Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/15 kr. 31
  • Sɛnea Wohu Biribi Fa No Betumi Ayɛ Nnaadaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wohu Biribi Fa No Betumi Ayɛ Nnaadaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/15 kr. 31

Sɛnea Wohu Biribi Fa No Betumi Ayɛ Nnaadaa

IRELANDNI agoru kyerɛwfo Richard Sheridan kae sɛ: “Wɔrentumi mfa ho nto sɛnea wohu biribi fa no so.” Eyi yɛ nokware wɔ nnua ne nnipa fam.

Da koro wɔ ɛrekɔ March awie wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu Kristo huu borɔdoma dua bi bere a ɔne n’asuafo nam fam fi Betania rekɔ Yerusalem no. Ná nhaban wɔ dua no so nyinaa, nanso bere a wɔbɛn ho kɛse hwɛe no, ɛdaa adi sɛ na ɛnsow aba biara ɛ. Enti Yesu ka kyerɛɛ dua no sɛ: “Obiara renni wo so aba bio.”​—Marko 11:12-14.

Dɛn nti na Yesu domee saa dua no, efisɛ sɛnea Marko kyerɛkyerɛ mu no, ‘na borɔdoma bere nnui’? (Marko 11:13) Sɛ nhaban ba borɔdoma dua so a, ɛsow aba a edi kan nso. Ná nhaban ntaa mma borɔdoma dua so saa bere no wɔ afe no mu. Nanso esiane sɛ na nhaban wɔ so nti, Yesu hwɛɛ kwan wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ obehu aba wɔ so. (Hwɛ atifi hɔ mfonini no.) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na nhaban nkutoo na ɛwɔ dua no so no kyerɛe sɛ ɛrensow aba. Ná sɛnea wohu no no yɛ nnaadaa. Esiane sɛ na wogye nnuaba nnua ho tow nti, na dua a ɛnsow aba ma wɔbɔ ka, na na ɛsɛ sɛ wotwa kyene.

Yesu de saa borɔdoma dua a ansow aba no kyerɛɛ gyidi ho asuade titiriw bi. Ade kyee no, ɛyɛɛ n’asuafo no nwonwa sɛ wohui sɛ dua no awu dedaw. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Munnya Onyankopɔn mu gyidi. . . . Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya.” (Marko 11:22-24) Wɔ hia a ehia sɛ wɔde gyidi bɔ mpae akyi no, borɔdoma dua a na awu no kyerɛe nea ɛbɛba ɔman bi a enni gyidi so no pefee.

Asram bi a na atwam mu no, na Yesu de Yudafo man no atoto borɔdɔma dua bi a ansow aba mfe abiɛsa, na sɛ ansow aba a, wobetwa akyene ho. (Luka 13:6-9) Yesu nam borɔdoma dua no a ɔdomee no bere a aka nnanan ma wawu no so kyerɛe sɛnea Yudafo man no ansow aba a ɛsɛ adwensakra ma enti ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no. Ɛwom sɛ wɔhwɛ a na ɛte sɛ nea saa ɔman no​—te sɛ borɔdoma dua no​—wɔ ahoɔden de, nanso bere a wɔbɛn no kɛse hwɛe no, ɛdaa adi sɛ na wonni gyidi na ɛma wopow Mesia no.​—Luka 3:8, 9.

Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, Yesu de “atoro adiyifo” ho kɔkɔbɔ mae na ɔkae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew oboboe nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdoma akraate so? Saa ara na dua pa sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu. Enti wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:15-20) Saa Yesu nsɛm yi ne borɔdoma dua a ɔdomee no no ho asɛm no kyerɛ pefee sɛ ehia sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ honhom fam, efisɛ nneɛma a wohu wɔ nyamesom ho no betumi adaadaa yɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena