Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔba a Ɔyerae no San Bae
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Agya no ne ne ba panin no rekasa

      Saa bere no, na papa no ba panin no wɔ afuo mu. Yesu kaa ne ho asɛm sɛ: “Ɔreba a ɔbɛn fie no ɔtee sɛ nnwom ne asa rekɔ so. Enti ɔfrɛɛ nkoa no mu baako na ɔbisaa no deɛ yeinom kyerɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no aba, na wo papa akum nantwie ba a wadɔ sradeɛ no, ɛfiri sɛ wanya no a ɔwɔ ahoɔden.’ Na ne bo fuiɛ na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Afei ne papa pue bɛsrɛɛ no. Ɔbuaa ne papa sɛ, ‘Mfeɛ bebree nie na masom woɔ a memmuu wo mmara baako mpo so da, nanso wommaa me abirekyie ba sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani da. Nanso wo ba a ɔne nnwamanfoɔ adi w’asetenadeɛ yi baeɛ ara pɛ, woakum nantwie ba a wadɔ sradeɛ ama no.’”—Luka 15:25-30.

      Hwannom na wɔte sɛ ɔba panin no? Akyerɛwfo ne Farisifo no, efisɛ bere a Yesu huu mmɔborɔwafo ne abɔnefo mmɔbɔ na ɔboaa wɔn no, wɔn deɛ wɔkasa tiaa no. Ɛno ara nti na Yesu maa saa mfatoho yi. Nanso na ɛnyɛ wɔn nko ara na mfatoho no kɔ ma wɔn; obiara a ɔnte Onyankopɔn mmɔborɔhunu ase no, ɛsɛ sɛ ɔsua biribi fi saa asɛm yi mu.

  • Ɔba a Ɔyerae no San Bae
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Nea ɔba panin no yɛɛ wɔ asɛm no ho deɛ, Yesu anka. Nanso Yesu wui a wɔnyanee no no, Bible ka sɛ “asɔfoɔ no mu pii firii aseɛ yɛɛ aso maa gyidie no.” (Asomafoɔ Nnwuma 6:7) Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ asuafo no, bere a Yesu maa ɔba a ɔyerae ho mfatoho no, na wɔn mu binom wɔ hɔ. Wei kyerɛ sɛ wɔn mpo, wɔn ani baa wɔn ho so na wɔsakra baa Onyankopɔn nkyɛn.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena