KRISTOFO ABRABƆ
Monkae Lot Yere No
Bere a Lot yere reguan afi Sodom no, adɛn nti na otwaa n’ani hwɛɛ n’akyi? Bible no nka ho asɛm. (Ge 19:17, 26) Yɛhwɛ kɔkɔbɔ a Yesu de mae wɔ saa asɛm no ho a, ɛbɛyɛ sɛ na n’ani agyina nneɛma a wagyaw wɔ n’akyi no. (Lu 17:31, 32) Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛhwere Onyankopɔn anim dom sɛnea ɛtoo Lot yere no a, dɛn na yebetumi ayɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma a yɛrehwehwɛ no bɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam. (Mt 6:33) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ‘yentumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.’ (Mt 6:24) Nanso sɛ yehu sɛ honam fam nneɛma afi ase regye bere a yɛde som Onyankopɔn no nso ɛ? Yebetumi abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn nhumu na yɛahu baabi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae, na ɔmma yɛn akokoduru ne ahoɔden a yɛde bɛyɛ nsakrae no.
VIDEO A YƐAKYEKYƐM MMIƐNSA A YƐATO DIN MONKAE LOT YERE NO NO, HWƐ SƐ WOBƐKAE EMU NSƐM A, NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Dɛn na mɛyɛ de akyerɛ sɛ ‘mekae Lot yere no’?
Bere a abusuafo hyɛɛ Gloria sɛ ɔnyere ne ho mpɛ sika pii no, ɛkaa ne nsusuwii, ne kasa, ne ne nneyɛe sɛn?
Ɔkwan bɛn so na nea ɛtoo Lot yere no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn nnɛ?
Bible nnyinasosɛm a Joe ne n’abusua de yɛɛ adwuma no, ɛboaa wɔn sɛn?
Nnipa a Anna de ne ho bɔɔ wɔn wɔ adwumam no, ɛkaa ɔne Onyankopɔn abusuabɔ sɛn?
Sɛ nkurɔfo hyɛ yɛn sɛ yɛmfa sikapɛ nsi yɛn ani so a, adɛn nti na yehia akokoduru?
Ɛyɛɛ dɛn na Ben ne Gloria tumi maa Onyankopɔn som san bɛyɛɛ ade titiriw wɔ wɔn asetena mu?
Bible nnyinasosɛm bɛn na wuhu sɛ video yi ka ho asɛm?