Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • 15, 16. Nsɛm mmienu bɛn na esisii a ɛma yehu sɛnea na Yesu bu nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no?

      15 Afe 31 Y.B. mu, bere a na Yesu de bɛyɛ mfe mmienu ayɛ asɛmpaka adwuma no denneennen akyi no, ɔtrɛw n’adwuma no mu “kokyinkyin nkurow ne nkuraa nyinaa mu” wɔ Galilea. Nea ohui wɔ hɔ no kaa ne koma. Ɔsomafo Mateo kaa sɛ: “Bere a ohuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:35, 36) Ná Yesu dwen ahiafo ho. Ná onim sɛ wɔhia Onyankopɔn, nanso na wɔnnim no mpo na wɔatumi abɛn no. Ná onim nso sɛ nyamesom akannifo a anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn so no mmom teetee wɔn, na na wɔato wɔn asaworam koraa. Ayamhyehye kaa Yesu ma ɔbɔɔ mmɔden kaa anidaso asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Nea na wɔhia paa ne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no.

  • ‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • 18 Ɛsɛ sɛ yenya adwene a na Yesu wɔ wɔ nnipa ho no bi. Ná obu wɔn sɛ “nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” Fa no sɛ woakohyia oguan ba bi a wayera. Esiane sɛ oguan ba a wayera yi nni ɔhwɛfo a ɔde no bɛkɔ baabi a sare frɔmfrɔm ne nsu wɔ nti, ɔkɔm ne sukɔm de no. Anka oguan ba yi ho renyɛ wo mmɔbɔ anaa? Anka worenyɛ nea wubetumi biara mma no aduan ne nsu anaa? Nnipa pii a wɔntee asɛmpa no te sɛ saa oguan ba no. Esiane sɛ nyamesom akannifo ato wɔn asaworam nti, honhom fam kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔnni anidaso biara. Yɛwɔ nea wɔhia no, ɛno ne: Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛte sɛ aduan a ɛma ahoɔden, ne nsu a ɛma akomatɔyam no. (Yesaia 55:1, 2) Sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa a atwa yɛn ho ahyia no nnim Onyankopɔn no a, ɛma wɔyɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛnea Yesu yɛe no, sɛ yɛn nso yɛte nka ma wɔn a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aka Ahenni no ho anidaso asɛm akyerɛ wɔn.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena