Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 83 kr. 194-kr. 195 nky. 2
  • Sɛ Onyankopɔn To Pono a, Hwannom na Ɔfrɛ Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Onyankopɔn To Pono a, Hwannom na Ɔfrɛ Wɔn?
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wopɛ sɛ Wudi Kan Bere Nyinaa?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɔhene Bi Frɛɛ Nkurɔfo Baa Ayeforohyia Ase
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nea Nhyiam Tiawa Bi Ma Yehu Fa Ɔsoro Hene Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Yesu Ahobrɛase Yɛ Nhwɛsode Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 83 kr. 194-kr. 195 nky. 2
Ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo kɔɔ apontow kɛse bi ase

TI 83

Sɛ Onyankopɔn To Pono a, Hwannom Na Ɔfrɛ Wɔn?

LUKA 14:7-24

  • AHOBRƐASE HO ASUADE

  • WƆN A WƆFRƐƐ WƆN NO YIYII WƆN HO ANO

Bere a Yesu saa ɔbarima a wahonhono no yareɛ wɔ Farisini no fie no, wamfiri hɔ. Ná ɔrehwɛ sɛnea nkurɔfo retenatena ase wɔ apontow no ase. Obiara ba a, ɔhwehwɛ baabi a ɛdi mu tena. Afei Yesu de nea ɛrekɔ so no kaa asɛm de yɛɛ ahobrɛase ho asuade maa nkurɔfo no.

Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforɔhyia ase a, ntena mpanin tenabea. Ebia na wato nsa afrɛ obi a ɔdi mũ sene woɔ, na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma onipa yi ntena hɔ.’ Afei wode aniwuo bɛfiri hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa.”—Luka 14:8, 9.

Afei Yesu kaa sɛ: “Mmom sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɛba fam koraa, na sɛ deɛ wato nsa afrɛ woɔ no ba a, waka akyerɛ wo sɛ ‘Damfo, foro kɔ soro.’ Ɛno bɛma woanya anidie wɔ wo mfɛfoɔ a wɔahyia no nyinaa anim.” Ɛnyɛ obu ho asɛm na na Yesu reka. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.” (Luka 14:10, 11) Ná ɔreboa nnipa a wɔwɔ hɔ no ma wɔasua ahobrɛase.

Afei Yesu kaa biribi foforo; ná ɛkɔ ma Farisini a ɔfrɛɛ no no. Ɔkyerɛɛ Farisini no apontow a Onyankopɔn ani gye ho. Yesu kaa sɛ: “Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa wo mfɛfoɔ adefoɔ. Ebia da bi wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo na ayɛ sɛ wɔretua wo ka. Na mmom sɛ woto pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ; na wobɛnya anigyeɛ, ɛfiri sɛ wɔn deɛ wɔnni biribiara a wɔde bɛtua wo so ka.”—Luka 14:12-14.

Sɛ obiara to pono a, ɔpɛ sɛ ɔfrɛ ne nnamfo, n’abusuafo ne ne mpɔtamfo, na Yesu nso anka sɛ obi yɛ saa a wadi mfomso. Nanso nea Yesu reka ne sɛ, sɛ woto pono na wofrɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo a, ɛno mmom na wo nhyira bɛdɔɔso. Yesu kyerɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔfrɛɛ no no sɛ: “Wobɛnya akatua wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ no mu.” Wɔn a wɔahyia hɔ no mu baako foaa Yesu asɛm no so sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔdidi Onyankopɔn ahennie mu.” (Luka 14:15) Asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ ɔhuu sɛ ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Nanso ɛnyɛ obiara na ɔhuu no saa. Yesu san de mfatoho foforo mae sɛ:

“Ná onipa bi reto pono kɛseɛ anwummerɛ bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. . . . Ɔsomaa n’akoa kɔɔ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no hɔ sɛ, ‘Mommra na afei wɔasiesie biribiara awie.’ Nanso wɔn nyinaa firii aseɛ yiyii wɔn ho ano. Deɛ ɔdi kan no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Matɔ asase na ɛhia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’ Na ɔfoforɔ kaa sɛ: ‘Matɔ anantwie mpamho nnum na merekɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’ Ɔfoforɔ nso kaa sɛ: ‘Mewaree me yere nkyɛeɛ enti merentumi mma.’”—Luka 14:16-20.

Wei nyɛ nsɛm a anka ɛsɛ sɛ wɔde yiyi wɔn ho ano. Sɛ obi pɛ sɛ ɔtɔ asase anaa anantwi a, ɔdi kan kɔhwɛ ansa na watua ka. Enti sɛ ɔnya tɔ a, ɛnhia sɛ animuanim ara ɔsan kɔhwɛ. Nea ɔtɔ so mmiɛnsa no, ɛnyɛ sɛ afei na na ɔrebɛware; na waware dada. Enti ɔka sɛ ɔrentumi nkɔ apontow no ase a, ntease nnim. Bere a owura no tee nsɛm a nkurɔfo no de yiyii wɔn ho ano no, ne bo fu maa ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ:

“Kɔ kuro no akwan ne mmorɔno so ntɛm kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.” Bere a ɔkɔfrɛfrɛɛ wɔn bae no, na kwan pii da so wɔ dan no mu, enti owura no ka kyerɛɛ n’akoa no sɛ: “Kɔ akwan so ne ban ho na hyɛ wɔn ma wɔmmra mu, na ama me fie ayɛ mã. Na meka kyerɛ mo sɛ, nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduane no bi bɛka n’ano.”—Luka 14:21-24.

Yesu asɛm yi ma yɛhu sɛnea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo afrɛ ebinom sɛ wɔnkɔ ɔsoro Ahenni no mu. Yudafo no na wɔdii kan frɛɛ wɔn, na nyamesom mpanimfoɔ no na na wɔdi mu akoten. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma a ɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo no, wɔn mu pii amfa anyɛ asɛm. Nanso na ɛnyɛ wɔn nko ara na wɔbɛfrɛ wɔn. Yesu mfatoho no kyerɛ sɛ Yudafo mmɔborɔwafo ne amanaman mufo a wɔabɛyɛ Yudafo no nso, daakye wɔbɛfrɛ wɔn; ɛno yɛ ɔfrɛ a ɛtɔ so mmienu. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛkɔ ama nnipa a Yudafo no buu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔba Onyankopɔn anim no.—Asomafoɔ Nnwuma 10:28-48.

Enti Yesu asɛm no foa nea obi kaa wɔ apontow no ase no so. Ɔkaa sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔdidi Onyankopɔn ahennie mu.”

  • Ahobrɛase ho mfatoho bɛn na Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no?

  • Sɛ obi reto pono a, hwannom na ɔfrɛ wɔn ba ase a, ɛbɛma Onyankopɔn ani agye ne ho? Adɛn nti na sɛ obi to pono na ɔyɛ saa a, ɛbɛma ɔno nso ani agye?

  • Apontow mfatoho a Yesu mae no, dɛn na na ɛkyerɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena