Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Kristofo Adansefo a Wɔn Man wɔ Soro
    Ɔwɛn-Aban—1995 | July 1
    • 2. Ade foforo bɛn na Yohane Suboni kae sɛ Yesu bɛyɛ, na na ade foforo yi fa dɛn ho?

      2 Bere a Yohane Suboni resiesie kwan mu ama Yesu no, ɔkae sɛ Yesu bɛyɛ ade foforo bi. Kyerɛwtohɔ no se: “[Yohane] kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama. Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde honhom kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.” (Marko 1:7, 8) Ɛde besi saa bere no, na wɔmfaa honhom kronkron mmɔɔ obiara asu. Ná eyi yɛ nhyehyɛe foforo a wɔde honhom kronkron dii dwuma wom, na na ɛfa Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ obesiesie nnipa ama ɔsoro adedi a afei na na ɔrebeyi no adi ho.

  • Kristofo Adansefo a Wɔn Man wɔ Soro
    Ɔwɛn-Aban—1995 | July 1
    • 5. Bere bɛn na wɔde honhom kronkron bɔɔ asuafo anokwafo no asu, na honhom kronkron dwumadi a ɛfa ho bɛn na ɛkɔɔ so bere koro no ara?

      5 Bere a Yesu ne Nikodemo rekasa no, na honhom kronkron aba Yesu so dedaw abɛsra no ama tumi a obedi daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni so no, na na Onyankopɔn aka no baguam sɛ Yesu yɛ Ne Ba. (Mateo 3:16, 17) Yehowa woo honhom mu mma pii wɔ Pentekoste 33 Y.B. Wɔde honhom kronkron bɔɔ asuafo anokwafo a na wɔahyiam wɔ abansoro dan mu wɔ Yerusalem no asu. Bere koro no ara, wofi honhom kronkron mu woo wɔn foforo sɛ Onyankopɔn honhom mu mma. (Asomafo no Nnwuma 2:2-4, 38; Romafo 8:15) Afei nso, wɔde honhom kronkron sraa wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ daakye wobenya ɔsoro apɛgyade, na wɔde honhom kronkron sɔw wɔn ano nea edi kan, de dii adanse sɛ saa ɔsoro anidaso no renni huammɔ.—2 Korintofo 1:21, 22.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena