Yehowa—Yɛn Agya Mmɔborohunufo
“Yehowa yɛ ɔyamyefo ne mmɔborohunufo.”—YAKOBO 5:11, NW, ase hɔ asɛm.
1. Dɛn nti na abrɛfo bɛn Yehowa Nyankopɔn?
AMANSAN no yɛ kɛse araa ma nsoromma ho animdefo ntumi nkan nsoromma akuw dodow a ɛwom no nyinaa mpo. Yɛn nsorommakuw yi, nea wɔfrɛ no Milky Way no, yɛ hahraa araa ma nnipa ntumi mfi ase mpo nkan nsoromma a ɛwom no nyinaa. Nsoromma binom te sɛ Antares, yeyɛ akɛsekɛse, na ɛhyerɛn sen yɛn awia no mpɛn pii. Hwɛ tumi kɛse a nsoromma a ɛwɔ amansan no nyinaa mu Bɔfo Kɛse no bɛwɔ! Nokwarem no, ɔno na “obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” (Yesaia 40:26) Nanso, Onyankopɔn koro yi a ne ho yɛ hu no yɛ “ɔyamyefo ne mmɔborohunufo” nso. Hwɛ sɛnea saa nimdeɛ yi ma Yehowa asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase nya abotɔyam, titiriw, wɔn a ɔtaa, ɔyare, adwenemhaw, anaa amanehunu afoforo ma wohu amane no!
2. Wiase yi mu nnipa taa bu su ahorow a ɛda ayamhyehye adi dɛn?
2 Nnipa pii bu su ahorow a ɛda ayamhyehye adi te sɛ Kristo ‘ayamye ne ne mmɔborohunu’ no sɛ mmerɛwyɛ. (Filipifo 2:1) Bere a adannandi ho nyansapɛ kanyan nnipa no, wɔhyɛ nkurɔfo nkuran ma wobu wɔn ho sen afoforo, sɛ saa bɛma afoforo adi yaw mpo a. Agodie ne agumadi mu nnipa pii a afoforo suasua wɔn yɛ ahoɔdenfo a wonni mmɔborohunu anaa wɔnna ayamye adi. Amammui sodifo bi yɛ wɔn ade saa ara. Stoani nyansapɛfo Seneca, a ɔtetee ɔhempɔn tirimɔdenfo Nero, sii so dua sɛ “mmɔborohunu yɛ mmerɛwyɛ.” M’Clintock ne Strong Cyclopædia ka sɛ: “Stoafo nkɛntɛnso . . . kɔ so nya nnipa adwene so tumi de besi nnɛ mpo.”
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Mose?
3 Nea ɛne eyi bɔ abira no, adesamma Bɔfo no su ahorow yɛ anigye. Ɔnam nsɛm yi so kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: “[Yehowa, Yehowa], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, . . . na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Exodus 34:6, 7) Nokwarem no, Yehowa sii n’atɛntrenee so dua de wiee ne ho asɛm yi ka. Ɔremma wɔn a wɔboapa yɛ bɔne mfa wɔn ho nni mfi asotwe a ɛfata wɔn ho. Nanso, nea edi kan koraa no, ɔka ne ho asɛm sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborohunu, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “nea mmɔborohunu ayɛ no mã.”
4. Dɛn ne Hebri asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “mmɔborohunu” no nkyerɛase a ɛyɛ anigye?
4 Ɛtɔ da bi a wobu asɛmfua “mmɔborohunu” sɛ ɛkyerɛ asotwe a wɔtwe san wɔ asenni mu nkutoo. Nanso, Bible nkyerɛase ahorow a yɛde toto ho no ma nea Hebri kasa mu edin nkyerɛkyerɛmu a wonya fii adeyɛ asɛm ra·chamʹ mu kyerɛ ankasa no da adi. Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, ne mfitiase nkyerɛase ne sɛ “wɔbɛyɛ bɔkɔɔ.” Nhoma Synonyms of the Old Testament, kyerɛkyerɛ mu sɛ, “racham kyerɛ mmɔborohunu a emu dɔ te sɛ nea wɔn a yɛdɔ wɔn anaa wohia yɛn mmoa mmerɛwyɛ anaa amanehunu ma yenya.” Yebetumi ahu su pa yi ho nkyerɛkyerɛmu afoforo a ɛyɛ anigye wɔ Insight on the Scriptures, Po 2, nkratafa 375-9.
5. Ɔkwan bɛn so na wɔdaa mmɔborohunu adi wɔ Mose Mmara no mu?
5 Onyankopɔn mmɔborohunu da adi pefee wɔ Mmara a ɔde maa Israel man no mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔwɔ ahohia mu te sɛ akunafo, nyisaa, ne ahiafo di no mmɔborohunu so. (Exodus 22:22-27; Leviticus 19:9, 10; Deuteronomium 15:7-11) Ná ɛsɛ sɛ nnipa, a nkoa ne mmoa nyinaa ka ho, nya dapɛn dapɛn Homeda no mu mfaso. (Exodus 20:10) Afei nso, Onyankopɔn hyɛɛ ankorankoro a wɔne abrɛfo dii ayamhyehye so no nsow. Mmebusɛm 19:17 ka sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.”
Nea Ɔsoro Mmɔborohunu Kosi
6. Dɛn nti na Yehowa somaa adiyifo ne abɔfo kɔɔ ne nkurɔfo nkyɛn?
6 Ná Onyankopɔn din da Israelfo no so, na wɔsomee wɔ Yerusalem asɔrefie a na ɛyɛ ‘ofie a Yehowa din da so’ no mu. (2 Beresosɛm 2:4; 6:33) Nanso, bere kɔɔ so no, wɔmaa ɔbrasɛe, abosonsom, ne awudi ho kwan ma ɛde ahohorabɔ kɛse baa Yehowa din so. Nea ɛne Onyankopɔn mmɔborohunu hyia no, ɔde boasetɔ bɔɔ mmɔden sɛ obesiesie tebea bɔne yi a ɔmfa ɔsɛe mma ɔman no nyinaa so. Ɔkɔɔ so “somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne trabea no. Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.”—2 Beresosɛm 36:15, 16.
7. Bere a Yehowa mmɔborohunu duu n’awiei no, dɛn na ɛbaa Yuda ahemman no so?
7 Ɛwom sɛ Yehowa yɛ mmɔborohunufo, na ne bo kyɛ fuw de, nanso sɛ ɛho hia a, ɔda abufuw a ɛteɛ adi. Ɔsoro mmɔborohunu duu n’awiei saa bere no. Yɛkenkan nea efii mu bae no ho asɛm sɛ: “[Yehowa yii] Kaldeafo hene no baa wɔn so, na ɔde nkrante bekunkum wɔn mmerante, wɔn kronkronbea fi, na wankyɛe aberante ne ababaa, akwakoraa ne nea wafuw dwen so, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.” (2 Beresosɛm 36:17) Enti wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no, na wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon.
Ne Yam Hyehye no Ne Din Ho
8, 9. (a) Dɛn nti na Yehowa kae sɛ ne yam bɛhyehye no ne din ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔmaa Yehowa atamfo no muaa wɔn ano?
8 Amanaman a atwa wɔn ho ahyia no dii ɔsɛe yi ho ahurusi. Wɔkae wɔ fɛwdi so sɛ: “Yehowa nkurɔfo ne eyinom, nanso wɔafi n’asase so kɔ.” Esiane sɛ Yehowa huu ahohorabɔ yi nti, ɔkae sɛ: “Me yam behyehye me wɔ me din kronkron ho . . . Mɛtew me din kɛse no ho, . . . na amanaman no ahu sɛ mene Yehowa.”—Hesekiel 36:20-23, NW.
9 Bere a ne man no traa nnommumfa mu mfe 70 akyi no, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborohunufo no yii wɔn na ɔmaa wɔsan kɔe kosii Yerusalem asɔrefie no. Eyi maa amanaman a atwa wɔn ho ahyia a wɔde ahodwiriw hwɛɛ wɔn no muaa wɔn ano. (Hesekiel 36:35, 36) Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, Israel man no san kɔyɛɛ nneɛma bɔne bio. Yudani nokwafo Nehemia, boa siesiee tebea no. Wɔ mpae bi a ɔbɔe wɔ baguam mu no, ɔkaa Onyankopɔn mmɔborohunu a wayi adi akyerɛ ɔman no ho asɛm, na ɔkae sɛ:
10. Ɔkwan bɛn so na Nehemia sii Yehowa mmɔborohunu so dua?
10 “Wɔn ahohia bere mu no, wosu frɛɛ wo, na wo de, wufi soro tiee wɔn, na sɛ wo mmɔborohunu kɛse te no, wode agyefo maa wɔn, na wogyee wɔn fii wɔn ahohiafo no nsam. Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan sũ frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu. . . . Nanso wukuraa wɔn mfe pii.”—Nehemia 9:26-30; hwɛ Yesaia 63:9, 10 nso.
11. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Yehowa ne nnipa anyame no ntam?
11 Awiei koraa no, bere a Yuda man no pow Onyankopɔn Dɔba atirimɔden so no, wɔhweree gyinabea a ɔdom wom a wɔwɔ no afebɔɔ. Ná Onyankopɔn ne wɔn anantew nokwaredi mu bɛboro mfe 1,500. Ɛyɛ adanse a ɛwɔ hɔ daa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ mmɔborohunu Nyankopɔn ampa. Hwɛ sɛnea ne su ne anyame atirimɔdenfo ne abosom a wonni tema a nnipa abɔnefo ayeyɛ no de bɔ abira koraa!—Hwɛ kratafa 8.
Mmɔborohunu a Ɛsen Biara a Wayi no Adi Akyerɛ
12. Dɛn ne Onyankopɔn mmɔborohunu a ɛsen biara a wayi no adi akyerɛ?
12 Onyankopɔn mmɔborohunu a ɛsen biara a wayi adi akyerɛ ne ne Dɔba no a ɔsomaa no baa asase so no. Nokwarem no, Yesu mudi mu a okurae no maa Yehowa ani gyei kɛse, na ɛma onyaa mmuae a ɛyɛ pɛ de mae wɔ Ɔbonsam sobo a ɛyɛ atoro no ho. (Mmebusɛm 27:11) Nanso, bere koro no ara no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Dɔba no atirimɔden ne animguase wu a ɔhwɛe no maa odii yaw kɛse sen nea nipa a ɔyɛ ɔwofo biara agyina ano pɛn. Ná ɛyɛ afɔrebɔ a efi ɔdɔ mu a ebuee adesamma nkwagye ho kwan. (Yohane 3:16) Sɛnea Sakaria, Yohane Osuboni no agya ka siei no, ɛmaa “yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu” daa adi pefee.—Luka 1:77, 78.
13. Ɔkwan titiriw bɛn so na Yesu ada n’Agya nipasu adi?
13 Onyankopɔn Dɔba no a ɔsomaa no baa asase so no nso maa adesamma huu Yehowa nipasu yiye. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ Yesu daa ne Papa nipasu adi pɛpɛɛpɛ, titiriw wɔ mmɔborohunu kwan a ɔnam so ne abrɛfo dii nsɛm no mu! (Yohane 1:14; 14:9) Wɔ saa kwan yi so no, Nsɛmpa akyerɛwfo baasa, Mateo, Marko, ne Luka de Hela adeyɛ asɛm, splag·khniʹzo·mai, a efi Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “nsono” mu dii dwuma. Bible ho ɔdenimfo William Barclay kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yetumi hu fi asɛmfua ankasa a wonya fii mu no mu sɛ ɛnkyerɛ tema anaa mmɔborohunu bi kɛkɛ, na mmom ɛkyerɛ nkate bi a ɛka onipa kɔ akyiri. Ɛne Hela kasa mu asɛmfua a emu yɛ den sen biara a wɔde ka mmɔborohunu ho asɛm.” Wɔakyerɛ ase akwan horow so sɛ “wɔyɛɛ no mmɔbɔ” anaasɛ “yɛ me mmɔbɔ.”—Marko 6:34; 8:2, NW.
Bere a Yesu Huu Mmɔbɔ
14, 15. Ɔkwan bɛn so na Yesu hu mmɔbɔ wɔ Galilea kurow bi mu, na eyi kyerɛ dɛn?
14 Beae no yɛ Galilea kurow bi mu. Ɔbarima bi a “kwata ayɛ ne ho ma” ba Yesu nkyɛn a wammɔ kɔkɔ sɛnea amanne kyerɛ no. (Luka 5:12) So Yesu ka n’anim denneennen sɛ wanteɛteɛm sɛ, “Me ho ntew, me ho ntew,” sɛnea na Onyankopɔn Mmara hwehwɛ no? (Leviticus 13:45) Dabi. Mmom no, Yesu tie ɔbarima no adesrɛ a efi ahoyeraw mu no: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Ɔkwatani no ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ na ɔteɛ ne nsa ka no, na ɔka sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi.” Ɔbarima no te apɔw amonom hɔ ara. Enti na ɛnyɛ anwonwakwan so tumi a Onyankopɔn de maa Yesu no nkutoo na ɔdaa no adi, na mmom ayamhyehye nso na ɛma ɔde tumi horow a ɛte saa no dii dwuma.—Marko 1:40-42.
15 So ɛsɛ sɛ obi kobisa Yesu ansa na wayi mmɔborohunu adi akyerɛ no? Dabi. Akyiri yi, ohyia ayiasefo bi sɛ wofi Nain kurow no mu refi adi. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu ahu ayi pii pɛn, nanso eyi yɛ awerɛhow titiriw. Nea wawu no yɛ ɔbea kunafo bi ba koro pɛ. Yesu de ‘ayamhyehye’ kɔ ɔbea no nkyɛn, na ɔka sɛ: “Nsu!” Afei ɔyɛ anwonwade soronko a ɛne sɛ onyan ne ba no ba nkwa mu.—Luka 7:11-15.
16. Dɛn nti na Yesu yam hyehye no ma nkurɔfokuw a wodi n’akyi no?
16 Asuade a ɛda adi pefee a yehu fi nsɛm a esisii a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ mu ne sɛ, sɛ Yesu ‘yam hyehye’ no biribi ho a, ɔyɛ ade pa de boa. Akyiri yi, Yesu hwɛ nkurɔfo akuwakuw a wɔakɔ so adi n’akyi no. Mateo bɔ amanneɛ sɛ ‘ne yam hyehye no ma wɔn, efisɛ wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.’ (Mateo 9:36) Farisifo no mmɔ mmɔden kɛse sɛ wobekum nnipa mpapahwekwa no honhom fam kɔm no. Mmom no, wɔde mmara ahorow a ɛho nhia soa wɔn a wɔba fam no. (Mateo 12:1, 2; 15:1-9; 23:4, 23) Sɛnea na wobu nnipa mpapahwekwa no daa adi bere a wɔkaa wɔn a wotiee Yesu no ho asɛm sɛ: “Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn!”—Yohane 7:49.
17. Ɔkwan bɛn so na ayamhyehye a Yesu wɔ ma nkurɔfokuw no kanyan no, na akwankyerɛ a ɛkɔ akyiri bɛn na ɔde ma wɔ hɔ?
17 Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkurɔfokuw no honhom fam tebea a ɛyɛ awerɛhow no kaa Yesu kɛse. Nanso na anigyefo no dɔɔso dodo ma no sɛ obetumi ahwɛ wɔn sɛ ankorankoro. Enti ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae mma adwumayɛfo pii mmra. (Mateo 9:35-38) Nea ɛne mpae a ɛte saa hyia no, Yesu de asɛm somaa n’asomafo no sɛ: “Ɔsoro ahenni abɛn.” Nkyerɛkyerɛ a ɔde mae saa da no ayɛ akwankyerɛ a ɛsom bo ma Kristofo ara de besi nnɛ da yi. Akyinnye biara nni ho sɛ mmɔborohunu a Yesu wɔ no ka no ma okum adesamma honhom fam kɔm ma wɔn.—Mateo 10:5-7.
18. Yesu yɛ n’ade dɛn bere a nkurɔfokuw hyɛn ne homebea no, na asuade bɛn na yenya fi eyi mu?
18 Bere foforo no, Yesu dwenee nkurɔfokuw no honhom fam ahiade ho. Saa bere yi na ɔne n’asomafo no nyinaa abrɛbrɛ bere a wɔakokyinkyin akɔka asɛm no, na wɔrehwehwɛ baabi akogye wɔn ahome. Nanso ankyɛ nkurɔfo no hu wɔn. Sɛ́ anka Yesu bo befuw sɛ nkurɔfo yi abɛhyɛn wɔn homebea hɔ no, Marko kyerɛw sɛ “wɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Na dɛn na ɛmaa Yesu tee nka saa? “Na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Bio, Yesu yɛ ade de di ne nkate ho dwuma, na ofi ase kyerɛkyerɛ nkurɔfokuw no “Onyankopɔn ahenni ho asɛm.” Yiw, wɔn honhom fam kɔm no kaa no araa ma ogyaee ahomegye a ohia no kyerɛkyerɛɛ wɔn.—Marko 6:34; Luka 9:11.
19. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nkurɔfokuw no ho asɛm hiaa no traa wɔn honhom fam ahiade so mpo?
19 Bere a na nkurɔfo honhom fam ahiade ahorow na ehia Yesu titiriw no, wammu n’ani angu wɔn honam fam ahiade atitiriw so da. Saa bere no ara, “ɔsaa wɔn a ehia wɔn yare.” (Luka 9:11) Akyiri yi wɔ bere bi mu no, na nkurɔfokuw no atra ne nkyɛn bere tenten, a na wɔmmɛn fie. Bere a Yesu huu wɔn honam fam ahiade no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Me yam hyehye me ma nkurɔfokuw yi sɛ wɔatra me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtotɔ piti ɔkwan mu.” (Mateo 15:32) Afei Yesu yɛ biribi na amma wɔanhu amane. Ɔnam abodoo ason ne mpataa kakraa bi so ma mmarima, mmea ne mmofra aduan anwonwakwan so.
20. Dɛn na yesua fi Yesu ayamhyehye ho kyerɛwtohɔ a etwa to no mu?
20 Kyerɛwtohɔ a etwa to a ɛkyerɛ timmɔbɔ a Yesu wɔ no fa asɛm bi a esi wɔ ɔkwan a edi akyiri a otu kɔ Yerusalem no mu. Nkurɔfokuw ka ne ho ne no rekɔ akodi Twam Afahyɛ. Wɔ Yeriko kwan so no, anifuraefo baanu a wɔsrɛsrɛ ade kɔ so teɛteɛm sɛ: “Hu yɛn mmɔbɔ Awurade.” Nkurɔfokuw no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔamua wɔn ano, nanso Yesu frɛ wɔn bisa nea wɔpɛ sɛ ɔyɛ. Wɔsrɛ sɛ: ‘Awurade, ma yɛn aniwa mmue.’ ‘Wɔyɛ no mmɔbɔ,’ ɔde ne nsa keka wɔn aniwa, na wohu ade. (Mateo 20:29-34) Hwɛ asuade titiriw a yenya fi eyi mu! Yesu rebɛhyɛn n’asase so som adwuma mu dapɛn a edi akyiri no mu. Ɔwɔ adwuma pii a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wawu atirimɔden wu wɔ Satan adwumayɛfo nsa ano. Nanso, ɔmma bere a ɛho hia yi mu haw no nsiw no kwan sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi wɔ nnipa ahiade a ɛho nhia titiriw biara no ho.
Mfatoho Ahorow a Esi Mmɔborohunu so Dua
21. Dɛn na kyɛ a owura no de n’akoa no ka kɛse kyɛ no no yɛ ho mfatoho?
21 Wɔde Hela adeyɛ asɛm splag·khniʹzo·mai a wɔde dii dwuma wɔ Yesu asetra ho nsɛm yi mu no dii dwuma wɔ ne mfatoho ahorow abiɛsa mu nso. Wɔ asɛm biako mu no, akoa bi srɛ sɛ wɔmma no bere ma ɔmfa ntua ka kɛse bi. ‘Ɔyɛ ne wura no mmɔbɔ,’ ɔde ka no kyɛ no. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ayi mmɔborohunu kɛse adi akyerɛ de bɔne ho ka kɛse a Kristoni biara a ɔkyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi de no no kyɛ no.—Mateo 18:27; 20:28.
22. Dɛn ho mfatoho na ɔba hohwini ho bɛ no yɛ?
22 Ɔba hohwini no asɛm no nso wɔ hɔ. Kae nea esi bere a ɔba debɔneyɛfo no san ba fie no. “Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.” (Luka 15:20) Eyi kyerɛ sɛ sɛ Kristoni bi a wabɛyɛ ɔdebɔneyɛfo nu ne ho nokwarem a, Yehowa behu no mmɔbɔ na wasan de ayamhyehye agye no. Enti, Yesu nam mfatoho abien yi so kyerɛ sɛ, Yehowa, yɛn Agya no “ayamye dɔɔso na ɔyɛ mmɔborohunufo.”—Yakobo 5:11, NW, ase hɔ asɛm.
23. Asuade bɛn na yenya fi Yesu mfatoho a ɛfa Samariani a ohuu mmɔbɔ no ho no mu?
23 Mfatoho a ɛto so abiɛsa a wɔde splag·khniʹzo·mai dii dwuma wom no fa Samariani mmɔborohunufo no a “ne yam hyehyee no” wɔ Yudani bi a na wɔabɔ no korɔn agyaw no hɔ a na ɔreyɛ awu no ho. (Luka 10:33) Ɔreyɛ ne nkate yi ho adwuma no, Samariani no yɛ nea obetumi nyinaa de boa onipa a onnim no no. Eyi da no adi sɛ Yehowa ne Yesu hwɛ kwan sɛ nokware Kristofo bedi wɔn nhwɛso akyi ayi ayamye ne mmɔborohunu adi. Yebesusuw akwan a yebetumi afa so ayɛ eyinom bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
Nsemmisa a Wɔde Tĩ Mu
◻ Dɛn na mmɔborohunufo a obi bɛyɛ no kyerɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa yam hyehyee no ne din ho?
◻ Dɛn ne mmɔborohunu a ɛsen biara a wɔayi no adi akyerɛ?
◻ Ɔkwan titiriw bɛn so na Yesu da n’Agya nipasu adi?
◻ Dɛn na yesua fi nea mmɔborohunu kanyan Yesu ma ɔyɛe ne ne mfatoho ahorow no mu?
[Adaka wɔ kratafa 12, 13]
ASƐM A ƐKYERƐKYERƐ “ƆHWƐ A ƆDƆ WOM” MU PEFEE
ODIYIFO YEREMIA teɛɛm sɛ: “Oo me nsono mu, me nsono mu!” So na biribi a wadi a ama ne yam yɛ no yaw ho asɛm na ɔreka? Dabi. Na Yeremia de Hebri kasakoa bi na ɛredi dwuma de akyerɛkyerɛ sɛnea ɔte nka kɛse wɔ ɔsɛe a na ɛreba Yuda ahemman no so no mu.—Yeremia 4:19, NW.
Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ ayamhyehye kɛse nti, wɔde Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “nsono,” anaa “ayamde” (me·ʽimʹ), nso di dwuma de kyerɛkyerɛ ne nkate horow a ɛda ayamhyehye adi mu. Sɛ nhwɛso no, mfe du du pii ansa na Yeremia reba no, Asiria hene faa Israel mmusuakuw du ahemman no nnommum. Yehowa maa eyi ho kwan sɛ nokware a wɔanni ho asotwe. Na so Onyankopɔn werɛ fii wɔn wɔ nnommumfa mu? Dabi. Na ɔda so ara bata wɔn ho denneennen sɛ ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no fã. Bere a Yehowa de abusuakuw titiriw Efraim din refrɛ no no, obisae sɛ: “So Efraim yɛ me ɔdɔ ba anaa abotɔyam ba, sɛ, dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, ɔhyehye na me yam hyehye me ma no, [Yehowa] asɛm ni.”—Yeremia 31:20.
Bere a Yehowa kae sɛ “me nsono mu twitwa me” no, na ɔde kasakoa na ɛrekyerɛkyerɛ ɔdɔ a emu yɛ den a ɔwɔ ma ne nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu no mu. Bere a Bible ho ɔdenimfo E. Henderson a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 mu reka saa nkyekyem yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛbɛto ɔwofo ayamhyehye a oyi no adi kyerɛ ohohwifo a ɔresan aba a ɛka koma te sɛ nea Yehowa ayi no adi wɔ ha yi. . . . Ɛwom sɛ na wakasa atia [Efraimfo abosonsomfo no] atwe wɔn aso wɔ ho de . . . , nanso ne werɛ amfi wɔn da, na mmom, ɔde anigye hwɛɛ gye a na ɔbɛsan agye wɔn koraa no kwan.”
Wɔde Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “ayamde” anaa “nsono” dii dwuma saa ara wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ wɔamfa anni dwuma sɛnea ne nkyerɛase te ankasa te sɛ nea ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 1:18 no a, wɔde ka ayamhyehye anaa mmɔborohunu ho asɛm. (Filemon 12) Ɛtɔ da bi a wɔde asɛmfua no bata Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “papa” anaa “yiye” ho. Asomafo Paulo ne Petro de nsɛmfua no bom di dwuma bere a wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmma wɔn “yam nhyehye” wɔn, a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ “wonhu mmɔbɔ” no. (Efesofo 4:32; 1 Petro 3:8) Wotumi de Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “ayamde” no bata Hela asɛmfua pol·yʹ nso ho. Sɛ wɔde abien no bom a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi “wɔ ayamde pii.” Wɔde saa Hela asɛm a wɔntaa mfa nni dwuma yi dii dwuma pɛnkoro pɛ wɔ Bible no mu, na ɛfa Yehowa Nyankopɔn ho. New World Translation no ka asɛm yi sɛ: “Yehowa yɛ mmɔborohunufo.”—Yakobo 5:11.
Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ Yehowa Nyankopɔn, amansan yi mu otumfoɔ no nte sɛ nnipa a wonni mmɔborohunu anyame atirimɔdenfo a wɔayeyɛ no! Sɛ nokware Kristofo suasua wɔn Nyankopɔn “mmɔborohunufo” no a, ɛka wɔn nso ma wɔyɛ wɔn ade saa ara wɔ wɔne wɔn ho wɔn ho nsɛnnii mu.—Efesofo 5:1.
[Kratafa 10 mfonini]
Bere a ɔsoro mmɔborohunu duu n’awiei no, Yehowa maa kwan ma Babilonfo bedii ne nkurɔfo nnebɔneyɛfo no so
[Kratafa 11 mfonini]
Yehowa Nyankopɔn Dɔba no atirimɔden wu no a ɔhwɛe no maa odii yaw kɛse sen nea nipa a ɔyɛ ɔwofo biara agyina ano pɛn
[Kratafa 15 mfonini]
Yesu daa n’Agya nipasu a ɛne mmɔborohunu no adi pɛpɛɛpɛ