Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 6/1 kr. 6-7
  • Abofra A Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abofra A Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Dom No Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 6/1 kr. 6-7

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Abofra A Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

SƐ́ ANKA Yosef ne Maria bɛsan akɔ Nasaret no, wɔtra Betlehem mmom. Bere a Yesu nya nnawɔtwe no, wɔma wotwa no twetia sɛnea Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Mose no kyerɛ no. Ɛda adi sɛ ɛyɛ amanne nso sɛ wɔto abarimaa din bere a wanya nnawɔtwe no. Enti wɔto wɔn ba no din Yesu, sɛnea na ɔbɔfo Gabriel ahyɛ dedaw no.

Bɛboro ɔsram biako atwam, Yesu anya adaduanan. Afei n’awofo de no rekɔ he? Wɔde no rekɔ asɔrefi wɔ Yerusalem a efi baabi a wɔte no kɔ hɔ yɛ akwansin kakraa bi no. Sɛnea Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Mose kyerɛ no, bere a ɔbea bi awo ɔbabarima akyi adaduanan no, ɛho hia sɛ ɔkɔbɔ ahotew afɔre wɔ asɔrefi hɔ.

Maria yɛ saa. Nanso ɔde nnomaa nketewa abien ba sɛ n’afɔrebɔde. Eyi ma yehu Yosef ne Maria sikasɛm tebea ho biribi. Mose Mmara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde oguanten ba a ɔsom bo sen nnomaa bɔ afɔre no. Nanso sɛ ɛna no rentumi nnya eyi a, obetumi de nturukuku abien anaasɛ mmorɔnoma abien asi ananmu.

Wɔ asɔrefi hɔ no, akwakora bi fa Yesu to ne nsa so. Ne din de Simeon. Ná Onyankopɔn ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu gye sɛ wahu Kristo anaa Mesia a Yehowa ahyɛ ne ho bɔ no ansa. Bere a Simeon ba asɔrefi hɔ saa da yi no, honhom kronkron kyerɛ no kwan kɔ abofra a Yosef ne Maria kura no no nkyɛn.

Bere a Simeon de Yesu ato ne nsa so no, ɔda Onyankopɔn ase na ɔka sɛ: ‘Woadi wo bɔhyɛ so, efisɛ m’ani ahu wo nkwagye a woasiesie no.’ Afei Simeon hyira wɔn na ɔka kyerɛ Maria sɛ wɔde ‘ne ba no asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne ɔsɔre,’ ne sɛ, awerɛhow a ɛte sɛ afoa behwirew ne kra mu.

Nea na ɔwɔ hɔ saa bere yi ne odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana a wadi mfe 84 no. Saa dɔn no ara mu no, otwiw bɛn hɔ na ofi ase de aseda ma Onyankopɔn na ɔka Yesu ho asɛm kyerɛ wɔn a wobetie nyinaa.

Hwɛ sɛnea nsɛm a esisii wɔ asɔrefi hɔ yi ama Yosef ne Maria ani agye! Nokwarem no, eyi si so dua kyerɛ wɔn sɛ abofra no ne Nea Onyankopɔn Ahyɛ Ne Ho Bɔ no. Luka 2:21-38; Leviticus 12:1-8.

◆ Bere bɛn na ɛda adi sɛ ɛyɛ amanne sɛ wɔto Israelni abarimaa din?

◆ Dɛn na na wɔhwehwɛ afi Israelni a ɔyɛ ɛna hɔ bere a ne babarima anya adaduanan no, na ɔkwan bɛn so na eyi ho dwuma a Maria dii no daa sikasɛm tebea a ɔwom adi?

◆ Hena na ohuu oniiko a Yesu yɛ wɔ saa bere yi mu, na ɔkwan bɛn so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena