Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hena Na Yehowa Bɛpene No So
    Ɔwɛn-Aban—1989 | June 15
    • 2 Bere a Yohane de ahobrɛase penee so akyi, na Yesu fii nsu no mu fii no, “ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma.” Nea ɛkyɛn saa no, “ɛnne bi fi soro kae sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:16, 17; Marko 1:11) Mpaemuka bɛn ara ni! Yɛn nyinaa ani gye sɛ yɛbɛsɔ obi a yɛwɔ obu ma no no ani. (Asomafo no Nnwuma 6:3-6; 16:1, 2; Filipifo 2:19-22; Mateo 25:21) Afei, sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn reka akyerɛ wo sɛ ‘Wosɔ m’ani!’ a, susuw sɛnea anka wobɛte nka no ho.

  • Hena Na Yehowa Bɛpene No So
    Ɔwɛn-Aban—1989 | June 15
    • Dɛn na na Ne Nsɛm no Kyerɛ?

      4. (a) Ntease bɛn na ɛwɔ Hela asɛmfua ma ‘anisɔ’ a ɛwɔ Onyankopɔn mpaemuka no mu no mu? (b) Dɛn nti na dwuma a wɔde di wɔ saa asɛm yi mu no yɛ nea ani gye ho titiriw?

      4 Asɛmpa kyerɛwtohɔ a ɛfa Onyankopɔn nsɛm “[Yesu] sɔ m’ani” ho no de Hela adeyɛ asɛm eu·do·keʹo no na edi dwuma. (Mateo 3:17; Marko 1:11; Luka 3:22) Ɛkyerɛ sɛ “wonya biribi ho anisɔ kɛse, wɔka ho asɛmpa, wonya mu anigye,” na ne edin kabeam no, ekura “anisɔ, ɔpɛ pa, ɔdom, ɔpɛ, komam ade a wɔpɛ” ho adwene. Ɛnyɛ ɔsoro mpeneso nkutoo na wɔde eu·do·keʹo ka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Kristofo a na wɔwɔ Makedonia no ‘de fɛw’ ne afoforo kyɛɛ ade sika fam. (Romafo 10:1; 15:26; 2 Korintofo 5:8; 1 Tesalonikafo 2:8; 3:1) Nanso, Onyankopɔn na ɔdaa Yesu ho anisɔ adi no, ɛnyɛ nnipa. Wɔde saa asɛm yi kaa Yesu ho asɛm bere a wɔbɔɔ no asu no akyi nkutoo. (Mateo 17:5; 2 Petro 1:17) Nea ɛyɛ anigye no, Luka 2:52 de asɛm bi a ɛsono​—khaʹris​—na edi dwuma de ka Yesu ho asɛm sɛ abarimaa a na wɔmmɔɔ no asu a onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim “dom” no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena