Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 24-25
  • Ɔdefo Ne Lasaro Tebea Sakra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdefo Ne Lasaro Tebea Sakra
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsakrae Baa Ɔdefo no ne Lasaro Asetenam
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Sikani No Ne Lasaro—Na Wɔyɛ Henanom?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔdefo no ne Lasaro
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 24-25

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Ɔdefo Ne Lasaro Tebea Sakra

NÁ YESU rebu bɛ bi afa ɔdefo ne ohiani bi a wɔfrɛ no Lasaro ho. Ɔdefo no gyina hɔ ma nyamesom akannifo a na wɔwɔ honhom fam hokwan ahorow no na Lasaro yɛ mpapahwekwa a honhom mu aduan ho kɔm de wɔn ho mfonini. Yesu toa n’asɛm no so na ɔka nsakrae titiriw bi a ɛbaa mmarima no nsɛm tebea mu ho asɛm.

Yesu ka sɛ: “Na ɛbae sɛ ohiani no wui na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no. Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman [Hades] no na ɔwɔ aninyanne mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom.”

Esiane sɛ ɔdefo no ne Lasaro nyɛ nnipa ankasa nti na mmom nnipa akuw mfonini nti, ntease wom sɛ wɔn wu nso yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Na wɔn wu no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne anaasɛ egyina hɔ ma dɛn?

Na seesei ara na Yesu atwe adwene asi nsɛm tebea mu nsakrae a aba no so awiei bere a ɔkae sɛ ‘Mmara ne Adiyifo no besii Yohane Suboni so, na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa’ no. Enti, ɛyɛ Yohane ne Yesu Kristo asɛnka no ho na ɔdefo no ne Lasaro nyinaa wui wɔ wɔn kan tebea mu no.

Saa Lasaro kuw a wɔbrɛ wɔn ho ase na ama wɔanya adwensakra no wu wɔ wɔn kan honhom mu ohia no ho na wobenya ɔsoro dom. Bere a na anka kan wɔhwɛ mporoporowa a afi honhom mu ɔpon so agu fam kwan fi nyamesom akannifo hɔ no, afei Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a Yesu de ma no redi wɔn ahiade ho dwuma. Enti wɔde wɔn ba Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn kokom anaasɛ n’anim gyinabea a ɔdom wom mu.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔka bom yɛ ɔdefo kuw no ba ɔsoro nnome ase esiane sɛ wɔkɔ so pow sɛ wobegye Ahenni asɛm a Yesu kyerɛkyerɛɛ no atom nti. Enti wowu wɔ wɔn kan tebea a ɛte sɛ nea ɔdom wom no ho. Nokwarem no, wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so aninyanne mu. Tie bere a ɔdefo no kasa no.

“Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu yaw ogyaframa yi mu.” Na Onyankopɔn atemmu nkrasɛm a ano yɛ hyew a na Yesu asuafo no rebɔ no dawuru no na na ɛrema ɔdefo kuw no mufo rehu aninyanne no. Wɔpɛ sɛ asuafo no gyae nkrasɛm a wɔka yi na wɔnam saayɛ so anya ahotɔ bi wɔ wɔn aninyanne no mu.

“Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wudii yiye na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu yaw. Na eyi nyinaa nkamfuaw, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn ntumi mmma, na wɔn nso a wɔwɔ nohɔ ntumi ntra mma yɛn kyɛn.”

Hwɛ sɛnea nsakrae a ɛyɛ nwonwa ba Lasaro ne ɔdefo kuw no ntam ma ɛfata! Nsɛm tebea mu nsakrae no ba wɔ asram kakraa bi akyi wɔ Pentekoste, 33 Y.B. mu bere a wɔde apam foforo no sii Apam Dedaw no ananmu no. Ɛbɛdaa adi pefee sɛ na asuafo no anya Onyankopɔn anim dom na ɛnyɛ Farisifo ne nyamesom akannifo afoforo no. Enti “oku kɛse” a ɛda sɛnkyerɛnne kwan so ɔdefo no ne Yesu asuafo ntam ɔno gyina hɔ ma Onyankopɔn trenee atemmu a ɛnsakra no.

Afei ɔdefo no srɛ “agya Abraham” sɛ ɔnsoma Lasaro nkɔ ‘n’agya fi; na ɔwɔ nuabarimanom baanum.’ Enti ɔdefo no ka ne bɔne kyerɛ sɛ ɔne agya foforo bi a ɔne Satan Ɔbonsam ankasa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔdefo no srɛ sɛ Lasaro mmrɛ Onyankopɔn atemmu nkrasɛm no ano a ɛyɛ den no ase sɛnea ɛbɛyɛ a ne “nuabarimanom baanum,” ne ɔsom mu nnamfo remma “aninyanne mu ha yi bi.”

“Na Abraham kae sɛ: Wɔwɔ Mose ne adiyifo no; ma wontie wɔn!” Yiw, sɛ ne “nuabarimanom baanum” no bekwati aninyanne de a, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wobetie Mose ne Adiyifo no nkyerɛwee a ɛma wohu Yesu sɛ Mesia no na afei wɔbɛyɛ n’asuafo. Nanso ɔdefo no pow eyi: “Dabi, agya Abram na sɛ obi fi awufo mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakra wɔn adwene. Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye nni.” Onyankopɔn remfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow mma na ama saafo agye adi. Sɛ nkurɔfo benya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no na wɔde di dwuma. Luka 16:16, 22-31; Yohane 8:44.

◆ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔdefo no ne Lasaro wu no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, na wɔn wu no yɛ dɛn ho mfonini?

◆ Dɛn ne aninyanne a wɔyɛɛ ɔdefo no, na ɔkwan bɛn so na ɔsrɛe sɛ wonnye no mfi mu?

◆ “Oku kɛse” no gyina hɔ ma dɛn?

◆ Hena ne ɔdefo no agya ankasa, na henanom ne ne nuabarimanom baanum no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena