Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/1 kr. 5-8
  • Tete Kristosom ne Ɔman No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Kristosom ne Ɔman No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔnyɛ Wiasefo Nanso Wɔnna Nitan Adi
  • Nidi, Ɛnyɛ Ɔsom
  • ‘Wɔanyɛ Nneɛma Atitiriw a na Nnipa Dodow no Ara Yɛ no Bi’
  • Nea “Ɛsɛ” Kaesare a Yɛde Bɛma No
  • Ahwehwɛde Abien a Yɛde Ahwɛyiye Bɛma Akari Pɛ
  • Gyae a Wogyae mu ne Ɔman no Siesie
  • Tete Kristofo ne Wiase No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Onyankopɔn ne Kaesare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Wɔannya Adwene Biara sɛ Wobegyae Wɔn Gyidi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Ɔman Ba Pa?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/1 kr. 5-8

Tete Kristosom ne Ɔman No

NNƆNHWEREW kakraa bi ansa na ɔrebewu no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.” (Yohane 15:19) Nanso, so eyi kyerɛ sɛ na Kristofo bɛda nitan su adi akyerɛ wiase yi tumidi ahorow no?

Wɔnyɛ Wiasefo Nanso Wɔnna Nitan Adi

Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔte Roma no sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase.” (Romafo 13:1) Saa pɛpɛɛpɛ na ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nsiesiei nyinaa, Awurade nti, ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo, amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo.” (1 Petro 2:13, 14) Ɛda adi pefee sɛ ahobrɛase a wɔde ma Ɔman no ne n’ananmusifo a wɔapaw wɔn sɛnea ɛfata no yɛ nnyinasosɛm a na tete Kristofo no gye tom. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ɔmamma a wodi mmara so na wɔne nnipa nyinaa tra asomdwoe mu.—Romafo 12:18.

Wɔ asɛmti “Asɔre ne Ɔman” ase no, The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Wɔ mfeha abiɛsa a edi kan Y.B. mu no, na Kristofo asɔre no atew ne ho afi Romafo nhyehyɛe no ho koraa . . . Nanso, Kristofo akannifo . . . kyerɛkyerɛe sɛ wɔnyɛ osetie mma Romafo mmara na wonni ɔhempɔn no nokware bere a ɛntra anohyeto a Kristofo gyidi de ma no.”

Nidi, Ɛnyɛ Ɔsom

Ná Kristofo no ntan Roma ɔhempɔn no. Wɔkyerɛɛ obu maa ne tumidi na wɔde nidi a ɛfata ne dibea no maa no. Wɔ Ɔhempɔn Nero nniso mu no, ɔsomafo Petro kyerɛw Kristofo a na wɔte Roma Ahemman no afa horow sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni! . . . Munni ɔhene ni!” (1 Petro 2:17) Wɔamfa asɛmfua “ɔhene” anni dwuma wɔ mmeae a na wɔka Hela kasa no amma wɔn ahemfo nkutoo na mmom Roma ɔhempɔn no nso. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a na wɔte Roma Ahemman no ahenkuro mu no fo sɛ: “Muntua obiara nea ɛsɛ no . . . munni nea nidi sɛ no ni.” (Romafo 13:7) Akyinnye nni ho koraa sɛ na Roma ɔhempɔn no hwehwɛ nidi. Bere kɔɔ so no ɔhwehwɛɛ ɔsom mpo. Nanso ɛha na tete Kristofo no maa baabi a anohyeto wɔ no daa adi.

Bere a wɔredi n’asɛm wɔ Roma amrado bi anim wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, wɔbɔ amanneɛ sɛ Polycarp kae sɛ: “Meyɛ Kristoni. . . . Wɔakyerɛ yɛn sɛ yɛmfa nidi a ɛsɛ nyinaa . . . mma nniso ne tumidi a Onyankopɔn ahyehyɛ nyinaa.” Nanso Polycarp pawee sɛ obewu mmom sen sɛ ɔbɛsom ɔhempɔn no. Afeha a ɛto so abien mu okyigyinafo Theophilus, a ofi Antiokia kyerɛwee sɛ: “Medi ɔhempɔn no nni mmom, ɛnyɛ sɛ mɛsom no, na mpae na mɛbɔ mama no. Nanso Onyankopɔn, ɔteasefo ne nokware Nyankopɔn no, na mesom no.”

Mpae a ɛfata a wɔbɔ maa ɔhempɔn no ne ɔhempɔn som anaa ɔmampɛ nni abusuabɔ ɔkwan biara so. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ ɛho atirimpɔw mu sɛ: “Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.”—1 Timoteo 2:1, 2.

‘Wɔanyɛ Nneɛma Atitiriw a na Nnipa Dodow no Ara Yɛ no Bi’

Abrabɔ a obu wom a tete Kristofo daa no adi no maa wiase a na wɔte mu no tan wɔn. Franse abakɔsɛm kyerɛwfo A. Hamman ka sɛ tete Kristofo no “anyɛ nneɛma atitiriw a na nnipa dodow no ara yɛ no bi.” Nokwasɛm no ne sɛ wɔanyɛ nneɛma a ahyehyɛde abien, Yudafo ne Romafo no yɛe no bi, na na afanu no nyinaa mpɛ wɔn asɛm na wɔnte wɔn ase.

Sɛ nhwɛso no, bere a Yudafo mpanyimfo de atoro sobo too ɔsomafo Paulo so no, ɔkae bere a na ɔreyi n’ano wɔ Romafo amrado no anim sɛ: “Menyɛɛ Yudafo mmara anaa asɔrefi anaa Kaesare ho bɔne bi ɛ. . . . Mede asɛm no medan Kaesare.” (Asomafo no Nnwuma 25:8, 11) Bere a na onim sɛ Yudafo no repam ne ti so sɛ wobekum no no, Paulo de asɛm no kɔdan Nero, a ɛno kyerɛ obu a na ɔwɔ ma ɔhempɔn no tumidi. Akyiri yi, bere a wodii n’asɛm nea edi kan wɔ Roma no, ɛda adi sɛ wogyaa Paulo. Nanso wɔde no too afiase bio akyiri yi, na atetesɛm kyerɛ sɛ Nero de ahyɛde mae ma wokum no.

Ɛdefa tebea a emu yɛ den a tete Kristofo kɔɔ mu wɔ Romafo mu ho no, nnipa fekubɔ ho nimdefo ne nyamekyerɛfo Ernst Troeltsch kyerɛwee sɛ: “Woyii wɔn ho fii dibea ahorow ne nnwuma a ɛne abosonsom anaa Ɔhempɔn som, anaa nea ɛne mogyahwiegu wɔ abusuabɔ biara, anaasɛ kumfɔ, anaa nneyɛe a ɛbɛma Kristofo ne abosonsomfo ɔbrasɛe anya biribi ayɛ biara mu.” So gyinabea yi sii asomdwoe ne abusuabɔ a obu wom a ɛbɛtra Kristofo ne Ɔman no ntam no kwan?

Nea “Ɛsɛ” Kaesare a Yɛde Bɛma No

Yesu de biribi a ɛbɛkyerɛ sɛnea Kristofo bɛbɔ wɔn bra wɔ Roma Man, anaa aban foforo biara mu mae bere a ɔkae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Mateo 22:21) Afotu yi a wɔde maa Yesu akyidifo no ne Yudafo ɔmampɛfo a wobuu Roma nhyɛso no animtia na wɔkasa tiaa tow a wotua ma amannɔne tumi no, su bɔ abira koraa.

Akyiri yi, Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔte Roma sɛ: “Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia. Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ [aban “atumfoɔ a wɔkorɔn”] Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara. Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no, amanne mma nea amanne sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni.” (Romafo 13:5-7) Bere a na Kristofo nyɛ wiase no fã no, na wɔwɔ asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛyɛ ɔmamma a wodi nokware tua wɔn tow, na wotua ɔman no ka wɔ mmoa a ɛde ma wɔn no ho.—Yohane 17:16.

Nanso Yesu nsɛm yi fa towtua nkutoo ho? Esiane sɛ Yesu ankyerɛ nea ɛyɛ Kaesare de ne nea ɛyɛ Onyankopɔn de pɔtee nti, nsɛm bi wɔ hɔ a emu nna hɔ pefee a ɛsɛ sɛ nsɛm a ɛfa ho anaa sɛnea yɛte Bible mũ no nyinaa ase no na yegyina so si ho gyinae. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛtɔ da bi a, nea Kristoni betumi de ama Kaesare no ho gyinaesi begyina Kristoni no ahonim a Bible atete no so.

Ahwehwɛde Abien a Yɛde Ahwɛyiye Bɛma Akari Pɛ

Ɛyɛ a na nnipa pii werɛ afi sɛ bere a Yesu kae sɛ wɔmfa Kaesare de mma no no, ɔde kaa ho sɛ: “[Na momfa] Nyankopɔn de mma Onyankopɔn.” Ɔsomafo Petro kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ edi kan ma Kristofo. Bere a Petro de ahobrɛase ma “ɔhene,” anaa ɔhempɔn, ne ‘n’amradofo’ ho afotu ma wiei ara pɛ no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa. Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!” (1 Petro 2:16, 17) Asomafo no kyerɛe sɛ Kristofo yɛ Onyankopɔn nkoa, ɛnyɛ nnipa sodifo bi de. Bere a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nidi ne obu a ɛfata ma Ɔman ananmusifo no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ Onyankopɔn a ne mmara korɔn sen biara no suro mu.

Wɔ mfe a edii ɛno anim mu no, Petro maa korɔn a Onyankopɔn mmara korɔn sen nnipa de no mu daa hɔ pefee. Na Yudafo Sanhedrin no yɛ tumidifo kuw a Romafo no de ɔmamfo ne nyamesom so tumi ahyɛ wɔn nsa. Bere a wɔhyɛɛ Yesu akyidifo sɛ wonnyae Kristo din mu nkyerɛkyerɛ no, Petro ne asomafo a aka no de obu maa mmuae pintinn sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29) Ɛda adi sɛ na ɛsɛ sɛ tete Kristofo no de ahwɛyiye kari pɛ wɔ osetie a wɔde bɛma Onyankopɔn ne ahobrɛase a ɛfata a wobenya ama nnipa tumidi ahorow mu. Afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. no mfiase no, Tertullian kaa ho asɛm sɛ: “Sɛ biribiara yɛ Kaesare de a, dɛn na ɛbɛka ama Onyankopɔn?”

Gyae a Wogyae mu ne Ɔman no Siesie

Bere kɔɔ so no, gyinabea a afeha a edi kan mu Kristofo no pawee wɔ wɔne Ɔman ntam no mu fii ase gowee. Ɔwae a Yesu ne asomafo no kaa ho asɛm siei no nyaa nkɔso wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu. (Mateo 13:37, 38; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3-12; 2 Petro 2:1-3) Kristosom a na awae no gyaee mu ne Romafo wiase no siesiei, na wɔfaa n’afahyɛ horow ne ne nyansapɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔyɛɛ ɔman adwuma nko, na mmom wɔkɔɔ sraadi nso.

Ɔbenfo Troeltsch kyerɛwee sɛ: “Efi afeha a ɛto so abiɛsa reba no, tebea no bɛyɛɛ den yiye, efisɛ Kristofo no bɛdɔɔso yiye wɔ Ɔman no mu dibea a ɛkorɔn mu ne nnwuma akɛse mu, wɔ sraadi ne dibea horow a ɛwɔ nkɛntɛnso mu. Wɔ nsɛm pii a [emfi Bible mu] a Kristofo kyerɛwee mu no, wɔkasa tiaa obi ho a ɔde bɛhyehyɛ nneyɛe a ɛtete sɛɛ mu no anibere so; wɔ ɔfã foforo no yehu mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegyae nneɛma mu asiesie—akyinnyesɛm a wɔkeka sɛ wɔde bedwudwo nkurɔfo ahonim a ayɛ wɔn naa no ano . . . Efi Constantine bere so no, saa nsɛnnennen yi tu yerae; Kristofo ne abosonsomfo ntawntawdi gyaee, na Ɔman dibea nyinaa hokwan bue maa obiara.”

Ɛde rekɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu awiei no, Kristosom a wɔafra mu na wɔagyae nneɛma mu asiesie yi bɛyɛɛ Roma Ahemman no Ɔman asɔre.

N’abakɔsɛm nyinaa mu no, Kristoman—a Katolek, Ortodɔks, ne Protestant Asɔre horow gyina hɔ ma no no—akɔ so agyae mu asiesie, na ɛde ne ho ahyɛ n’amammuisɛm mu na agyina n’akyi denneennen wɔ n’akodi horow mu. Akyinnye biara nni ho sɛ asɔrefo pii a wɔwɔ koma pa a eyi ama wɔn ho adwiriw wɔn no ani begye sɛ wobehu sɛ Kristofo bi wɔ hɔ nnɛ a wokura afeha a edi kan mu Kristofo no gyinabea wɔ wɔne ɔman no ntam abusuabɔ mu mu. Nsɛm abien a edidi so yi bɛka ɛho nsɛm pii.

[Kratafa 5 mfonini]

Kaesare Nero a Petro kyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Munni ɔhene ni” no

[Asɛm Fibea]

Musei Capitolini, Roma

[Kratafa 6 mfonini]

Polycarp pawee sɛ obewu sen sɛ ɔbɛsom ɔhempɔn no

[Kratafa 7 mfonini]

Ná tete Kristofo no yɛ ɔmamma a wɔpɛ asomdwoe, wɔyɛ anokwafo, wotua tow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena