So Wokae Sɛ “Meda Wo Ase”?
“BƆ, BƆ, awɔw bere mu mframa, wo a wonyɛ ɔyamɔnwenefo te sɛ ayɛ a onipa nni no.” Ampa, wagugum dodo! So ayɛ a onipa nni no betumi ayɛ nea ɛyɛ nwini kɛse sen awɔw bere mu mframa a ano yɛ den? Nea ɛyɛ awerɛhow no, esiane nneɛma ahorow nti, nnipa pii ne Shakespeare yɛ adwene wɔ n’asɛm a ɔkae yi mu.
Ɛwom sɛ nneɛma bɔne a ɛresisi wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ama nnipa koma ayɛ den de, nanso yɛda so ara hu sɛ aseda a obi mfa mma wɔ biribi ho no yɛ nea enye, efisɛ ɛkã hia a yehia yɛn ho yɛn ho titiriw no. Sɛ́ ankorankoro no, ɛnyɛ nneɛma a ɛho hia na ama asetra ayɛ nea anigye wom no nyinaa na yebehu yɛ. Yɛn mu kakraa bi na wɔbɛpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nnipa ho, anaasɛ wobetumi atra ase saa. Enti yehia yɛn ho yɛn ho.
Enti, bere a mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛma nneɛma ayɛ yiye bɛyɛ nea wommu no ahe biara; bere a afoforo de amemenemfe yɛ ade a yetua ho ka; bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ afoforo yiye na wɔn mmom mmuna anaasɛ wɔde anibɔne hwɛ yɛn; bere a ɔdɔ mu a yefi susuw afoforo ho no yɛ nea wobu sɛ ɛkyerɛ yɛ a yɛyɛ mmerɛw no; ɛma wɔn bonniayɛ no ka yɛn kodu yɛn koma mu pɛɛ. So woanya osuahu a ɛte sɛɛ pɛn?
Dɛn na ɛma obi yɛ bonniayɛ? Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea emu yɛ den de, nanso nea ɛma ɛba saa titiriw ne pɛsɛmenkominya. Ɛwom, pɛsɛmenkominya gu ahorow, efi nneɛma ho a wonsusuw so kosi obi nkutoo ho a osusuw so. Ebia onipa a onsusuw nneɛma ho no ho bedwiriw no na mpo ɛbɛhaw no bere a wɔda aseda a wamfa amma wɔ biribi ho no adi kyerɛ no no, nanso onipa a ne nkutoo ho na osusuw de, biribiara mfa no ho. Wɔ ne nyinaa mu no, ɛda adi sɛ ebia yɛwɔ dɛm bi a ɛho hia sɛ yɛhwɛ no yiye.
Sua a Yebesua sɛ Yɛde Aseda Bɛma
Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛasua sɛ yɛde aseda bɛma? Nea edi kan no, mfa adeyɛ biara sɛ nea ɛho nhia. Ɛyɛ den dɛn sɛ wobɛka sɛ “meda wo ase” ara kwa, na ɛyɛ nea efi wo koma mu? Wɔ mmeae binom no, esiane atetesɛm a ɛmfata nti, nkurɔfo te nka sɛ ɛyɛ nea ɛho nhia sɛ wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ wo” anaasɛ, “Meda wo ase.” Nanso Bible no tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.’—Kolosefo 3:15.
Afei, yebetumi ama anisɔ a yɛwɔ ma nea afoforo yɛ ma yɛn no anya nkɔso. Eyi bɛyɛ nea ɛkame ayɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn yɛ ade nyinaa ka ho, titiriw wɔn a wɔbɛn yɛn kɛse wɔ fie no. Nnanson wɔ dapɛn biara mu no ebia wo yere bɛkɔ akodi gua, ɔbɛhoro nneɛma, anoa aduan, asiesie nneɛma afoforo, ahwɛ mmofra no. Adwuma a ɛdɔɔso! So yɛnam nneyɛe ne ɔkasa so kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ? Anaasɛ bere a bere kɔ so no, wofa no sɛ mmɔden ahorow a ɔbɔ no yɛ nea ɛho nhia titiriw biara? So woabisa wo ho nnansa yi sɛ, So anisɔ a mekyerɛ no yɛ nea ɛfata ma nneɛma ahorow nyinaa a ɔyɛ de ma yɛn fie ha yɛ nea asomdwoe wom wɔ basabasayɛ wiase a ɛwɔ akyi no ho no? Wɔ kwan foforo so no, so yɛn a yɛyɛ ɔyerenom no kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ mmɔden ahorow a yɛn kununom bɔ sɛ wɔbɛma yɛanya aduan adi wɔ tebea horow a emu yɛ den a mpɛn pii ɛde abasamtu ba a ohyia da biara wɔ adwuma mu no kɛse?
Wɔ nnɛ bere yi a ɔyerenom pii yɛ adwuma yi mu no, ɔbrɛ no yɛ nea ɛdɔɔso. Ofie nnwuma no pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔde ne yɛ hyɛ anwummere ne dapɛn awiei. Ɛtɔ bere bi a nea ɛmma ne aseda. Nnipa a wɔabrɛ ba bɛyɛ wɔn a wonni koma, na wɔbɛyɛ wɔn a wonni bere pii mma nneɛma a ɛkyerɛ nidi ne ayamye wɔ asetra mu no. Wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ abusua no mu nyinaa siesie wɔn ho sɛ wɔde mfomso ahorow befiri.
Na yɛn mma a yɛbɛda wɔn ase nso ɛ? Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ wonyin wɔ nipadua ne adwene mu na wogye ntetee a yɛde ma wɔn no tom; sɛ mubehu sɛ wɔyɛ wɔn nnwuma ahorow a mode ahyɛ wɔn nsa esiane sɛ moakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔyɛ abusua no fã nti; bere a muhu sɛ wɔwɔ mo mu ahotoso; bere a wɔde wɔn nsa to mo kɔn mu wɔ ɔdɔ mu na mofew wɔn ano ma wɔn da yiye no. Yiw, nneɛma ahorow pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛda yɛn mma ase, yɛda wɔn nanom a wɔde bere pii tete wɔn no ase, na nea ɛho hia titiriw no, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase, efisɛ ɔne abusua Hyehyɛfo.
Wɔ abusua no akyi no, yɛn mfɛfo a wɔwɔ yɛn adwuma mu ne afoforo pii a wɔyɛ nneɛma ahorow no nyinaa boa ma yɛn yiyedi kɔ so. Enti ɛsɛ sɛ yɛda nea wɔyɛ no nso ho ase. Mpɛn pii yɛn nso yebetumi ayɛ biribi ama wɔn. Ebia ebetumi ayɛ serew a yɛbɛserew akyerɛ wɔn kɛkɛ anaasɛ “meda wo ase” a yebefi ɔdɔ mu aka. Ade a ɛho hia titiriw ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔn a wonni adagyew araa ma yebu yɛn ani gu anisɔ a yɛbɛkyerɛ so. Kyerɛ sɛ, wɔ sika biara a ebia woatua akyi no, w’ani sɔ nea wɔayɛ ama wo no ne ɔkwan a wɔfaa so yɛe no. Saa a wobɛyɛ no bɛma afoforo ani agye, na ɛno yɛ adwempa a ɛsɛ sɛ wunya wɔ asetra mu.
So Wode Aseda ma Onyankopɔn?
Wɔ Luka ti 17 no yɛkenkan akwatafo du a wohyiaa Yesu na wɔsrɛɛ no sɛ onhu wɔn mmɔbɔ no ho asɛm. Bere a na ɛwɔ n’adwene mu sɛ ɔbɛsa wɔn yare no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo sɛnea Mmara no hwehwɛ no. Bere a wɔrekɔ no “wɔn ho fii.” Nanso wɔn mu biako pɛ na ɔsan bae bɛdaa Yesu ase na oyii Onyankopɔn ayɛ sɛ wagye no. Ná ɛyɛ nea anka ebetumi ayɛ Yesu yaw. Obisae sɛ: “Na baakron no de, wɔwɔ he? Wanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?” (Luka 17:11-19) Baakron no amfa aseda amma wɔ biribi a na ɛsom bo kɛse ma wɔn no ho—gye a wagye wɔn afi ɔyare bɔne a ɛne kwata ho no. Yesu hui sɛ ɛfata sɛ ɔbɛtwe adwene asi eyi so. Nanso hwɛ sɛnea Samariani a ɔsan bae na ɔde aseda mae wɔ ɔkwampa so no su yɛ soronko wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so!
Afei ɛhe na wugyina wɔ aseda a wɔde ma Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ne yi a woyi wɔn ayɛ no mu? So wususuw sɛ biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ woda wɔn ase?
Ɛda adi sɛ na nnipa pii nsusuw saa wɔ ɔsomafo Paulo nna no mu, efisɛ ɔka kyerɛɛ mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Onyankopɔn ho ade a wonim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. . . . Enti na wonni anoyi biara; efisɛ wonim Onyankopɔn, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase.”—Romafo 1:19-21.
Ɛnnɛ nso, nnipa baahe na wɔyɛ wɔn a wonhu na wonni ayɛ? So ebetumi aba sɛ woyɛ wɔn mu biako?
Aseda koma ma ne wura nya anigye. Ɛma nea ɔyɛ saa no nya asomdwoe ne akomatɔyam. Ɛma onya su a eye. Onya Onyankopɔn nhyira. “Meda wo ase” yɛ nsɛmfua abiɛsa pɛ a ɛma koma ani gye. Enti fa aseda ma wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu, sɛ wopɛ sɛ woma Onyankopɔn ne onipa koma ani gye a.
[Kratafa 24 mfoni]
Okununom a wɔwɔ ayɛ mfa ɔyere adwuma sɛ ɛyɛ nea ɛnsom bo biara
[Kratafa 25 mfoni]
Ɛsɛ sɛ “mesrɛ wo” ne “meda wo ase” yɛ nsɛm a ɛda su pa adi a wɔtaa ka
[Kratafa 26 mfoni]
Nneɛma ahorow pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛda yɛn mma ase
“Meda wo ase” a woka wɔ biribiara a wɔyɛ ma wo ho betumi akyerɛ pii