Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 6 kr. 20-kr. 21 nky. 8
  • Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abofra A Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Dom No Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 6 kr. 20-kr. 21 nky. 8
Yesu yɛ abofra ketewa da Simeon nsam; Yosef, Maria, ne odiyifobaa Hana gyina hɔ rehwɛ

TI 6

Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm

LUKA 2:21-39

  • WƆTWAA YESU TWETIA, NA AKYIRI YI WƆDE NO KƆƆ ASƆREFIE

Yosef ne Maria ansan ankɔ Nasaret, na mmom wɔtenaa Betlehem. Sɛnea Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no kyerɛ no, bere a Yesu nyaa nnawɔtwe no, wɔtwaa no twetia. (Leviticus 12:​2, 3) Sɛ obi wo abofra na ɔyɛ ɔbarima a, saa bere no ara nso na na wɔtaa to ne din. Enti sɛnea ɔbɔfo Gabriel kyerɛɛ wɔn no, wɔtoo abofra no din Yesu.

Afei bere a Yesu dii adaduanan no, ɛhefa na n’awofo de no kɔe? Wɔde no kɔɔ Yerusalem, na na ɛfiri baabi a wɔte rekɔ hɔ nso nware. Mmara no kyerɛ sɛ, sɛ ɔbaa wo barima a, adaduanan akyi no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ asɔrefie kɔbɔ afɔre de dwira ɔno ara ne ho.​—Leviticus 12:​4-8.

Maria dii saa ahyɛde no so, na ɔfaa nnomaa nketewa mmienu de kɔɔ sɛ n’ayɛyɛde. Wei ma yɛhu sɛnea na Yosef ne Maria sikasɛm te. Sɛnea Mmara no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔbaa no de odwennini ne anomaa na ɛkɔ, nanso ɛba sɛ ɔrennya a, ɛnde ɔbɛtumi de aborɔnoma anaa aburuburo mmienu akɔ. Maria ho anso, ɛno nti na ɔde nnomaa mmienu kɔe no.

“NNA A WƆDE DWIRAA WƆN HO” NO SOE

Yosef ne Maria de Yesu rekɔ asɔrefie hɔ akɔbɔ afɔre de adwira Maria ho

Saa bere no, sɛ ɔbaa biara wo foforo wɔ Israel a, na wɔbu no sɛ ne ho nte. Sɛ bere a ne ho nte no twam a, ɔde mmoa bɔ afɔre dwira ne ho. Ɛno ma no kae sɛ ɔde bɔne awo obi aba asase so. Yesu deɛ, na ɔyɛ kronkron, na wɔanwo no bɔne mu. (Luka 1:​35) Ne nyinaa mu no, Maria ne Yosef ‘de no baa’ asɔrefie hɔ ma ‘wɔdwiraa wɔn ho’ sɛnea Mmara no kyerɛ.​—Luka 2:22.

Yosef ne Maria duu asɔrefie hɔ no, akɔkoraa bi a yɛfrɛ no Simeon baa wɔn nkyɛn. Ná Onyankopɔn ada no adi akyerɛ no sɛ ɔbɛhu Kristo anaa Mesia a Yehowa ahyɛ ne ho bɔ no ansa na wawu. Bere a Yosef ne Maria kɔɔ asɔrefie hɔ no, ɛhɔ ara na honhom kronkron kyerɛɛ Simeon kwan kɔɔ hɔ. Simeon kɔe no, ampa-ne-ampa ara ɔkɔhuu Yosef ne Maria ne wɔn ba no, na ɔfaa abofra no too ne nsa so.

Bere a Yesu da Simeon nsa so no, Simeon daa Onyankopɔn ase sɛ: “Awurade Tumfoɔ, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu sɛdeɛ w’asɛm teɛ; ɛfiri sɛ m’ani ahunu deɛ wonam so bɛgye nkwa a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no, kanea a wonam so bɛyi deɛ ɛkata amanaman no so ama ahyɛ wo man Israel animuonyam.”​—Luka 2:​29-​32.

Yosef ne Maria tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa. Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ Maria sɛ wɔayi ne ba no “ama Israelfoɔ bebree asehweɛ ne wɔn sɔreɛ,” nanso Maria bɛdi awerɛhow. Ɛbɛyɛ te sɛ nea obi de nkrantɛ awɔ no.​—Luka 2:34.

Ná obi foforo nso wɔ asɔrefie hɔ saa da no; odiyifo baa Hana. Saa bere no, na wadi mfe 84, na daa na ɔwɔ asɔrefie hɔ. Enti bere a Yosef ne Maria de wɔn ba Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ɔbaa wɔn nkyɛn. Hana daa Onyankopɔn ase, na ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa.

Yɛhwɛ sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ asɔrefie hɔ no a, yɛtumi hu sɛ Yosef ne Maria ani bɛgye paa! Ná biribiara kyerɛ sɛ wɔn ba no ne nea Onyankopɔn ahyɛ ne ho bɔ no.

  • Sɛ Israelfo wo ɔbarima a, bere bɛn na na wɔtaa to abofra no din?

  • Sɛ ɔbaa wo ɔbarima na abofra no di adaduanan a, asɛde bɛn na na ɛda hɔ ma ɔbaa no? Dɛn na Maria yɛe a ɛma yɛhu sɛnea na ne sikasɛm te?

  • Bere a wɔde Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, hwannom na wɔhuu sɛ ɔyɛ onipa titiriw? Dɛn na wɔyɛe a ɛma yɛhu saa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena