-
“Yehowa, Onyankopɔn Mmɔborohunufo Ne Ɔdomfoɔ”Ɔwɛn-Aban—1998 | October 1
-
-
15-17. (a) Bere a agya no huu ne ba no, ɔyɛɛ n’ade dɛn? (b) Dɛn na atade, pɛtea, ne mpaboa a agya no de maa ne ba no kyerɛ? (d) Apontow ho nhyehyɛe a agya no yɛe no kyerɛ dɛn?
15 “Ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano. Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na mensɛ sɛ wofrɛ me wo ba bio. Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye. Na me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.”—Luka 15:20-24.
-
-
“Yehowa, Onyankopɔn Mmɔborohunufo Ne Ɔdomfoɔ”Ɔwɛn-Aban—1998 | October 1
-
-
17 Bere a agya no duu ne ba no nkyɛn no, osoo ne kɔn mu fii ɔdɔ mu few n’ano. Afei ɔhyɛɛ ne nkoa sɛ wɔmfa atade, pɛtea, ne mpaboa mmrɛ ne ba no. Ná atade yi nyɛ atade hunu bi ara kɛkɛ, na mmom nea “eye”—ebia atade a wɔanwene ano a wotumi de ma ahɔho a wɔwɔ nidi. Esiane sɛ na wɔntaa nhu sɛ nkoa hyɛ pɛtea anaa mpaboa nti, na agya no rema ada adi sɛ ɔrema ne ba no akwaaba sɛ abusua no muni mapa. Nanso agya no yɛɛ nea ɛsen saa mpo. Ɔhyɛe sɛ wɔnto pon mfa mma ne ba no akwaaba. Ɛda adi pefee sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔbarima yi fi amemenemfe mu na ɔde ne ba no bɔne refiri no anaa esiane sɛ ɔbae no nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa; ná ɔpɛ sɛ ɔde firi. Ɛma odii ahurusi.
-