Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 6/1 kr. 24
  • Hwɛ Yiye, Na Woanto Afoforo Hintidua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye, Na Woanto Afoforo Hintidua
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 6/1 kr. 24

Hwɛ Yiye, Na Woanto Afoforo Hintidua

Ɛho hia sɛ nnipa wɔka sɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne Kristo no hwɛ nsɛm a wɔka ne wɔn adeyɛ yiye. Anyɛ saa a wobedi fɔ wɔ Yesu “nketewa yi” anaa n’akyidifo no mu biako a wɔbɛto no hintidua no mu. Yesu ankasa sii eyi so dua wɔ ɔyɛkyerɛ a ɔde yɛɛ asɛm kae no mu, sɛ:

“Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.”​—Marko 9:43; Mat. 18:6.

Awiyammo, te sɛ nea wuhu wɔ ha no ma Yesu asɛm no mu da hɔ yiye. Owiyammo a ɛda soro no adannan hwehwɛ aboa ahoɔden efisɛ ne tɛtrɛtɛ yɛ nea efi anammɔn anan kosi anum. Esiane ɔbo yi kɛse nti, ɛrenyɛ yiye sɛ obi a wɔde ɔbo a emu yɛ duru sɛɛ bɛkyekyere ne kɔn na wɔatow no akyene po mu no benya nkwa. Ɛda adi pefee sɛ eyi yɛ nkuranhyɛ kɛse ma yɛn na yɛabɔ yɛn nsɛm ne adeyɛ ho ban!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena