-
Nkwagye anaa Ɔsɛe wɔ “Ahohiahia Kɛse” no muƆwɛn-Aban—1982 | October 1
-
-
5. Dɛn na wɔde “Gehena” yɛ ho sɛnkyerɛnne?
5 Wɔ ɔkwan foforo so no, Kyerɛwnsɛm no nka wɔ baabiara sɛ Kristo kura Gehena nsafe. Ɔkaa Gehena ho asɛm sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro [Yehowa] a obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam wɔ Gehena.” (Mateo 10:28, NW) Ɔreka saa asɛm yi ho asɛm wɔ ne nhoma Immorality of the Soul or Resurrection of the Dead? (French) mu no, Ɔbenfo Oscar Cullmann kyerɛw sɛ: “psy·kheʹ [ɔkra] a ɛwɔ ha no nkyerɛ Helafo adwene wɔ ɔkra ho no, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ase sɛ ‘nkwa’. . . . W. G. Kümmel . . . nso de ntease pa kyerɛw sɛ: Mat. 10:28 ‘nhwehwɛ sɛ ebesi ɔkra a enwu so dua, na mmom ɛda nokwasɛm no adi sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi asɛe, ɛnyɛ asase so nkwa nko na mmom ɔsoro nkwa nso.’” Yiw Gehena gyina hɔ ma ɔsɛe koraa a wɔrentumi nnya owusɔre biara. The New Bible Commentary (Nea ɛto so Abien no, kratafa 786) kyerɛ Gehena ase sɛ “‘owuprenu’ no ho nkyerɛkyerɛmu”—Adiyisɛm 21:8.
-
-
Nkwagye anaa Ɔsɛe wɔ “Ahohiahia Kɛse” no muƆwɛn-Aban—1982 | October 1
-
-
9. Ɔkwan bɛn so na Mateo 10:28 kyerɛ sɛnea Yehowa atemmu ahorow no yɛ nea etwa to?
9 Bere a Yehowa akyerɛ sɛ ne “bo dwo kyɛ” wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so esiane sɛ “ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu” nti no, onim sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛsakra. Ɛno nti na Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ‘yensuro nea obetumi asɛe ɔkra [nkwa] ne ɔhonam wɔ Gehena’ no. Ɛreka saa asɛm yi ho asɛm no, New International Dictionary of New Testament Theology no se: “Mat. 10:28 nkyerɛkyerɛ ɔkra a enwu na mmom wɔn a wɔnnsakra wɔn adwene ɔsoro atemmu a wontumi nnan no.”
-