Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 14 kr. 139-149
  • “Nnipadɔm Pii Bɛn No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nnipadɔm Pii Bɛn No”
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Bɛn Na Na Wɔtumi Bɛn Yesu?
  • Dɛn Na Ɛmaa Nnipa Tumi Bɛn Yesu?
  • Wo Nso ɛ? Nkurɔfo Tumi Bɛn Wo?
  • Yehowa Su Yɛ Fɛ​—Kyerɛ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Wowɔ “Kristo Adwene”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ná Hena Ne Yesu?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Awofo​—Monhwɛ Mo Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 14 kr. 139-149

TI 14

“Nnipadɔm Pii Bɛn No”

Yesu fi ɔdɔ mu reyɛ mmofra atuu, ɛnna mmofra no awofo rehwɛ no. Wuhu sɛ mmofra no bi susua paa, ebi nso anyin kakra; ɛsono mfe a wɔn mu biara adi.

“Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn”

1-3. Bere a awofo de wɔn mma brɛɛ Yesu no, dɛn na esii, na dɛn na wei ma yehu fa Yesu ho?

NÁ Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ koraa na n’asaase so asetena aba awiei. Ná aka nnawɔtwe kakraa bi ma wɔakum no, nanso na ɔwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɔyɛ! Ná ɔne n’asomafo no reyɛ asɛnka adwuma no wɔ Perea mantam a ɛda Yordan Asubɔnten no apuei mu. Ná wɔde wɔn ani akyerɛ Yerusalem wɔ anaafo fam, baabi a na Yesu bɛkɔ akodi Twam afahyɛ a etwa to koraa wɔ n’asetena mu no.

2 Bere bi, Yesu ne nyamesom akannifo bi susuw nsɛm bi a emu yɛ duru ho. Bere a wɔwiei no, wɔtee sɛ dede kakra bi rekɔ so. Ná nkurɔfo de wɔn mma nkumaa rebrɛ Yesu. Ɛda adi sɛ na ɛsono mfe a na mmofra no mu biara adi, efisɛ Marko de asɛmfua a na wadi kan de aka abofra bi a wadi mfe 12 ho asɛm na edii dwuma, na Luka nso de asɛmfua a wɔbetumi akyerɛ ase sɛ “mma nketewa” na edii dwuma. (Luka 18:15; Marko 5:41, 42; 10:13) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ mmofra pii hyia wɔ baabi a, wɔtaa yɛ dede paa. Yesu asuafo no kaa awofo no anim; ebia na wɔsusuw sɛ wɔn Wura no rennya adaagye mma mmofra no. Nanso dɛn na Yesu yɛe?

3 Bere a Yesu huu nea ɛrekɔ so no, anyɛ no dɛ koraa. Henanom nti na Yesu tee nka saa? Mmofra no? Anaa awofo no ntia? Daabi, ɛnyɛ wɔn, na mmom n’asuafo no! Yesu kaa sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni te sɛ abofra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.” Afei Yesu ‘yɛɛ mmofra no atuu,’ na ohyiraa wɔn. (Marko 10:13-16) Nsɛm a Marko de dii dwuma no kyerɛ sɛ Yesu fi ɔdɔ mu yɛɛ wɔn atuu, na sɛnea nsɛm asekyerɛfo bi kae no, ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa mmofra no bi too ne nsa so. Wutumi hu paa sɛ Yesu ani gye mmofra ho. Nanso, yehu biribi foforo wɔ ne ho. Ɛne sɛ, nnipa tumi bɛn no.

4, 5. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na nkurɔfo tumi bɛn Yesu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?

4 Sɛ na Yesu asɛm yɛ den, ɔmpɛ nnipa, anaasɛ na ɔyɛ ahantan a, ɛda adi sɛ anka saa mmofra no rentumi mmɛn no; na saa ara nso na anka wɔn awofo besuro sɛ wɔbɛkɔ n’anim. Twa nea esii no ho mfoni hwɛ: Wunhu sɛ awofo no resereserew bere a ɔbarima ɔyamyefo yi reda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mma no? Wonte sɛ ɔreka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ mmofra no som bo wɔ Onyankopɔn ani so, na ɔrehyira wɔn? Ampa, ɛwom sɛ na asɛyɛde a emu yɛ duru pii gu Yesu so de, nanso na nnipa tumi bɛn no sen obiara.

5 Nnipa bɛn bio na na wɔtumi bɛn Yesu? Dɛn na ɛma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ afoforo bɛbɛn no? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu na ama afoforo atumi abɛn yɛn? Ma yɛnhwɛ.

Nnipa Bɛn Na Na Wɔtumi Bɛn Yesu?

6-8. Nnipa bɛn na na Yesu taa ne wɔn bɔ, na ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu ne wɔn dii nsɛm no yɛ soronko wɔ sɛnea na nyamesom akannifo no ne wɔn di no ho?

6 Sɛ wokenkan Nsɛmpa no na wuhu sɛnea na nnipadɔm tumi bɛn Yesu no a, ebetumi ama wo ho adwiriw wo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛrekenkan ne ho asɛm a, yɛtaa hu asɛm te sɛ “nnipadɔm pii.” Ebi ne: “Nnipadɔm pii fi Galilea . . . dii n’akyi.” “Nnipadɔm bebree betwaa ne ho hyiae.” “Nnipadɔm pii bɛn no.” “Ná nnipadɔm bebree ne no nam.” (Mateo 4:25; 13:2; 15:30; Luka 14:25) Ampa, na nnipa pii taa twa Yesu ho hyia.

7 Mpɛn pii no, na nnipa yi nyɛ nnipa titiriw biara, na nyamesom akannifo no bu wɔn animtiaa, na na wɔfrɛ wɔn “famfo.” Farisifo no ne asɔfo no kaa no pen sɛ: “Nnipadɔm yi a wonnim Mmara no, wɔadome wɔn.” (Yohane 7:49) Nhoma a akyiri yi rabifo no kyerɛwee no si asɛm yi so dua. Ná nyamesom akannifo no mu pii bu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔba fam, na na wɔne wɔn nnidi, wɔntɔ wɔn ade, na wɔne wɔn mmɔ. Nokwarem no, na ebinom ka sɛ, wɔn a wɔnnim mmara a nyamesom akannifo no ahyehyɛ no rennya owusɔre! Ɛbɛyɛ sɛ, nnipa a wɔba fam no mu pii ammɛn akannifo yi mpo na kampɛsɛ wɔabisa wɔn hɔ mmoa anaa wɔahwehwɛ akwankyerɛ afi wɔn nkyɛn. Nanso na wɔtumi bɛn Yesu.

8 Yesu ne nnipa a nkurɔfo mfa wɔn nyɛ hwee yi bɔe. Ɔne wɔn didii, ɔsaa wɔn yare, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, na ɔma wɔnyaa anidaso nso. Ɛwom, na Yesu nim pefee sɛ wɔn mu dodow no ara rensom Yehowa. (Mateo 7:13, 14) Nanso, na ɔwɔ wɔn mu biara ho adwempa, na na onim sɛ wɔn mu pii betumi ayɛ nea ɛtene. Hwɛ nsonsonoe kɛse ara a na ɛda Yesu ne asɔfo atirimɔdenfo no ne Farisifo no ntam! Nanso, nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, asɔfo no ne Farisifo no bi kɔɔ Yesu nkyɛn, na wɔn mu pii sesaa wɔn akwan kodii Yesu akyi. (Asomafo Nnwuma 6:7; 15:5) Ná adefo ne atumfoɔ no bi nso tumi bɛn Yesu.—Marko 10:17, 22.

9. Adɛn nti na na mmea tumi bɛn Yesu?

9 Anyɛ den amma mmea sɛ wɔbɛbɛn Yesu. Wutumi hu sɛ esiane sɛ na nyamesom akannifo no bu wɔn animtiaa nti, na wɔtaa di yaw. Ná rabifo no ani nnye ho sɛ obi bɛkyerɛkyerɛ mmea. Nokwarem no, na wɔmma kwan mma mmea nni adanse wɔ asɛnnibea, na na wɔnnye wɔn adanse ntom. Ná rabifo no bɔ mpae mpo da Onyankopɔn ase sɛ wɔanwo wɔn sɛ mmea! Nanso Yesu de, wammu mmea animtiaa, na na mmea te nka sɛ obu wɔn. Wɔn mu pii bɛn no, na wɔde anigye tiee no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Lasaro nuabea Maria tenaa Awurade Yesu nan ase yɛɛ aso tiee ne nsɛm. Ne nuabea Marta de, na n’ani abere ne ho reyɛ aduan. Yesu kamfoo Maria sɛ ɔde nneɛma a ehia dii kan.—Luka 10:39-42.

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne ayarefo dii a ɛma yehu nsonsonoe a ɛda ɔne nyamesom akannifo no ntam?

10 Ɛwom sɛ na nyamesom akannifo no taa bu ayarefo animtiaa de, nanso ayarefo tu dii Yesu akyi. Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyi akwatafo fi nnipa mu de wɔn kɔtena baabi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn yare no nsan afoforo, nanso na ɛnsɛ sɛ wɔbɔ wɔn atirimɔden. (Leviticus, ti 13) Akyiri yi, rabifo mmara no kae mpo sɛ akwatafo ho bɔn sɛ tiafi. Nyamesom akannifo no bi yɛɛ ade kɔɔ akyiri araa ma enti na wɔpa akwatafo abo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɛn wɔn! Nnipa a wɔde wei dii wɔn no, wutumi hu sɛ na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbenya akokoduru abɛn ɔkyerɛkyerɛfo biara, nanso na akwatafo tumi bɛn Yesu. Wɔn mu baako kaa asɛm a nnipa pii nim yi de kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi: “Awurade, sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.” (Luka 5:12) Ti a edi hɔ no mu no, yebesusuw mmuae a Yesu de maa no no ho. Nanso seesei de, yebetumi aka sɛ wei yɛ adanse paa a ɛkyerɛ sɛ na nnipa tumi bɛn Yesu.

11. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ, wɔn a na wɔn ahonim reteetee wɔn no, na wɔtumi bɛn Yesu paa. Dɛn na yesua fi wei mu?

11 Wɔn a na wɔn ahonim reteetee wɔn no, na wɔtumi bɛn Yesu paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, susuw bere a na Yesu redidi wɔ Farisini bi fie no ho hwɛ. Ɔbea bi a na wɔnim no sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo bae bebuu nkotodwe wɔ Yesu nan ase, na n’ahonim a na ɛreteetee no no nti, osui. Ne nisu fɔw Yesu nan ho, na ɔde ne ti nhwi popae. Nea ɔtoo nsa frɛɛ Yesu no nwiinwii, na ɔkasa tiaa Yesu denneennen wɔ ne koma mu sɛ wama ɔbea no abɛn no, nanso Yesu fi ayamye mu kamfoo ɔbea no sɛ wafi ne koma mu akyerɛ sɛ wanu ne ho, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ Yehowa de ne bɔne akyɛ no. (Luka 7:36-50) Nnipa a wɔn ahonim reteetee wɔn no, ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ wɔfi wɔn pɛ mu bɛn wɔn a wɔbetumi aboa wɔn ama wɔasiesie wɔne Onyankopɔn ntam! Dɛn na ɛmaa nnipa tumi bɛn Yesu saa?

Dɛn Na Ɛmaa Nnipa Tumi Bɛn Yesu?

12. Adɛn nti na ɛnyɛ nwanwa sɛ na nkurɔfo tumi bɛn Yesu?

12 Ma ɛntena w’adwene mu sɛ Yesu suasuaa ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no pɛpɛɛpɛ. (Yohane 14:9) Bible no ma yehu sɛ Yehowa ‘ne yɛn mu biara ntam nware.’ (Asomafo Nnwuma 17:27) Yehowa a ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo” no wɔ hɔ bere nyinaa; ɔwɔ hɔ ma n’asomfo anokwafo ne obiara a ofi ne koma mu pɛ sɛ ɔbɛn no na ɔsom no no. (Dwom 65:2) Wo de, susuw ho hwɛ: Nea ɔwɔ tumi na ne ho hia sen obiara wɔ amansan yi mu no, ɔno nso ne obi a ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛbɛbɛn no! Sɛnea Yehowa dɔ nnipa no, saa ara na Yesu nso dɔ nnipa. Ti a edidi so no mu no, yebesusuw sɛnea na Yesu fi ne koma nyinaa mu da ɔdɔ adi no ho. Esiane sɛ na Yesu dɔ nnipa nti, na ɛnyɛ den koraa sɛ nkurɔfo bɛbɛn no. Ma yensusuw Yesu suban ahorow bi a ɛma yehu sɛnea ɔdaa ɔdɔ a ɛte saa adi no ho nhwɛ.

13. Awofo bɛyɛ dɛn asuasua Yesu?

13 Ná ɛnyɛ den koraa sɛ nkurɔfo behu sɛ, Yesu ani gye wɔn ho. Sɛ na Yesu nni adaagye mpo a, na ɔkɔ so kyerɛ nkurɔfo ho anigye. Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛwom sɛ bere a awofo bi de wɔn mma baa Yesu nkyɛn no na onni adaagye, na na asɛyɛde akɛse pii gu no so de, nanso wampam wɔn. Wei yɛ nhwɛso kamakama a awofo betumi asuasua! Ɛnnɛ wiase yi mu no, ɛyɛ den sɛ wobɛtete abofra. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma mmofra sɛ wɔbɛbɛn wɔn awofo. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛda adi sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ wo ba hia wo a, wunya adaagye ma no. Nanso, wubetumi ama abofra no anya awerɛhyem sɛ, sɛ wuwie nea woreyɛ ara pɛ a, wubenya bere ama no anaa? Sɛ wudi wo bɔhyɛ so a, akyiri yi abofra no behu sɛnea ɛho hia sɛ onya abotare. Ɛbɛma abofra no ahu nso sɛ bere biara a ɔpɛ sɛ ɔka ne haw bi kyerɛ wo no, obetumi abɛn wo.

14-16. (a) Dɛn na ɛmaa Yesu yɛɛ n’anwanwade a edi kan no, na adɛn nti na ɛyɛ nwanwa saa? (b) Dɛn na anwanwade a Yesu yɛe wɔ Kana no ma yehu fa ne ho, na dɛn na awofo betumi asua afi mu?

14 Yesu maa nkurɔfo hui sɛ odwen wɔn ho paa. Sɛ nhwɛso no, susuw anwanwade a edi kan a Yesu yɛe no ho hwɛ. Ná ɔwɔ ayeforohyia apontow bi ase wɔ Kana kurow a ɛwɔ Galilea no. Ná nsã a ɛwɔ ayeforohyia no ase asa, na na wei betumi de animguase aba! Maria kaa nea na asi no ho asɛm kyerɛɛ ne ba Yesu. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? Ɔka kyerɛɛ ayeforohyia no ase asomfo no sɛ wɔmfa nsu nhyɛ nsuhina akɛse nsia a wɔde abo ayɛ no mama. Bere a nea ɔhwɛ apontow no so no saw bi ka hwɛe no, na adan nsã pa! Ná wei yɛ nnaadaa bi anaa? Daabi, na nsu no “adan nsã.” (Yohane 2:1-11) Nnipa fi bere tenten abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ade baako adan ayɛ ade foforo. Efi tete na nnipa abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma dade bi a wɔfrɛ no sumpii (anaa lead) adan sika kɔkɔɔ. Wɔbɔɔ ho mmɔden biara nso anyɛ yiye. Na nsu a wɔma ɛdan nsã nso ɛ? Nsonsonoe kɛse da nsu ne nsã ntam. Adɛn nti na bere a wɔkaa nsã a na asa ho asɛm kyerɛɛ Yesu no, ɔyɛɛ anwanwade kɛse a ɛte saa?

15 Nsa a ɛsae no, na ayeforo ne ayeforokunu no bebu no sɛ ɛyɛ ɔhaw kɛse. Tete mmere mu no, na aman a ɛwɔ Mediterranea Apuei fam no mfa ahɔhoyɛ nni agorɔ koraa. Ná nsã a asa no betumi ama ayeforo ne ayeforokunu no anim agu ase na ama nkurɔfo aka wɔn ayeforohyia no ho asɛmmɔne, na na ɛbɛyɛ den sɛ ebefi nkurɔfo adwenem. Ná asɛm no ho hia wɔn paa, na na ɛho hia Yesu nso. Enti Yesu yɛɛ biribi de boaa wɔn. Wei ma yehu nea enti a na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛbɛn Yesu de wɔn ahiasɛm abɛto n’anim no.

Maame bi rekyekye ne babea werɛ. Ne ba no wɔ abaduaba bi, na ne basa atu ama ne werɛ ahow.

Ma wo ba nhu sɛ obetumi abɛn wo, na wodwen ne ho ankasa

16 Awofo betumi asua biribi afi asɛm wei nso mu. Yɛmfa no sɛ biribi haw wo ba, ɛnna waba wo nkyɛn. Dɛn na wobɛyɛ? Anhwɛ a woremmu n’asɛm no aniberesɛm. Ebia, wobɛserew no mpo. Nokwarem no, sɛ wode wo haw toto wo ba no de ho a, ebetumi ama woabu ne de no sɛ ɛho nhia biara. Nanso kae sɛ, abofra no de, ohu no sɛ ɛyɛ asɛnhia! Sɛ asɛm bi haw wo ba a wodɔ no a, wohwɛ a ɛnsɛ sɛ wo nso ɛhaw wo bi anaa? Sɛ woma wo ba no hu sɛ ne haw yɛ wo haw a, ɛbɛma no atumi abɛn wo kɛse.

17. Odwo ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe, na adɛn nti na sɛ obi dwo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den?

17 Bere a yeduu nhoma yi Ti 3 no, yehui sɛ na Yesu dwo na ɔbrɛ ne ho ase. (Mateo 11:29) Odwo yɛ suban a nkurɔfo ani gye ho, na sɛ obi dwo a, ɛkyerɛ sɛ ofi ne koma mu brɛ ne ho ase. Ɛka Onyankopɔn honhom kronkron aba no ho, na wɔde bata nyansa a efi soro ho. (Galatifo 5:22, 23; Yakobo 3:13) Bere mpo a nkurɔfo hyɛɛ Yesu abufuw no, ɔkɔɔ so dii ne ho so. Odwo a ɔdaa no adi no nkyerɛ sɛ na ɔyɛ mmerɛw. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Sɛ obi dwo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den.” Nokwarem no, egye ahosodi na ama obi ahyɛ n’abufuw so na watumi ne afoforo adi no odwo so. Nanso Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛasuasua sɛnea Yesu daa odwo adi no, na ɛbɛma nkurɔfo atumi abɛn yɛn kɛse.

18. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ ntease, na dɛn na ɛma wuhu sɛ, sɛ obi wɔ ntease a, nkurɔfo tumi bɛn no?

18 Ná Yesu wɔ ntease. Bere a Yesu kɔɔ Tiro no, ɔbea bi a na “ahonhommɔne reteetee” ne babea baa ne nkyɛn. Yesu nam akwan mmiɛnsa so kyerɛɛ ɔbea no sɛ ɔrenyɛ n’abisade no mma no. Nea edi kan, wammua ɔbea no; nea ɛtɔ so mmienu, ɔkaa nea enti a ɔrenyɛ n’abisade no; nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɔyɛɛ mfatoho de kyerɛɛ nea enti a ɔrenyɛ n’abisade no mma no. Nanso, nea Yesu yɛe yi, ɛkyerɛ sɛ na ɔmpɛ ɔbea no asɛm anaasɛ ɔremmoa no koraa anaa? Wohwɛ a, Yesu maa ɔbea no tee nka sɛ wadi mfomso sɛ ogyina onipa kɛse a ɔte saa anim ne no reyiyi nsɛm ano anaa? Daabi, ɛda adi sɛ na ɔbea no wɔ ahotoso sɛ Yesu betie no. Ɛwom, na ɛte sɛ nea na Yesu mpɛ sɛ ɔboa no de, nanso ɔbea no kɔɔ so ara srɛɛ Yesu hɔ mmoa. Yesu hui sɛ ɔbea no wɔ gyidi kɛse, na ɛno na ɛkaa no ma ɔkɔɔ so srɛɛ ne hɔ mmoa. Wei nti ɔsaa ne babea no yare. (Mateo 15:22-28) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yesu wɔ ntease, na na n’ani gye ho sɛ obetie afoforo na waboa wɔn bere a ɛfata mu. Wei maa nkurɔfo ani gyee ho sɛ wɔbɛbɛn no!

Wo Nso ɛ? Nkurɔfo Tumi Bɛn Wo?

19. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ampa, nkurɔfo tumi bɛn yɛn?

19 Obi adwen tumi yɛ no sɛ afoforo tumi bɛn no. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔwɔ dibea no taa ka sɛ obiara, a wɔn a wɔhyɛ wɔn ase nyinaa ka ho, betumi abɛn wɔn. Nanso, Bible ka asɛm a tumi wom yi: “Nnipa pii bɔ wɔn dɔ a enni huammɔ ho dawuru, nanso onipa a ɔyɛ nokwafo de, ne ho yɛ na!” (Mmebusɛm 20:6) Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛka sɛ afoforo tumi bɛn yɛn, nanso yebetumi aka paa sɛ yɛresuasua sɛnea Yesu daa ɔdɔ adi no anaa? Ɛnyɛ sɛnea yehu yɛn ho ne asɛm no, na mmom sɛnea afoforo hu yɛn na ɛbɛkyerɛ. Paul kaa sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.” (Filipifo 4:5) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Sɛn na afoforo hu me? Edin bɛn na magye?’

Onua bi akɔ ɔpanyin bi anim, na ɔpanyin no atew n’anim regye no fɛw so.

Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma afoforo tumi bɛn wɔn

20. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo ma afoforo tumi bɛn wɔn? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi wɔ nea yɛhwehwɛ fi asafo mu mpanyimfo hɔ no ho?

20 Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo titiriw bɔ mmɔden ma afoforo tumi bɛn wɔn. Wɔbɔ mmɔden paa sɛ wɔde asɛm a ɛwɔ Yesaia 32:1, 2 yi bɛyɛ adwuma: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea, ne ahum ano guankɔbea, asaase a ɛso awo so nsuten, ne asaase wosee so botan kɛse onwini.” Sɛ asafo mu panyin bi betumi ama asafo no mufo anya ahobammɔ ne abotɔyam a, gye sɛ nkurɔfo tumi bɛn no. Nokwarem no, saa a mpanyimfo bɛyɛ no nna fam, efisɛ asɛyɛde a emu yɛ duru pii gu wɔn so wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Ne nyinaa akyi no, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo ma afoforo te nka sɛ wɔnni adaagye a wɔde bɛhwɛ Yehowa nguan no. (1 Petro 5:2) Asafo no mufo nso bɔ mmɔden sɛ wɔrenhwehwɛ pii mfi mmarima anokwafo yi hɔ, na mmom wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn na wɔne wɔn ayɛ baako.—Hebrifo 13:17.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ na ama wɔn mma atumi abɛn wɔn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

21 Ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbenya bere ama wɔn mma bere nyinaa. Wei yɛ asɛnhia paa! Ɛsɛ sɛ Agya ne Ɛna ma wɔn mma hu sɛ, mfaso wɔ so paa sɛ wɔbɛka wɔn tirim asɛm akyerɛ wɔn awofo. Enti ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo da odwo ne ntease adi. Ɛba saa a, sɛ wɔn ba bi bɛka ne mfomso kyerɛ wɔn anaa wɔhu sɛ adwene bi a okura akyea a, wɔrenteatea no. Sɛ awofo nya wɔn mma ho abotare bere a wɔretete wɔn a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔn mma no ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu na afoforo atumi abɛn yɛn. Ti a edi hɔ no mu no, yebesusuw sɛnea Yesu fi koma mu huu afoforo mmɔbɔ no ho. Ahummɔbɔ ka suban atitiriw a ɛmaa nkurɔfo tumi bɛn Yesu no ho.

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Adɛn nti na sɛ yebisa nsɛm na yɛto yɛn bo ase tie ɛho mmuae a, ɛma nkurɔfo tumi bɛn yɛn?—Mateo 16:13-17.

  • Ɛwom sɛ na Yesu nni adaagye koraa de, nanso dɛn na ɔyɛe a ɛmaa nkurɔfo tumi bɛn no, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?—Marko 6:31-34.

  • Ná Yesu bu wɔn a wɔnyɛ gyidifo no sɛn, na sɛ yesuasua adwempa a na ɔwɔ no a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛma afoforo atumi abɛn yɛn?—Luka 5:29-32.

  • Ɔkwan bɛn so na sɛ yesuasua sɛnea na Yesu wɔ afoforo ho adwempa no a, ɛbɛboa ama nkurɔfo atumi abɛn yɛn kɛse?—Yohane 1:47.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena