Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 34 kr. 82-kr. 83 nky. 6
  • Yesu Yii Asomafo Dumienu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Yii Asomafo Dumienu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Yii Asomafo Dumienu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 34 kr. 82-kr. 83 nky. 6
Yesu kɔ bepɔ bi so

TI 34

Yesu Yii Asomafo Dumienu

MARKO 3:13-19 LUKA 6:12-16

  • ASOMAFO 12 NO

Bere a Osuboni Yohane kaa Yesu ho asɛm sɛ Onyankopɔn Adwammaa no, bɛyɛ afe ne fã akyi na Yesu dii dwuma titiriw bi. Yɛbɛkae a, Yesu som adwuma ahyɛase no, mmarima anokwafo bi bɛyɛɛ n’asuafo. Wɔn mu bi ne Andrea, Simon Petro, Yohane, ne ebia Yohane nua Yakobo. Ebi nso ne Filipo, ne Bartolomeo a wɔsan frɛ no Natanael no. Bere bi akyi no, afoforo nso bɛdii Kristo akyi.​—Yohane 1:​45-​47.

Afei deɛ na bere aso sɛ Yesu paw n’asomafo. Ná wɔbɛyɛ Yesu nnamfo, na na ɔbɛhyɛ da atete wɔn ama ɔsom adwuma no. Ansa na Yesu repaw n’asomafo no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpae. Ɛbɛyɛ sɛ na saa bepɔ no bɛn Galilea Po no, na na ɛfiri hɔ rekɔ Kapernaum nware. Ɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa; ɛbɛyɛ sɛ ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma no nyansa na ɔnhyira no. Ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no yii wɔn mu 12 yɛɛ wɔn asomafo.

Yesu paw asuafo nsia a yɛadi kan abɔ wɔn din no ne Mateo a na ɔte towgyebea no. Enum a aka no ne “Yakobo ba” Yuda (nea wɔsan frɛ no Tadeo no), Kanani Simon, Toma, Alfeo ba Yakobo, ne Yuda Iskariot.​—Mateo 10:​2-4; Luka 6:16.

Yesu bɔɔ mpae ansa na ɔreyi asomafo dumienu no

Ná Yesu ne nnipa 12 yi atutu akwan, enti na ɔnim wɔn yie. Ná wɔn mu bi yɛ n’abusuafo. Yakobo ne ne nua Yohane yɛ Yesu maame nua mma. Ebinom kyerɛ sɛ na Alfeo yɛ Yesu papa Yosef nua. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɔsomafo Yakobo nso yɛ Yesu papa nua ba.

Ná asomafo no nyinaa din wɔ Yesu nsa ano, enti na ɔtumi bɔ obiara din frɛ no. Wo nso ɛ? Wobɛtumi akae asomafo no nyinaa din? Ade baako a ɛbɛboa wo nie: Ná mmienu de Simon, mmienu de Yakobo, ɛnna mmienu nso de Yuda. Sɛ wokae Simon (Petro) a, kae sɛ na ne nua ne Andrea; Sebedeo ba Yakobo nso nua ne Yohane. Wofa saa kwan yi so a, wobɛtumi akae asomafo no nwɔtwe din. Ɛnan a aka no ne towgyeni (Mateo), okyinnyegyefo (Toma), Natanael, nea na ɔwɔ dua bi ase a Yesu frɛɛ no no, ne n’adamfo Filipo.

Asomafo no mu dubaako deɛ na wɔne Yesu nyinaa fi Galilea mantam no mu. Natanael sei na ɔfiri Kana. Ná Filipo, Petro ne Andrea fi Betsaida, nanso akyiri yi Petro ne Andrea tu kɔtenaa Kapernaum, na ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ara na na Mateo nso te. Yakobo ne Yohane nso, na wɔte Kapernaum anaa mpɔtam hɔ baabi, na na wɔyɛ mpataayifo. Gyama Yuda Iskariot a akyiri yi ɔyii Yesu mae no nko ara ne ɔsomafo a na ɔfiri Yudea.

  • Yesu bɔɔ mpae anadwo mu nyinaa. Ade kyee no, dɛn na ɔyɛe?

  • Hwannom na Yesu yii wɔn yɛɛ wɔn n’asomafo? Dɛn na ɛbɛma woakae wɔn din ntɛm?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena