Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!
    Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
    • Ogufo a Ɔdae No

      13, 14. (a) Ka Yesu mfatoho a ɛfa onipa a oguu aba no ho asɛm tiawa. (b) Ogufo no gyina hɔ ma hena, na aba no gyina hɔ ma dɛn?

      13 Yehu mfatoho foforo a ɛfa ogufo bi ho wɔ Marko 4:26-29. Ɛka sɛ: “Enti Onyankopɔn ahenni te sɛ bere a obi gu aba asase so, na ɔda anadwo sɔre anɔpa, na aba no fifi na ɛyɛ tenten, a onnim ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa. Asase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei bɛtem, na aba ba bɛtem no ho. Na sɛ enya ba sɛ ɛsɛ sɛ wotwa aduaba no a, ɔtwe so kantankrankyi, efisɛ na twabere adu.”

      14 Hena ne ogufo yi? Kristoman mufo binom ka sɛ Yesu ankasa ne ogufo no. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ Yesu kɔdae a onnim nea ɛyɛe a aba no nyinii? Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nim sɛnea aba nyin! Mmom no, saa ogufo yi te sɛ ogufo a yɛadi kan aka ne ho asɛm dedaw no a ogyina hɔ ma nnipa a wɔde nsi ka Ahenni no ho asɛm a wɔnam asɛnka adwuma no so gu Ahenni no aba no. Aba a wogu no ne asɛm a wɔka no.b

      15, 16. Nokwasɛm a ɛfa sɛnea aba nyin ne sɛnea obi nyin bɛyɛ osuani ho bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ mfatoho a ɛfa ogufo no ho no mu?

      15 Yesu kae sɛ ogufo no ‘da anadwo sɔre anɔpa.’ Eyi nkyerɛ sɛ ogufo no amma n’ani ankɔ aba a ogui no ho. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ɔyɛɛ ade a nnipa dodow no ara yɛ no daa wɔ wɔn asetram no bi. Ɔkwan a ɔfaa so kaa asɛm no wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no kyerɛ sɛnea obi kɔ adwuma adekyee na ɔkɔda anadwo da biara no. Ɛyɛ nea ɛkɔɔ so saa bere no mu no na Yesu kaa ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Aba no fifi na ɛyɛ tenten.” Afei, Yesu toaa so sɛ: “Onnim ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa.” Nea osii so dua ne sɛ aba “no ara” na enyinii.c

      16 Dɛn na na Yesu rekyerɛ wɔ ha? Hyɛ no nsow sɛ nea osii so dua ne aba a enyinii ne sɛnea enyinii nkakrankakra no. “Asase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei bɛtem, na aba ba bɛtem no ho.” (Mar. 4:28) Enyinii nkakrankakra kosii sɛ ɛsow aba. Wɔrentumi nhyɛ aba mma enyin ntɛmntɛm. Saa kwan yi ara so na obi fa nyin bɛyɛ osuani. Saa ara na Yehowa ma nokware no kɔ so nyin nkakrankakra wɔ obi a ɔpɛ daa nkwa no koma mu.—Aso. 13:48; Heb. 6:1.

      17. Sɛ nokware no sow aba a, henanom na wɔn ani gye?

      17 Ɔkwan bɛn so na “sɛ enya ba sɛ ɛsɛ sɛ wotwa aduaba no” a, ogufo no nya otwa adwuma no mu kyɛfa bi? Sɛ Yehowa ma Ahenni no ho nokware no nyin wɔ asuafo a wɔyɛ foforo no komam a, awiei koraa no, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no kanyan wɔn ma wohyira wɔn nkwa so ma no. Wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne. Anuanom mmarima a wɔkɔ so nyin wɔ Onyankopɔn som mu no de nkakrankakra nya asɛyɛde pii wɔ asafo no mu. Nea oguu aba no ne Ahenni adawurubɔfo foforo a wɔnka ho ankasa na woguu aba a ɛmaa saa onipa no bɛyɛɛ osuani no nso twa Ahenni aba no bi. (Monkenkan Yohane 4:36-38.) Nokwarem no, ‘nea ogu ne nea otwa no ani gye.’

  • ‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!
    Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
    • b Bere bi a atwam no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu sɛ, ná aba no gyina hɔ ma nnipa su a nkurɔfo a wɔne wɔn bɔ tumi ma ɛsesa bɛyɛ papa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ mfatoho a Yesu mae no mu no, aba no ansesa ammɛyɛ aba bɔne anaa aduaba a aporɔw. Mmom no, enyin sow aba.—June 15, 1980, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-19.

      c Asomafo Nnwuma 12:10 nkutoo ne baabi a wɔde saa asɛm yi dii dwuma, baabi a ɛka dade pon a “ɛno ankasa” buei ho asɛm no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena