-
Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae noƆwɛn-Aban—1989 | February 15
-
-
Bere no mu no, na agya no “ba panyin no wɔ afum.” Hwɛ sɛ wubetumi ahu wɔn a ogyina hɔ ma wɔn no denam asɛm no nkae a wubetie no so. Yesu ka fa ɔba panyin no ho sɛ: “Na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw. Enti ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no nea eyinom kyerɛ. Osee no sɛ, ‘Wo nua aba, na w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu.’ Nanso ne bo fuwii na wampɛ sɛ ɔkɔ mu.
“Ɛnna n’agya fii adi bɛsrɛɛ no. Na obua see n’agya no sɛ, ‘Hwɛ mfirihyia dodow yi a mede asom wo, nso memfom wo mmara da, nanso wommaa me apapowa bi sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da. Nanso wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ’ srade no ama no.’”
Henanom na, te sɛ ɔba panyin no, wɔakasa atia mmɔborohunu a woyi adi kyerɛ abɔnefo ne adwene a wɔde si wɔn so no? So ɛnyɛ akyerɛwfo ne Farisifo no? Esiane sɛ kasa a wɔkasa tia Yesu esiane sɛ ogye abɔnefo nti na ɛma obuu saa bɛ yi no nti, ɛda adi pefee sɛ na ɔba panyin no gyina hɔ ma wɔn.
-
-
Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae noƆwɛn-Aban—1989 | February 15
-
-
Ɔkwan foforo so no, na ɔba hohwini no gyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo a wofi kɔhwehwɛ anigyede ahorow a wiase no de ma no. Nanso, bere bi akyi no, eyinom san de adwensakra ba na wɔsan bɛyɛ Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ hyew. Ampa ara, ɔdɔ ne mmɔborohunu bɛn ara na Agya no wɔ wɔ wɔn a wohu hia a ɛho hia sɛ wonya fafiri na wɔsan ba ne nkyɛn no ho sɛɛ yi! Luka 15:20-32, NW; Asomafo no Nnwuma 6:7; Luka 12:32; Hebrifo 12:23; Yohane 10:16.
-