Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 May kr. 8
  • “Nea Onyankopɔn Aka Abom No . . .”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nea Onyankopɔn Aka Abom No . . .”
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
    Nyan!—1981
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 May kr. 8
Ɔbarima bi ne ɔbea bi aso wɔn nsam

KRISTOFO ABRABƆ

“Nea Onyankopɔn Aka Abom No . . .”

Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ ogyae aware no yɛ ho krataa mmara kwan so. Ná wei boa ma nkurɔfo mpere wɔn ho nnyae aware. Nanso wɔ Yesu bere so no, nyamesom akannifo no maa ɛyɛɛ mmerɛw sɛ obi begyae aware. Ná mmarima tumi gyina biribiara kɛkɛ so gyaa wɔn yerenom. (nwtsty Mr 10:4, 11 ho adesua nsɛm) Yesu twee adwene sii nokwasɛm yi so sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware. (Mr 10:2-12) Ná ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere bom tena daa sɛ “ɔhonam koro.” Asɛnkoro yi ara bi wɔ Mateo nhoma no mu. Ɛhɔ ma yehu sɛ, “aguamammɔ” nko ara ne ade baako pɛ a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ obi betumi agyina so agyae aware.—Mt 19:9.

Ɛnnɛ adwene a nnipa pii wɔ wɔ aware ho no te sɛ Farisifo de no, na ɛnyɛ Yesu adwene. Wɔn a wɔnyɛ Kristofo no, sɛ ɔhaw ba a, ntɛm ara na wɔagyae aware. Nanso Kristofo awarefo de, wɔfa wɔn aware ntam no aniberesɛm, na wɔbɔ mmɔden sɛ ɔhaw biara a wobehyia no, wobegyina Bible mu nnyinasosɛm so adi ho dwuma. Hwɛ video a yɛato din Ɔdɔ Ne Obu Ma Nkabom Ba Abusua Mu, na bua nsɛmmisa a edidi so yi:

  • Obi rekenkan Bible; okunu bi ayɛ komm retie ne yere a ɔrekasa; ayeforo ho mfoni bi a wɔatew mu

    Wobɛyɛ dɛn de Mmebusɛm 15:1 ayɛ adwuma wɔ w’aware mu, na adɛn nti na ɛho hia sɛ woyɛ saa?

  • Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 19:11 a wode bɛyɛ adwuma no bɛboa wo ama woakwati ɔhaw ahorow?

  • Sɛ w’aware reyɛ agu a, sɛ́ anka wobɛyɛ w’adwene sɛ wubegyae aware no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho?

  • Ɔkwan bɛn so na Mateo 7:12 a mede bɛyɛ adwuma no betumi ama mayɛ okunu pa anaa ɔyere pa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena