Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 6/15 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monyere Mo Ho Denneennen”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yehowa Hyira A Wɔyere Wɔn Ho Dennennen No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • “Yɛyɛ Adwuma Brɛ Na Yɛpere”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Yesu Yɛɛ Asɛnka Adwuma wɔ Perea
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 6/15 kr. 30-31

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo hɔ

Yesu hyɛe sɛ: “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.” (Luka 13:24) Na ɔkyerɛ dɛn, na ɛfa yɛn ho dɛn nnɛ?

Sɛ yebetumi ate asɛnhia yi ase yiye a, ɛsɛ sɛ yesusuw tebea a ɛma wɔkaa asɛm no ho. Ɛrebɛka asram asia ama Yesu awu no, na ɔwɔ Yerusalem bere a na wɔrehyɛ asɔrefie a wɔsan hyiraa so ho fa no. Ɔkae sɛ ɔno ne Nyankopɔn nguan sohwɛfo, nanso ɔdaa no adi sɛ na Yudafo dodow no ara nka saa nguan no ho efisɛ wɔantie. Bere a ɔkae sɛ ɔne N’agya yɛ “baako” no, Yudafo no tasee abo sɛ wɔde rebesiw no. Oguan kɔɔ Perea wɔ Yordan agya.—Yohane 10:1-40.

Ɛhɔ na ɔbarima bi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wobegye wɔn yɛ kakraa bi anaa?” (Luka 13:23) Ná saa asɛmmisa no fata efisɛ na Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no gye di sɛ nnipa kakraa bi na wɔbɛfata ama nkwagye. Sɛ wohwɛ su a na wokura no a, ɛnyɛ den sɛ wubehu wɔn a na wobu wɔn sɛ wɔbɛka kakraa bi no ho. Nanso hwɛ mfomso ara a wodii, sɛnea nsɛm a esisii akyiri yi no kyerɛe no!

Ná Yesu de bɛyɛ mfe abien atra wɔn mu, akyerɛkyerɛ wɔn, ayɛ anwonwade ahorow, na wama wɔn hokwan a wɔde bɛyɛ ɔsoro Ahenni no adedifo. Dɛn na efi mu bae? Wɔne wɔn akannifo no titiriw de hokwan a wonyae sɛ wofi Abraham mu na wɔwɔ Nyankopɔn Mmara no, hoahoaa wɔn ho. (Mateo 23:2; Yohane 8:31-44) Nanso wɔannye Oguanhwɛfo Pa no antom antie ne nne. Ná ɛte sɛ nea wɔabue pon bi ama wɔn, a sɛ wɔkɔ mu a akatua titiriw a wobenya ne sɛ wɔbɛyɛ Ahenni no mufo, nanso wɔankɔ mu. Yudafo kakraa bi a na wɔn mu dodow no ara nyɛ nnipa titiriw biara no na wotiee Yesu nsɛm a ɛfa nokware no ho, de wɔn ho fam ne ho.—Luka 22:28-30; Yohane 7:47-49.

Wɔ Pentekoste da 33 Y.B. mu no, saafo no na wɔbɛfatae sɛ wɔde honhom kronkron sra wɔn. (Asomafo no Nnwuma 2:1-38) Ná wɔnka wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ wobesu atwɛre wɔn se esiane sɛ wɔanso hokwan a wobue maa wɔn no mu nti no ho.—Luka 13:27, 28.

Ne saa nti, wɔ afeha a edi kan no mu no, na asɛm “nnipa pii” no fa Yudafo nyinaa a wɔaka wɔn abom, ne ne titiriw no, nyamesom akannifo no ho. Saafo yi yɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔrehwehwɛ Nyankopɔn anim dom—nanso wɔfaa wɔn ankasa gyinapɛn ne wɔn akwan so na ɛyɛɛ saa, ɛnyɛ Onyankopɔn de. Nea ɛne no bɔ abira no, “kakraa bi” a wɔkyerɛɛ ho anisɔ esiane sɛ na wɔn ani gye ho paa sɛ wɔbɛyɛ Ahenni no fã no bɛyɛɛ Kristofo asafo no mufo a wɔasra wɔn.

Afei momma yɛmmae asɛm no mu nhwɛ ne mmamu wɔ yɛn bere yi so. Wɔakyerɛkyerɛ nnipa bebree a wɔkɔ Kristoman asɔre ahorow sɛ wɔbɛkɔ soro. Nanso, saa anidaso yi nnyina Kyerɛwnsɛm mu nokware nkyerɛkyerɛ so. Sɛnea na ɛte wɔ tete Yudafo no fam no, saafo yi pɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa kwan so nya Onyankopɔn anim dom.

Nanso nnipa kakraa bi de ahobrɛase agye Ahenni asɛm no atom, ahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔanya n’anim dom wɔ yɛn bere yi so. Eyi ama wɔabɛyɛ “ahenni no mma.” (Mateo 13:38) Wofii ase too nsa frɛɛ saa “mma” a wɔasra wɔn yi Pentekoste 33 Y.B. Yehowa Adansefo aka no bere tenten sɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so ne ne nkurɔfo di no ho adanse kyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔafrɛ ɔsoro kuw no mufo dedaw. Enti, wɔn a wosuaa Bible mu nokware mfe kakraa bi a atwam ni no abɛte ase sɛ afei de daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso na wɔde asi hɔ. Saafo yi abɛdɔɔso asen Kristofo a wɔasra wɔn na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro, no nkaefo a wɔn so rehuan no. Ɛwom sɛ Luka 13:24 mfa wɔn a wɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ soro no ho titiriw de, nanso afotu pa bi wom ma wɔn.

Bere a Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛmpere no, na ɛnyɛ sɛ ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔno anaa N’agya de nneɛma siw yɛn kwan. Nanso yenya ntease fi Luka 13:24 mu sɛ Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no mma wɔn a wɔmfata no hokwan. “Mompere” kyerɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho, yebemia yɛn ani. Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Meremia m’ani?’ Yebetumi akenkan Luka 13:24 ɔkwan foforo so sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mepere hyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, nanso wɔrentumi. Enti merepere akɔ mu ampa? Mete sɛ mmirikatufo bi a ɔwɔ tete agumadibea a ɔyɛ nea obetumi biara de hwehwɛ nkonimbo no? Ommirikatufo a ɔte saa renyɛ ade bi-ne-bi na ɔrengogow ne ho. Saa na meyɛ m’ade?’

Yesu nsɛm no kyerɛ sɛ ebinom bɛpɛ sɛ ‘wɔhyɛn pon no mu’ bere a eye ma wɔn anaa wɔbɛto wɔn bo ase anantew sɛnea wɔpɛ biara. Su a ɛte saa betumi aka Adansefo binom. Ebinom betumi anya adwene sɛ, ‘Minim Kristofo binom a na wɔwɔ ahofama a wɔde mfe pii mia wɔn ani, na wɔde nneɛma pii bobɔɔ afɔre; nanso, nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei amma ara da na wowuwui. Enti ebia ɛbɛyɛ papa sɛ metɔ me bo ase, hwɛ so bɔ me bra.’

Ɛnyɛ den sɛ yebenya saa adwene no, nanso so nyansa wom ankasa? Sɛ nhwɛso no, so asomafo no nyaa saa adwene no? Ɛnte saa koraa. Wɔde wɔn ho nyinaa maa nokware som—kosii sɛ wowuwui. Sɛ nhwɛso no, Paulo tumi kae sɛ: “[Kristo] na yɛka ne ho asɛm . . . Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.” Akyiri yi, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.”—Kolosefo 1:28, 29; 1 Timoteo 4:10.

Yenim sɛ Paulo yɛɛ no yiye paa sɛ ɔyeree ne ho. Sɛ yɛn mu biara tumi ka nea Paulo kae yi bi a, anka hwɛ sɛnea yɛn koma bɛtɔ yɛn yam: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.” (2 Timoteo 4:7) Nea ɛne Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 13:24 no hyia no, yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Mede nsiyɛ ne nnamyɛ na ɛyɛ m’ade? Yiw, bere nyinaa mede adanse a ɛfata ma de kyerɛ sɛ midi Yesu afotu a ese: “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu” no so?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena