Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 6/1 kr. 3-4
  • Dɛn Na Aba Kristofo Ɔwɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Aba Kristofo Ɔwɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntease Pa Enti A Ɛsɛ Sɛ Wɔwɛn
  • Nea Enti A Pii Agyae Wɛn
  • Munsiesie Mo Ho Nsie!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Anigye Ne Wɔn A Wobehu Sɛ Wɔrewɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nea Ɛyɛe A Kristofo Akwanhwɛ No Gyaee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Suasua Yesu na Wɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 6/1 kr. 3-4

Dɛn Na Aba Kristofo Ɔwɛn So?

“NEA mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!” Saa Yesu Kristo nsɛm no ayɛ nea akɔ so agyigye wɔ nokware Kristofo asom wɔ mfehaha no mu. Nanso Roman Katolekfo, Apuei Fam Ortodoksfo anaa Protestantfo asɔre atitiriw no mufo baahe na saa kɔkɔbɔ a emu yɛ den yi da so ara gyigye wɔ wɔn asom?​—Marko 13:37.

Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so wɛn? Ná Yesu aka sɛ: “Monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, . . . na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda.” (Marko 13:35, 36) Enti na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no kɔ so wɛn bere a wɔn Wura a ɔne Kristo no bɛba.

Ná dɛn na ɛbɛyɛ Yesu ba no atirimpɔw? Ahyɛde a ɔde mae sɛ wɔnwɛn no yɛ asɛm a n’asuafo no bisaa no tẽe no ho mmuae a ɔde mae no fã: “Ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Sɛnea kyerɛwtohɔ bi a ɛne eyi hyia kyerɛ no, bere a ɔde sɛnkyerɛnne a nneɛma pii wom ama akyi no, Kristo kae sɛ: “Ɛnna wobehu onipa ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu. Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn. . . sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”​—Luka 21:27-31.

Ntease Pa Enti A Ɛsɛ Sɛ Wɔwɛn

Enti, Yesu Kristo maa n’asuafo no nyaa ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ honhom mu na wɔwɛn wɔ bere a “sɛnkyerɛnne” no bɛbam ho no. Eyi bɛkyerɛ sɛ wɔn Wura no ‘aba’ wɔ honhom mu a aniwa nhu, efisɛ sɛ na ne ba no yɛ ɔhonam mu de a aniwa behu a, anka sɛnkyerɛnne biara ho renhia. Nanso ba a ɔbɛba wɔ honhom mu no nso bɛkyerɛ sɛ saa “wiase” anaa “nneɛma nhyehyɛe” bɔne yi ahyɛn ‘n’awiei’ bere mu. Na wɔ Kristofo fam no, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn ‘gye rebɛn.’ Yiw, ɛbɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn ahenni abɛn.”

So ɛnyɛ eyi ne ntease ankasa a ɛwɔ Kristofo anidaso no mu? So ɛnyɛ ade koro no ara ho na wɔkyerɛɛ Kristofo nyinaa sɛ wɔmmɔ mpae sɛ, “Yɛn agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no? (Mateo 6:9, 10) Sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa wom a, so ɛnsɛ sɛ Katolekfo ne asɔre afoforo mufo a wɔde Awurade Mpaebɔ no di dwuma no wɛn na wohu sɛ wɔn mpaebɔ ahorow no anya mmamu? Anaa so ebetumi aba sɛ wɔn asɔre ahorow no nkyerɛkyerɛ ayi ntease a ɛwɔ saa mpaebɔ no mu fã kɛse no ara afi hɔ ma enti ɛnkaa ahe biara a ɛsɛ sɛ wɔwɛn wɔ ho?

Nea Enti A Pii Agyae Wɛn

Na ɛsɛ sɛ Kristofo wɛn wɔ Kristo ba a waba (Hela, pa.rou.siʹa, wɔkyerɛ ase “ba” wɔ Twi Bible ahorow no mu) ho sɛnkyerɛnne no. Dɛn ntia? Efisɛ eyi bɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne wɔn ankasa ogye ne “wiase,” anaa mprempren “nneɛma nhyehyɛe” bɔne yi awiei abɛn. Anka ɛsɛ sɛ Kristoman asɔreasɔre no boa emufo na wɔma wɔn ani da hɔ wɔ honhom mu sɛnea ɛbɛyɛ a Owura no ba a ɔremmehu wɔn sɛ wɔadeda. So asɔre ahorow no adi wɔn asɛyɛde ho dwuma wɔ eyi mu?

Nhoma bi mu asɛm ka sɛ: “Bere a bere twaam a parousia no amma no, wɔ asɔre no fam no, ɛbɛyɛɛ nea atwe akɔ daakye akyirikyiri bi na awiei koraa no ɛbɛyɛɛ gyidi ho asɛm a wɔagyaa mu koraa.”​—The New International Dictionary of New Testament Theology.

Nokwarem no, eyi ne nea aba. Kristoman asɔre ahorow no agyae Kristofo ɔwɛn a Yesu hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ n’asuafo bu wɔn ani gu so no. Wɔn ani nna hɔ bio wɔ Kristo ba ne Onyankopɔn Ahenni no ba no ho. Wɔadan afi “nneɛma nhyehyɛe” anaa “wiase awiei” ho akwanhwɛ no ho.

Fransefo nhoma kɛse a wɔfrɛ no QUID 1984 de nyamesom gyidi a ɛfa wiase awiei ho nkyerɛase a ɛyɛ nnansa yi ara de ma. Ɛka wɔ “Sɛnea Katoleksom Te” ase sɛ: “Ɛte sɛ nea Asɔre no kyerɛkyerɛ Wiase awiei no ase mprempren sɛ ɛne sɔhwɛ a ankorankoro hyia bere a wɔawu no.” Ɛreda ɔhaw no adi kɛse no, The New Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Kristofo asɔre akɛse a ase atim no yii nkyerɛkyerɛ a ɛfa ‘Nneɛma a Etwa To’ ho no fii mu sɛ biribi a ɛnkyerɛ hwee anaa anansesɛm a ntease biara nni mu.”

Enti, asemmisa “Dɛn na aba Kristofo ɔwɛn so?” no ho mmuae a ɛyɛ nwonwa nanso wontumi nguan mfi ho no ne dɛn? “Kristofo asɔre akɛse a ase atim,” a ɛne Boman Katolek, Apuei Fam Ortodoks ne Protestantfo asɔre atitiriw no, ama wɔagyae wɛn. Ɛwom sɛ mfomso no mfi emufo no de, nanso ebia wɔn mu pii besusuw nea ɛyɛe a wɔn asɔre no dan fii Kristofo akwanhwɛ a ɛfa Kristo ba, Onyankopɔn Ahenni no ba ne mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei ho no ho ne nea enti a ɛbaa saa no ho. Abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛmaa eyi baa saa no yɛ nea wɔbɛhwehwɛ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Ɛnna wobehu onipa ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu. Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn . . . sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munim sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”​—Luka 21:27-31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena