam atade mono atɛ atade dada mu anaa ɔde bobesa foforo bɛgu nsa kotokuo dada a ayɛ dendeenden mu.

MMUADADI HO MFATOHO

Aboa nwoma kokotuo

Yesu de adepam na ɛyɛɛ mfatoho, na na ɛyɛ biribi a obiara bɛte ase. Sɛ obi de ntoma dada tɛ ntoma mono mu a, dɛn na ɛbɛsi? Sɛ ɔsi ntoma no a, ntoma mono a ɔde atɛ mu no bɛtwetwe na ate afa dada no mu.

Saa bere no, na wɔtumi nso de bobesa gu nsa kotokuo anaa toa a wɔde aboa nwoma ayɛ mu. Sɛ kotokuo no kyɛ a, ɛkyenkyene. Sɛ obi de bobesa mono kɔgu kotokuo a ɛte saa mu a, anhwɛ a asɛm bɛba. Bobesa foforo no bɛburu anaa ɛbɛka, na kotokuo a akyenkyene no bɛtumi apae.

  • Yesu bere so no, hwannom na na wɔdi mmuada?

  • Yesu te ase no, adɛn nti na n’asuafo no anni mmuada? Dɛn na akyiri yi, na ɛbɛma wɔadi mmuada?

  • Atade mono ne bobesa foforo mfatoho a Yesu mae no, ase kyerɛ sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena