Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 10/8 kr. 19
  • Borɔdoma Dua A Wɔdomee No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Borɔdoma Dua A Wɔdomee No
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obiara Bɛtra Ne Borɔdɔma Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho Adesuade
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Mmorɔdɔma” A Ɛma Onyankopɔn Mpo Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Nyan!—1982
g82 10/8 kr. 19

Borɔdoma Dua A Wɔdomee No

Gyidi Ho Asuade A Ɛbɔ Ho Abien

BIBLE mu nsɛm ahorow a ɛyɛ ahodwiriw kɛse no mu biako ne nea ɛfa Yesu ne borɔdɔma dua a na ansow aba no ho no. Sɛnea Marko 11:12-14, 20-24 kyerɛ no, bere a Yesu huu borɔdɔma dua bi a ahaban wɔ so nanso aba biara nni so no, ɔdomee no, na enti, dua no powee. Nanso, sɛnea Marko ka no pefee no, na borɔdɔma bere nnui. Ɛnde, dɛn nti na Yesu domee borɔdɔma dua no? Na dɛn nti na Marko kyerɛw saa asɛm yi, wɔ honhom akwankyerɛ ase? Bere a saa asɛm yi ahaw Bible asekyerɛfo a wɔwɔ Kristoman mu no binom no, ɛnyɛ fata nko na nokwasɛm ahorow no da no adi sɛ nea Yesu yɛe no fata, na mmom ada no adi nso sɛ na Yesu de gyidi ho asuade a ɛbɔ ho abien rema!

Sɛ nhwɛso no, bere a borɔdɔma aba ntaa nnyin kosi June mu no, borɔdɔma nnua taa gu nhwiren bɛyɛ February mfiase hɔ pɛɛ Nokwarem no, eyi ba bɛyɛ asram abien ansa na ahaban aba so wɔ April awiei hɔ anaa May mfiase. Enti ebedu bere a ahaban bɛba borɔdɔma dua so no, na ɛsɛ sɛ aba wɔ so. Eyi boa yɛn ma yɛte ase sɛ bere a Yesu huu saa borɔdɔma dua yi wɔ March awiei hɔ, bere a na bere nnui sɛ borɔdɔma nnua benya aba a anyin no, na bere nnui nso sɛ borɔdoma nnua benya ahaban.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ahaban wɔ saa dua yi so no kyerɛ sɛ na anyin bere a ɛnsɛ. Enti na ɛrenyɛ nea nyansa nni mu sɛ Yesu bɛhwɛ kwan sɛ dua a ɛte saa bɛsow ntɛm. Nanso na aba nni so. Yiw, sɛnea Marko ka no, na ‘hwee nni dua no so sɛ ahaban nko.’ Nokwarem no, ahaban no maa dua no yɛɛ nea ɛdaadaa nkurɔfo.

Nanso dɛn nti ne Yesu domee saa borɔdɔma dua a ɛnsow aba yi? Asɛm a Yesu kae wɔ hɔ, a wɔakyerɛw wɔ Marko 11:22-25 no de mmuae no ho adwene bi ma. Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu no, na eyi yɛ asuade ma wɔn sɛ ‘wonnya Onyankopɔn mu gyidi.’ Na borɔdɔma dua a ɛpowee yi fa gyidi ho dɛn? Nea edi kan no, Yesu gyidi na ɛmaa nnome no dii dwuma. Ɛda adi sɛ na Yesu de eyi rekyerɛ tumi a gyidi wɔ. Sɛnea Yesu kae no: “Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ ama mo.”​—Marko 11:24.

Nanso ɛkame ayɛ sɛ borɔdɔma dua a ɛpowee yi fa gyidi bo a ɛsom ho bio. Asram abiɛsa pɛ ansa na saa asɛm yi resi no Yesu buu bɛ bi a ɛfa borɔdɔma a ɛnsow aba a ɛho hia sɛ wotwa kyene ho. (Luka 13:6-9) Na dɛn ho mfonini na ɛbɛ yi mu borɔdɔma no yɛe? Na borɔdɔma dua a ɛnsow aba yi gyina hɔ ma tete Yuda man no.​—-Fa toto Mateo 21:43 ho.

Enti ɛyɛ nea ntease wom sɛ yebegye adi sɛ borɔdɔma dua a ɛnsow aba a Yesu domee no no nso yɛɛ tete Yuda man a anni nokware no ho mfonini. Ɛwom sɛ na saa man yi ne Onyankopɔn wɔ apam de, nanso na wɔn nneyɛe no yɛ nnaadaa, efisɛ na ɔman no nsow aba pa, na ɛpow Onyankopɔn ankasa Ba no mpo. Na dɛn na amma woansow aba? Gyidi a na wonni, su a na Yesu de saa hokwan no redi dwuma de asi so dua no. (Romafo 9:31, 32) Ɛdenam borɔdɔma dua no a ɔma ɛpowee so no, na Yesu rekyerɛ sɛnea saa man a ɛnsow aba na enni gyidi no awiei bɛyɛ.

Enti ɛnyɛ fata nko na nokwasɛm a ɛfa dua no ho no ma dome a Yesu domee dua no yɛ nea ɛfata, na mmom ɛhɔ nsɛm no ma ɛda adi sɛ na. Yesu de gyidi ho asuade bi a ɛbɔ ho abien rema. Bere a gyidi a yenni betumi ama yɛayɛ nnipa a wɔnsow aba na ama Onyankopɔn apow yɛn no, gyidi a ano yɛ den a yebenya bɛma yɛatumi ‘atutu mmepɔw,’ esiane sɛ Yehowa bebua yɛn mpaebɔ a akyinnye biara nni ho nti.​—Mateo 17:20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena