-
“Bedi M’akyi”—Dɛn Na Na Yesu Pɛ Sɛ Ɔkyerɛ?“Bra Bedi M’akyi”
-
-
TI 1
“Bedi M’akyi”—Dɛn Na Na Yesu Pɛ Sɛ Ɔkyerɛ?
“Dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”
1, 2. Dɛn ne ade a ɛho hia paa a wɔbetumi ato nsa afrɛ obi sɛ ɔmmɛyɛ, na asɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
BERE bɛn na obi too nsa frɛɛ wo kɔɔ baabi a ɛmaa w’ani gyei paa? Ebia nea ɛbɛba w’adwene mu ne bere a obi too nsa frɛɛ wo kɔɔ dwumadi titiriw bi ase. Ebetumi aba sɛ nnipa mmienu a wɔda wo koma so paa na wɔtoo nsa frɛɛ wo kɔɔ wɔn ayeforohyia ase. Anaasɛ ebia wobɛkae da a wɔtoo nsa frɛɛ wo de adwuma titiriw bi hyɛɛ wo nsa. Sɛ obi ato nsa afrɛ wo saa da a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa w’ani gyei, na wotee nka mpo sɛ wadi wo ni. Nea ɛwom ne sɛ, wɔato nsa afrɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmmɛyɛ biribi titiriw bi a ɛkyɛn nea yɛaka ho asɛm no koraa. To a wɔato nsa afrɛ yɛn yi, sɛ yegye tom oo, sɛ yɛannye antom oo, ɛbɛka yɛn asetena paa. Ɛno ne gyinae a ɛho hia paa a yebetumi asi wɔ yɛn asetena mu.
2 Hena na wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ade titiriw no? Ɛyɛ Yesu Kristo a ɔyɛ Yehowa, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no Ba a ɔwoo no koro no, na wato nsa afrɛ yɛn. Nea ɔse yɛmmɛyɛ no, ɛwɔ Bible mu. Ɛwɔ Marko 10:21. Yesu kaa wɔ hɔ sɛ: “Bra bedi m’akyi.” Wei kyerɛ sɛ Yesu reto nsa afrɛ yɛn mu biara. Ehia paa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Mɛyɛ nea ɔreka no anaa merenyɛ?’ Anhwɛ a wobɛka sɛ, ‘Yesu paa ato nsa frɛ wo, hena na ɔbɛpopo ne ti?’ Nanso nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, nnipa dodow no ara atwii wɔn ani. Adɛn ntia?
3, 4. (a) Ɔbarima a ɔkɔɔ Yesu hɔ kobisaa no daa nkwa ho asɛm no, dɛn na na ɔwɔ a nkurɔfo nyae a anka wɔpɛ? (b) Ɛbɛyɛ sɛ suban pa bɛn na Yesu hui sɛ osikani aberante a na ɔyɛ otumfoɔ no wɔ?
3 Yɛmfa ɔbarima bi asɛm nyɛ nhwɛso. Saa barima no, Yesu ankasa too nsa frɛɛ no bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni. Ná wɔbu saa barima yi paa. Anyɛ yiye koraa no, na nneɛma mmiɛnsa bi wɔ ne ho a nnipa dodow no ara nyaa bi a anka wɔpɛ. Ná ɔyɛ ɔbabun, ɔwɔ ahode pii, na na ɔwɔ tumi. Bible ka ne ho asɛm sɛ, na ɔyɛ “aberante,” “ɔwɔ sika bebree,” na na ɔyɛ “atumfo no baako” nso. (Mateo 19:20; Luka 18:18, 23) Nanso, na biribi wɔ aberante yi ho a ɛyɛ fɛ paa. Ná wate Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ho asɛm, na n’ani gyee nea ɔtee no ho.
4 Atumfoɔ a wɔwɔ hɔ saa bere no, na wɔn mu dodow no ara mfa Yesu nyɛ hwee. (Yohane 7:48; 12:42) Nanso otumfoɔ yi de, wanyɛ saa koraa. Bible ka sɛ: “Bere a [Yesu sii] kwan so a ɔrekɔ no, ɔbarima bi tuu mmirika bebuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?’” (Marko 10:17) Ná ɔbarima yi ho pere no sɛ ɔne Yesu bɛkasa. Enti otuu mmirika kohyiaa Yesu wɔ abɔnten so, sɛnea ebia anka ahiafo anaa nnipa a wɔba fam bɛyɛ no. Bio nso, ofi obu mu buu nkotodwe wɔ Kristo anim. Enti ɛda adi sɛ na ɔbarima yi wɔ ahobrɛase, na na onim sɛ ohia Onyankopɔn akwankyerɛ. Suban pa a ɔbarima no daa no adi no, Yesu ani gyee ho. (Mateo 5:3; 18:4) Wei nyinaa nti na “Yesu hwɛɛ no, na ɔdɔɔ no” no. (Marko 10:21) Mmuae bɛn na Yesu de maa aberante no?
Akwannya a Ɛso Bi Nni
5. Mmuae bɛn na Yesu de maa osikani aberante no, na yɛyɛ dɛn hu sɛ “ade baako” a Yesu kaa sɛ aka no no, na ɛnkyerɛ sɛ onkodi hia? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
5 Asɛm a ɛho hia a aberante no bisa faa daa nkwa ho no, Yesu ma ohui sɛ na n’Agya ama ho mmuae dedaw. Yesu twee adwene sii Mmara a Yehowa de maa Mose no so, ɛnna ɔbarima no kaa sɛ, odi saa mmara no so pɛpɛɛpɛ. Nanso, esiane sɛ na Yesu tumi hu nea ɛwɔ obi koma mu nti, otumi huu nneɛma kɔɔ akyiri. (Yohane 2:25) Yesu hui sɛ na biribi wɔ otumfoɔ yi ho a ebetumi ama ayɛ den sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn yiye. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo ade baako.” Ná dɛn ne saa “ade baako” no? Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo.” (Marko 10:21) Wohwɛ a, nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ, sɛ obi betumi asom Onyankopɔn yiye a, gye sɛ odi hia buruburoo anaa? Daabi.a Mmom, na Kristo reka biribi a ɛho hia paa ho asɛm.
6. Dɛn na Yesu too nsa frɛɛ osikani aberante a na ɔyɛ otumfoɔ no sɛ ɔmmɛyɛ, na sɛnea aberante no yɛɛ n’ade wɔ ho no, dɛn na ɛma yehu fa ne koma ho?
6 Nea ɛbɛyɛ na ɔbarima no ahu dekode a aka no, Yesu maa no akwannya bi a ɛso bi nni. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bedi m’akyi.” Wo de susuw ho hwɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba no ankasa gyinaa ɔbarima no anim too nsa frɛɛ no sɛ ommedi n’akyi! Yesu san hyɛɛ no bɔ sɛ obenya akatua soronko bi. Ɔkaa sɛ: “Wubenya agyapade wɔ soro.” Osikani aberante a na ɔyɛ otumfoɔ no, akwannya nwanwaso a ne nsa kae yi, ogye toom ntɛm anaa? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Asɛm no haw no, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.” (Marko 10:21, 22) Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no, na ɔbarima no nhwɛ kwan, nanso ɛmaa nea ɛwɔ ne koma mu daa adi. Ná ɔbarima no agyapade ho hia no dodo, na akyinnye biara nni ho sɛ, tumi ne anuonyam a n’agyapade no maa onyae no nso, na n’ani gye ho paa. Awerɛhosɛm ne sɛ, na ɔdɔ n’agyapade koraa sen Kristo. Enti, “ade baako” a na aka no ne sɛ obefi ne koma mu nyinaa adɔ Yesu ne Yehowa. Esiane sɛ na aberante no nni ɔdɔ a ɛte saa nti, akwannya a ɛso bi nni a ne nsa kae no, ɔpoe! Nanso yemmisa sɛ, asɛm yi fa wo ho sɛn?
7. Asɛm a Yesu ka de too nsa frɛɛ aberante no, yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛn nso ɛfa yɛn ho?
7 Ɛnyɛ saa aberante no nko ara na Yesu too nsa frɛɛ no; saa ara nso na na ɛnyɛ nnipa kakraa bi pɛ na Yesu reto nsa afrɛ wɔn. Mmom Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, . . . onni m’akyi daa.” (Luka 9:23) Hyɛ no nsow sɛ, ‘obiara’ a ‘ɔpɛ’ sɛ odi Kristo akyi no betumi ayɛ saa. Onyankopɔn twe nnipa komapafo a wɔte saa no ba ne Ba no nkyɛn. (Yohane 6:44) Ɛnyɛ asikafo, anaa ahiafo, anaa wɔn a wɔfi abusua bi mu, anaa ɔman bi mufo, anaa wɔn a wɔtenaa ase bere pɔtee bi mu nko ara na Yesu too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmedi n’akyi, na mmom obi biara. Enti bere a Yesu kaa sɛ, “Bra bedi m’akyi” no, na ɔreto nsa afrɛ wo nso sɛ bedi n’akyi. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi Kristo akyi? Dɛn na ehia sɛ woyɛ na woatumi adi n’akyi?
-
-
“Bedi M’akyi”—Dɛn Na Na Yesu Pɛ Sɛ Ɔkyerɛ?“Bra Bedi M’akyi”
-
-
a Yesu anka sɛ obiara a obedi n’akyi no, gye sɛ ɔtɔn n’ahode nyinaa. Ɛwom sɛ ɔkaa sɛ ɛbɛyɛ den paa ama osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu de, nanso ɔtoaa so sɛ: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Marko 10:23, 27) Nokwasɛm ne sɛ, asikafo binom bɛyɛɛ Kristo akyidifo. Ɛwom sɛ wɔmaa asikafo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu ahonyade ho afotu pɔtee bi de, nanso wɔanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn agyapade nyinaa mma ahiafo.—1 Timoteo 6:17.
-