-
Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm NoYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Ampa, na Yesu akyidifo no bɛhyia ɔtaa paa, nanso ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaasɛ deɛ mobɛka ho; wɔde deɛ mobɛka bɛma mo dɔn no mu; ɛnyɛ mo ara na mokasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so kasa.” Yesu toaa so sɛ: “Onua bɛyi onua ama na wɔaku no, na papa ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ na wɔama wɔaku wɔn. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na deɛ ɔbɛgyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.”—Mateo 10:19-22.
-
-
Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm NoYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Akwankyerɛ ne kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ a Yesu de maa n’asomafo 12 no deɛ, na ɛda mu fua! Nanso, ɛnyɛ asomafo no nko ara na na saa nsɛm no kɔ ma wɔn. Wɔn a Yesu akyi no, wɔbɛba abɛyɛ asɛnka adwuma no bi no, wɔn nso, na Yesu asɛm no fa wɔn ho. Nea ɛma yɛhu saa ne sɛ, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ “nnipa nyinaa bɛtan” wɔn. Wanka sɛ wɔn a asomafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn saa bere no nko ara na wɔbɛtan wɔn. Afei nso, Bible nkaa wɔ baabiara sɛ bere tiaa a asomafo no kɔkaa asɛm no wɔ Galilea no, wɔde wɔn kɔgyinaa atumfoɔ ne ahemfo anim. Bio nso, Bible anka sɛ wɔn abusuafo yii wɔn ma wɔkuu wɔn.
Biribiara kyerɛ sɛ bere a Yesu reka nsɛm no akyerɛ asomafo no, na ɔrekyerɛ nea ɛbɛba daakye nso. Wo deɛ hwɛ o, Yesu kaa sɛ n’asuafo no rentumi nka asɛm no nkyerɛ obiara na “onipa Ba no aba.” Wohwɛ asɛm no a, wohu sɛ na Yesu reka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔrentumi nka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa nwie ansa na Ɔhene Yesu Kristo aba abɛbu atɛn ama Onyankopɔn.
-