Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 33 kr. 80
  • Ɔmaa Yesaia Nkɔmhyɛ Baa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmaa Yesaia Nkɔmhyɛ Baa Mu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesua Fi Sɔhwɛ Ahorow A Ɛbaa Yesu So No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Wubedum Ntamaa Wusiwusi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa—Nea Ɔdɔ Trenee ne Atɛntrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Nea Mapaw No a Me Kra Ani Sɔ No”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 33 kr. 80
Yesu atena korow ketewa bi mu rekyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ mpoano

TI 33

Ɔmaa Yesaia Nkɔmhyɛ Baa Mu

MATEO 12:15-21 MARKO 3:7-12

  • NNIPAKUW KYEREE YESU SO

  • ƆMAA YESAIA NKƆMHYƐ BAA MU

Bere a Yesu tee sɛ Farisifo ne Herode akyitaafo no abɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛku no no, ɔne n’asuafo no kɔɔ Galilea Po no ho. Nnipakuw kɛse fi mmeae pii kɔɔ ne nkyɛn; wɔn mu bi fi Galilea, Tiro ne Sidon nkuro a ɛwɔ mpoano, nkuro a ɛwɔ Yordan Asubɔnten nifa so, Yerusalem, ne nkuro a ɛwɔ Idumea mantam mu wɔ anafo fam. Yesu fii ase saa wɔn mu ayarefo no pii yareɛ. Enti wɔn a na wɔn yareɛ mu yɛ den no deɛ, wɔantwɛn sɛ Yesu mmra wɔn nkyɛn mmɛsa wɔn yareɛ; wɔn mmom pere de wɔn nsa kɔkaa Yesu.​—Marko 3:​9, 10.

Ná nkurɔfo no dɔɔso ara ma wɔkyeree Yesu so. Enti ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmpɛ korow ketewaa bi mma no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ahare akɔ po no so kakra. Afei nso sɛ ɔwɔ po no so a, ɔbɛtumi atena korow no mu akyerɛkyerɛ nkurɔfo anaa wahare afiri hɔ akɔ baabi foforo akɔyɛ ne som adwuma no.

Osuani Mateo huu sɛ Yesu som adwuma no maa nkɔmhyɛsɛm bi a “wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no” baa mu. (Mateo 12:​17) Ɛyɛ nkɔmhyɛ bɛn?

“Hwɛ! M’akoa a mayi no, deɛ medɔ no a me kra agye no atom! Mede me honhom bɛgu ne so, na ɔbɛma amanaman no ahunu atɛntenenee pefee. Ɔne obi renham na ɔrenteateam, na obiara rente ne nne mmɔnten so. Ɔremmu demmire a abuka biara mu, na ɔrennum ntomaban biara a ayɛ wisiwisi kɔsi sɛ ɔbɛbu atɛntenenee nkonim mu. Nokorɛm no, amanaman de wɔn ani bɛto ne din so.”​—Mateo 12:​18-​21; Yesaia 42:​1-4.

Yesu ne Onyankopɔn ba a ɔdɔ no na wagye no atom. Yesu daa nokware atɛntrenee adi efisɛ saa bere no, na atoro som mu atetesɛm akata so. Ná Farisifo no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara sɛnea wɔn ara pɛ. Enti sɛ obi yare Homeda mpo a, na wɔmmoa no. Yesu boaa nkurɔfo ma wɔdee wɔn ho fii atetesɛm a ɛmfata no ho de daa Onyankopɔn atɛntrenee adi. Ɛma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn honhom wɔ ne so. Ɛno nti, na nyamesom mpanimfoɔ no pɛ sɛ wɔkum no. Awerɛhosɛm bɛn ni!

Bere a Bible kaa sɛ “ɔne obi renham na ɔrenteateam, na obiara rente ne nne mmɔnten so” no, dɛn na na ɛkyerɛ? Yesu saa nkurɔfo yareɛ no, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ “wɔmmma nkurɔfoɔ nnhunu onipa korɔ a ɔyɛ,” na wamma ahonhommɔne no nso anka ne ho asɛm. (Marko 3:​12) Ná Yesu mpɛ sɛ wɔbɛbɔ ne ho dawuru akyerɛ nkurɔfo aka nea ɛwom ne nea ɛnnim nyinaa.

Bio nso, Yesu kaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn a wɔte sɛ demmire a abuka na ɛreyɛ abu. Ná saafo no te sɛ ntomaban wisiwisi a adum awie koraa ne sa. Yesu ammu demmire a abuka no mu, na ntomaban a ayɛ wisiwisi no nso, wannum no. Mmom no, ɔde ɔdɔ ne ayamhyehye pagyaa ahobrɛasefo. Yesu ne obi a amanaman no bɛtumi de wɔn werɛ ahyɛ ne mu ampa!

  • Ɛkwan bɛn na Yesu faa so maa wɔhuu atɛntenenee nanso wamma nkurɔfo ante ne nka?

  • Hwannom na na wɔte sɛ demmire a abuka ne ntomaban a ayɛ wisiwisi? Sɛn na Yesu yɛɛ wɔn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena