Ti 24
Bere no Abɛn N’awiei Koraa!
1. Sɛnea nyansahufo a wɔagye din kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na “wiase awiei” no abɛn?
WƆ 1947 mu no, nyansahufo yɛɛ “wiase awiei dɔn” bi. Ɛwɔ The Bulletin of the Atomic Scientists anim, na wɔde kyerɛ sɛnea wogye di sɛ wiase no abɛn nuklea ɔsɛe pasaa ho pɛɛ ma ɛyɛ hu. Wɔapiapia saa “dɔn” no nsa mpɛn pii—ɛtɔ mmere bi a wɔde kɔ anim, na ɛtɔ mmere bi nso a wɔde ba akyi, na egyina sɛnea wohu sɛ amanaman ntam tebea no yɛ hu fa so. Wɔ 1984 mfiase no, wopiaa saa nsa no koduu aka simma abiɛsa ma anadwo dumien abɔ. Sɛ ekodu bere a anadwo dumien abɔ so a, ɛbɛkyerɛ sɛ nuklea ko a wosuro no afi ase.
2. Bere bɛn na Yehowa fii ne mmerebu no ase, na n’awiei koraa bɛkyerɛ dɛn?
2 Nanso bɛyɛ mfe 6,000 a atwam ni na Yehowa Nyankopɔn fii ase buu bere bi a abɛn n’awiei a ɛnsan n’akyi da. Saa mmerebu no awiei koraa ne bere a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔde bɛsan ne tumidi a amansan nyinaa asomdwoe ne yiyedi gyina so ho no. Waka n’atirimpɔw akyerɛ pefee na ɔde bere mu agyiraehyɛde a etumi ma yehu nkɔso a anya ama. Wɔ Eden atuatew no akyi pɛɛ no, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ne ‘ɔbea’ no, honhom abɔde anokwafo ahyehyɛde no, awo ‘aseni’ a ɔbɛbɔ Satan, “ɔwɔ dedaw no,” ti na awiei koraa no wasɛe no pasaa no. (Genesis 3:15; Adiyisɛm 12:9; Romafo 16:20) Hwɛ sɛnea trenee adɔfo hwɛ saa bere no kwan!
3. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛɛ bere a Mesia no bɛba no pɛpɛɛpɛ? (b) Dɛn na wɔtoo ne nhyɛase saa bere no?
3 Wɔ bere a Onyankopɔn ahyɛ, a odii kan kaa ho asɛm siei bere tenten mu no, ‘aseni’ a wahyɛ ne ho bɔ, Mesia no, Onyankopɔn ankasa Ba, puei wɔ asase so. Yesu kuraa ɔsom pa a edi mu mu de kosii owu mu de buaa Satan animtiaabu mpoatwa no prɛko. Na ɔnam ne wu sɛ ɔdesani a onni bɔne no so de nea wɔnam so begye Adam asefo afi bɔne ne owu mu nso mae. Ɔnam saayɛ so too nhyɛase maa ‘Ɔbonsam nnwuma a wɔbɛsɛe no’ awiei koraa no.—1 Yohane 3:8; Daniel 9:25; Galatifo 4:4, 5.
4. (a) Bere a na Yesu wɔ asase so no, kuw bɛn na ofii ase boaboaa wɔn ano? (b) Nea ɛne Onyankopɔn bere nhyehyɛe hyia no, bere bɛn na Kristo fii ase dii Hene? (d) Nneɛma a odii kan yɛe no mu biako ne dɛn?
4 Bere a na Yesu da so ara wɔ asase so no, ofii ase boaboaa mmarima ne mmea a wɔbɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ ne soro Ahenni no mu no ano. Nnipa anokwafo a wɔapaw wɔn na wɔasɔ wɔn ahwɛ 144,000 pɛ na wɔbɛka ne ho. Bere a wɔde bɛpaw kuw yi mufo a wotwa to no dui no, wɔde “tumi ne anuonyam ne ahenni” maa Yesu ankasa wɔ soro. (Daniel 7:13, 14) Bere ano pɛpɛɛpɛ wɔ 1914 mu no, ofii adwuma ase sɛ Ɔhene a ɔredi tumi. Ɔtow Satan ne n’adaemone fii soro kyenee ntɛm ara, na saa adeyɛ yi maa baabi a nniso no wɔ no tewee. (Adiyisɛm 12:7-12) Na mprempren wiase nhyehyɛe no ahyɛn ne nna a edi akyiri mu.
5. Henanom na wɔbɛtra nkwa mu ahu Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho no?
5 Mprempren, mmerebu a akɔ so bɛyɛ mfe mpem asia ni no abɛn n’awiei. Abɛn pɛɛ araa ma nnipa a na wɔte ase wɔ 1914 mu, a nnɛ wɔn mfe akɔ anim yiye no nyinaa renwuwu ansa na nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔasan Yehowa tumidi ho no abam.—Marko 13:30.
6, 7. (a) “Nnipakuw kɛse” no ho nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no abɛn pɛɛ? (b) Dɛn nti na wɔde anidaso a emu yɛ den hwɛ daakye kwan?
6 Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo nso bɛtra nkwa mu ahu nsɛm a ebesisi saa da kɛse no. Efi 1935 titiriw, bere a wohuu nnipa ko a “nnipadɔm kɛse” anaa “nnipakuw kɛse” no yɛ pefee no, eyinom mu bebree fii ase daa wɔn ho adi. Mfiase no, na wɔyɛ ɔhaha, afei wɔbɛyɛɛ mpempem, akyiri yi wɔbɛyɛɛ ɔpehaha, na mprempren wɔyɛ ɔpepem pii na wɔwɔ asase nyinaa so. Onyankopɔn Asɛm a enni atoro no ka kuw yi ho asɛm sɛ ‘wofi ahohiahia kɛse no mu,’ wonyaa nkwa wom, na wɔbɛtra ase akɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu a ɛho renhia sɛ wowu da. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14; Yohane 11:26) Mprempren, kuw yi mufo a wodi kan no anya mfe 60 kosi 70 anaa nea ɛboro saa. Yehowa amma wɔammoaboa kuw yi ano ntɛm dodo. “Nnipakuw kɛse,” a emufo a wodi kan no pii ka ho, benya nkwa akɔ “asase foforo” no so.
7 Nuklea ɔsɛe a ɛbɛtɔre adesamma nyinaa ase biara nni hɔ a ɛbɛma “nnipakuw kɛse” no anidaso ayɛ ɔkwa. Ntease pa nti wɔwɔ anidaso ne akokoduru. Bere a wohu sɛ “nna a edi akyiri” yi mu nsɛm da adi no, wonya daakye ho akwanhwɛ a emu yɛ den. Nanso nsɛm foforo a ɛbɛwosow wiase no besisi wɔ bere a aka ansa na saa nkwagye no aba no mu.
NSƐM A EBESISI AKYIRI YI
8. (a) Adeyɛ titiriw bɛn na wɔka siei wɔ 1 Tesalonikafo 5:3 a ennyaa mmamu? (b) Ɔkwan bɛn so na wofii ase yɛɛ eyi ho nhyehyɛe mfe pii ni? (d) Wɔ nnansa yi mfe mu no, nhyɛso kɛse bɛn na akɔ so na ama wɔanya awerɛhyem sɛ wiase asomdwoe bɛba?
8 Bere a ɔsomafo Paulo retwe adwene asi eyinom mu biako so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” (1 Tesalonikafo 5:3) Yennim sɛnea wɔbɛyɛ saa mpaemuka no. Nanso ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wofii ase yɛɛ ho nhyehyɛe bere a wiase no hyɛn ne “nna a edi akyiri” mu no akyi pɛɛ. Wɔkae wɔ 1919 mu sɛ Amanaman Apam no atirimpɔw ne sɛ ɛde “asomdwoe ne ahotɔ” bɛba. Wɔ Wiase Ko II akyi no, Amanaman Nkabom no Mmara san daa no adi bio sɛ “asomdwoe ne ahotɔ” ne saa amanaman ntam ahyehyɛde no botae titiriw. Enuu saa botae no ho. Nanso, wɔ nnansa yi mfe mu no, nnipa ahorow ahorow de wɔn ho ahyɛ ɔyɛkyerɛ akɛse a ɔmanfo de da wɔn nkate adi wɔ nneɛma ho mu wɔ nsase pii so, de ahyɛ wiase akannifo sɛ wonnyae nuklea akode a wɔyɛ, wɔsɔ hwɛ, ne hyehyɛ a wɔhyehyɛ si hɔ nyinaa. Wɔpɛ sɛ wonya awerɛhyem sɛ wobenya wiase asomdwoe, na nea wogye di sɛ ebetumi asi ananmu no ma ehu ka wɔn.
9. Dɛn nti na mpofirim ɔsɛe bɛba wɔn a wɔpene “asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka a wɔhyɛɛ ho nkɔm no so?
9 Ɛrenkyɛ nnipa akannifo bɛyɛ “asomdwoe ne ahotɔ” ho mpaemuka titiriw bi esiane nea eyi anaa adeyɛ foforo bi de ba nti. Ɛbɛyɛ nnaadaasɛm ara kwa. Nanso wɔn a wɔbɛpene so no bɛka sɛ wɔnam wɔn ankasa kwan so adu wɔn botae ho, a wonhia Onyankopɔn Ahenni. Bere a wɔpow Yehowa tumidi yi no, “mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.”
10. Ɔkwan bɛn so na tebea a ɛbɛma wɔasɛe Babilon Kɛse no rekɔ so dedaw?
10 Nsɛm besisi ntɛmntɛm. Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman, no kan amammui adɔfo bɛsɛe no pasaa. Sodifo ahu no yiye dedaw sɛ nyamesom yɛ tumi a ɛde basabasayɛ ba a ama nitan, mogyahwiegu ne ɔko aba wiase nyinaa. Asɔfo ahyɛ amammuifo araa ma afono wɔn. Nnipa a wɔkɔ mmeae a wɔsom no so atew kɛse wɔ wiase fã kɛse no ara. Adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn nni hɔ, sɛ ebia wɔda no adi baguam anaa kokoam, no so na ɔmanfo de wɔn adwenkyerɛ gyina. Afei nso, Amanaman Nkabom no mu aman pii wɔ nhyehyɛe a emu yɛ den a ɛsɔre tia nyamesom. Sɛ bere a Yehowa ankasa ahyɛ sɛ obebu ntɛn no du a, ɔbɛma amammui sodifo no kwan wɔ amanaman nyinaa mu ma wɔasɔre ahyɛ Babilon Kɛse no asɛe no pasaa.—Adiyisɛm 17:15, 16; 19:1, 2.
11. (a) Henanom na afei amanaman no bɛsɔre ahyɛ wɔn? (b) Nsɛm foforo bɛn na ɛno bɛma asisi?
11 Esiane sɛ saa nkonimdi no bɛma amanaman no tirim ayɛ wɔn dɛ, na wɔn sodifo a aniwa nhu no, Satan Ɔbonsam, bɛhyɛ wɔn nkuran nti, afei wɔbɛtow ahyɛ Yehowa ankasa adansefo anokwafo a wɔwɔ asase so no so. (Hesekiel 38:14-16) Wɔrensusuw nokwasɛm a ɛne sɛ eyinom yɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe na wodi mmara so a wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu anaa ɔko ho asodi biara nna wɔn so no ho. Amanaman no bɛhwehwɛ sɛ wogyina wɔn akyi wɔ biribiara mu, wɔsom amammui nhyehyɛe no. Nanso sɛ wofi ase sɛ wɔrebɛsɛe Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no a, Onyankopɔn bedi ama ne nkoa anokwafo prɛko, obegye wɔn. Ɔsoro asafo bɛsɛe Satan ahyehyɛde a aniwa hu no fã biara pasaa, ne wɔn a wɔde wɔn ho ato so no nyinaa. Afei, wɔbɛkyere ɔtamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, ankasa, na wɔasiw ne dwumadi ano mfe apem, na saa bere no wobeyi nea ne nkɛntɛnso bɔne de aba nyinaa afi hɔ koraa, na wɔadan asase no Paradise. Ɛno akyi no, wobegyae Satan bere tiaa bi ma wasɔ adesamma a wɔaba tebea foforo mu no ahwɛ. Wɔbɛsɛe nnipa a wɔpaw sɛ wobedi Satan akyi no nyinaa aka ɔne n’adaemone ho.—Adiyisɛm 19:19-21; 20:1-3, 7-10.
WƆDE WƆN KƆ “ASASE FOFORO” A ƐYƐ FƐ YIYE SO
12. (a) “Nnipakuw kɛse” no bɛka sɛ wɔn nkwagye no fi henanom? (b) Henanom na wɔbɛka wɔn ho ma wɔayi Onyankopɔn ayɛ?
12 Bere a nsɛm a ɛyɛ hu a ebesisi wɔ mprempren wiase no awiei atwam na Kristo Mfirihyia Apem Nniso no da wɔn anim no, anisɔ bɛyɛ wɔn a ɔdom nti wɔaka asase so no ma bere a wɔmoma wɔn nne so da Onyankopɔn ase no. “Nnipakuw kɛse” no befi komam nkate kɛse mu de nne kɛse ateɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn [Yehowa] a ɔte ahengua no so ne oguammaa [Yesu Kristo] no dea.” Na Onyankopɔn soro ahyehyɛde nokwafo no mufo nyinaa a nea ade kɛse a nsɛm a esisi no kyerɛ ho anisɔ kanyan wɔn no bɛba abɛka wɔn ho ma wɔasom, aka sɛ: “Amen, nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.”—Adiyisɛm 7:10-12.
13. Ɔkwan bɛn so na Bible no yɛ nsiesiei a wɔayɛ na ama adesamma anya ahoɔden ne ayaresa no ho mfonini?
13 Awiei koraa no, adesamma nyinaa bɛhyehyɛ nnipa abusua a biakoyɛ wom a ɛhyɛ nokware Nyankopɔn no anuonyam, “asase foforo” a ɛwɔ “ɔsoro foforo” a egyina hɔ ma Yehowa tumidi a ɔdɔ wom no ase. Bible nhoma a etwa to no de nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ anigye kyerɛ sɛ mfaso horow a ɛyɛ nwonwa a adesamma nsa bɛka saa bere no yɛ “nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu” bɛfa ɔsoro Yerusalem Foforo no abɔnten mfinimfini. “Nkwa dua” a ɛsow aba a ɛma wɔn a wodi no ahoɔden na wɔde ne nhaban sa adesamma yare sisi asubɔnten yi afanu nyinaa. Nea wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi ne nsiesiei nyinaa a Onyankopɔn ayɛ a ɔde bɛsa adesamma gyidifo asoɔmmerɛfo yare ma wɔanya ahoɔden na wɔatumi afa Yesu Kristo so anya daa nkwa no.—Adiyisɛm 21:1, 2; 22:1, 2.
14. Akwan bɛn so na “asase foforo” no so tebea horow bɛyɛ soronko wɔ nea ɛwɔ wiase nnɛ no ho?
14 Tebea horow a ɛbɛtra asase so saa bere no bɛyɛ soronko koraa wɔ biribiara a wiase dedaw no ayɛ pɛn ho ma ayɛ ahomeka. Ɛdenam Kristo afɔrebɔ no mu mfaso horow a wɔde bedi dwuma ne Onyankopɔn apɛde a wɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa asoɔmmerɛfo a wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu ka ho so no, wɔbɛma wɔade wɔn ho afi bɔne biara ho, na wɔaboa wɔn ma wɔanya nkɔso wɔ honam, adwene, nkate, ne honhom fam kosi sɛ wɔbɛyɛ pɛ. Sɛ anka wɔbɛsow “ɔhonam nnwuma” a ɛde mpaapaemu ba no, obiara besua sɛnea ɔbɛda su pa te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahosodi adi pii. (Galatifo 5:19-23) Bere a su a ɛte saa kɔ so no, wɔde asase so nnɔbae bedi adesamma nyinaa ahiade ho dwuma ma atra so. Asetra benya atirimpɔw kɛse sen bere biara a atwam, bere a adesamma bom yɛ adwuma ma Ɔbɔadeɛ no kan atirimpɔw ma asase yi ne ɛsotefo bam no.
15. (a) Nsato a anigye wom bɛn na wɔde rema adesamma dedaw? (b) Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ ankorankoro?
15 Esiane sɛ Onyankopɔn honhom ne Kristo ayeforo no de anigye hwɛ eyi nyinaa kwan nti, mprempren wɔto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ: “Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Enti, ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wotra hɔ kɛkɛ twɛn kosi sɛ Yehowa da kɛse no ho mmerebu no bedu n’awiei koraa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Bere a woagye nsa a wɔto frɛ wo anigye so sɛ ‘begye nkwa nsu kwa’ no so no, ɛnnɛ wowɔ hokwan sɛ woto nsa frɛ afoforo. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya nkwa akɔ Onyankopɔn “asase foforo” a ɛyɛ fɛ no so no nyinaa de nnam yɛ adwuma.