Abofra A Wobɛboa No Ma Wanyin Wɔ Nyansa Mu
NNIPA a wodwen ade ho yiye a wofi aman pii so ne tebea ahorow mu no gye tom sɛ na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho yɛ nwonwa ne obi a na okura abrabɔ pa mu. Nanso so ne mmofrabere mu ntetee no mu nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɛboae wɔ eyi mu anaa? Asuade ahorow bɛn na nnɛyi awofonom betumi anya afi n’abusua asetra ne ne ntetee no mu?
Bible no nka Yesu mmofraase nsɛm pii nkyerɛ yɛn. Sɛnea ɛte no, wɔka ne mfe 12 a edi kan no mu nsɛm wɔ nkyekyem abien mu: “Na [Yosef ne Maria] wiee amanne nyinaa yɛ sɛnea [Yehowa] mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ Galilea, wɔn kurow Nasaret mu. Na abofraa no nyinii, na ɔyɛɛ den na nyansa yɛɛ no ma, na Onyankopɔn dom wɔ ne so.” (Luka 2:39, 40) Nanso biribi wɔ ha a ɛsɛ sɛ awofonom sua.
Abofra no “nyinii na ɔyɛɛ den.” Enti na n’awofo hwɛ no wɔ ɔhonam fam. Afei nso, ‘nyansa kɔɔ so yɛɛ no ma.’a Ná ɛyɛ hena asɛyɛde sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no ma wanya nimdeɛ ne ntease a saa nyansa no begyina so no?
Wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛyɛ n’awofo asɛyɛde. Mmara no ka kyerɛɛ Israelfo awofo sɛ: “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ‘nyansa kɔɔ so yɛɛ Yesu ma’ ne sɛ na “Onyankopɔn dom wɔ no so” nso no da no adi sɛ na Yosef ne Maria redi saa ahyɛde yi so.
Ebia ebinom bɛte nka sɛ esiane sɛ na Yesu yɛ abofra a ɔyɛ pɛ nti ne ntetee no rentumi nyɛ nhwɛso mma mmofra afoforo a wɔbɛtete wɔn. Nanso, na Yosef ne Maria nyɛ pɛ. Nanso ɛda adi sɛ wɔkɔɔ so dii ne honam fam ne honhom fam ahiade ahorow ho dwuma, na wɔyɛɛ saa a na wɔn abusua a emu retrɛw no mfa ho. (Mateo 13:55, 56) Afei nso, ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso na ɛsɛ sɛ onyin fi mmotafowa bere no mu ara besi sɛ ɔbɛyɛ ɔpanyin. Na nnwuma pii a n’awofo no bɛyɛ de asiesie no wɔ hɔ, na ɛda adi sɛ wɔyɛɛ no yiye.
Bere A Yesu Dii Mfe 12
“Na n’awofo kɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase.” (Luka 2:41) Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔbarima biara kɔ Yerusalem kodi afahyɛ ahorow no. (Deuteronomium 16:16) Nanso kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ na n’awofo no “kɔ daa.” Ná Yosef ne Maria, ne ebia abusua no mufo nkae no nyinaa twa ɔkwan a ne tenten bɛyɛ akwansin 60 no kɔ Yerusalem kodi afahyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no. (Deuteronomium 16:6, 11) Ná ɛyɛ wɔn amanne—ade a wɔyɛ daa wɔ wɔn asetra mu. Afei nso, na wɔmmfa wɔn ho nkɔkyerɛ wɔ hɔ ara kwa; wɔtraa hɔ afahyɛ nna no nyinaa.—Luka 2:42, 43.
Eyi de asuade bi a ɛho hia ma awofo nnɛ. Ná saa afe afe afahyɛ ahorow a wodi wɔ Yerusalem no yɛ nhyiam mmere, ne mmere a wɔde gye wɔn ani nso. (Leviticus 23:4, 36) Ná ɛyɛ mmere a Yosef, Maria ne abofra Yesu de nya honhom mu nneɛma a denhyɛ wom. Ɛnnɛ, eye sɛ awofo bɛyɛ biribi a ɛte saa ara na wɔde ama wɔn mma anya asetra mu nsakrae a ɛyɛ anigye ne honhom mu nkɔso. Yehowa Adansefo awofonom yɛ eyi denam nhyiam nketewa ne akɛse a wɔyɛ no daa wɔ afe no mu a wɔde wɔn mma kɔ no so. Wɔ saa kwan no so no, mmofra no nya anigye a efi akwantu mu ba no na wotumi ne gyidifo afoforo ɔhaha anaa ɔpepem pii bɔ fekuw nna bi. Agya bi a otumi tetee ne mma du ka sɛ nea ɛma otumi yɛe no fã kɛse gyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ efi bere a ɔbɔɔ asu sɛ Kristoni mfirihyia 45 ni no, ɔnhweree nhyiam biara fã biako mpo da no so. Na wahyɛ n’abusua nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma ebi pa wɔn ti so.
Anifaso Bi
Bere a na Yesu sua no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbɛn n’awofo wɔ saa afe afe akwantu ahorow a wɔde kɔ kurow kɛse Yerusalem mu no mu. Nanso, bere a ɔrenyin no, ebia wɔmaa no ahofadi kakra. Bere a odii mfe 12 no, na wadu baabi a Yudafo bu sɛ ɛyɛ bere titiriw bere a ɔrebɛn mpanyin afe so no. Ebia esiane saa nsakrae a wonim yi nti na anifaso bi bae bere a bere dui sɛ Yosef abusua no san fi Yerusalem kɔ wɔn kurom no. Amanneɛbɔ no se: “Na wodii nna no wiei na wɔresan aba no, abofraa Yesu no kaa akyiri wɔ Yerusalem, nanso n’awofo nnim. Na wosusuwii sɛ wafra nnipakuw no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafo ne amannifo mu.”—Luka 2:43, 44.
Saa asɛm a esii yi mu nneɛma bi wɔ hɔ a awofo ne mmofra nyinaa begye atom. Nanso, nsonosonoe biako wom: na Yesu yɛ pɛ. Esiane sɛ na ofi osetie mu brɛ ne ho ase ma Yosef ne Maria nti, yɛrentumi nka sɛ wanni nhyehyɛe bi a wɔne no yɛe so. (Luka 2:52) Ebetumi aba sɛ wɔne no nkitahodi mu twae. Awofo no susuwii sɛ na Yesu ne abusuafo ne amannifo bi kɔ. (Luka 2:44) Wɔ sɛnea nnipa pii refi Yerusalem no mu no nti, ɛnyɛ den sɛ yebesusuw sɛ wobedi kan de wɔn adwene asi wɔn mma nkumaa no so na wɔasusuw sɛ wɔn ba panyin Yesu nso di mu reba.
Nanso, ɛda adi sɛ Yesu susuwii sɛ n’awofo behu baabi a ɔwɔ. Wohu eyi wɔ mmuae a ɔde mae akyiri yi no mu: “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ sɛ metra m’agya fi?” Ɛnyɛ sɛ ommu ade. Ne nsɛm no da sɛnea ne ho dwiriw no wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na n’awofo no nnim faako a wobehu no no ho. Ɛyɛ nneɛma ho ntease a wɔntaa nya no ho nhwɛso a awofo a wɔwɔ mmofra a wɔrenyin no betumi ahyɛ no nsow.—Luka 2:49.
Susuw sɛnea Yosef ne Maria ho yeraw wɔn wɔ da a edi kan no awiei bere a wohuu sɛ Yesu ayera no ho. Na susuw sɛnea wɔbɛhaw kɛse wɔ nnanu a wɔde hwehwɛɛ no wɔ Yerusalem no ho hwɛ. Nanso ɛbae sɛ ntetee a wɔde maa Yesu no ho baa mfaso wɔ saa ɔhaw bere yi mu. Ná Yesu mfaa ne ho mmɔɔ fekuw bɔne biara. Ná ɔrenyɛ biribi a ebegu n’awofo anim ase. Wohuu Yesu no, na ɔwɔ “asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm. Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.”—Luka 2:46, 47.
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wansɛe ne bere no kwa ne adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Bible nnyinasosɛm mu ntease pa no daa no adi sɛ na Yosef ne Maria ama no ntetee pa abesi saa bere no. Nanso Maria yɛɛ n’ade te sɛ ɛna bi a wahaw ara pɛ: nea edi kan no, ne ho a atɔ no sɛ hwee nyɛɛ ne ba no; ne afei sɛnea asɛm no ahaw no ne n’ahoyeraw no a ɔda no adi sɛ: “Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw ahwehwɛ wo” no. (Luka 2:48) Ɛyɛ nwonwa sɛ Maria dii kan kasae de kyerɛɛ awofo no haw a na wɔahaw no ansa na Yosef rekasa. Mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔrekenkan saa asɛm yi mu pii bɛka sɛ: “Saa ara na me maame te!”
Asuade Ahorow A Ɛwom
Asuade ahorow bɛn na yebetumi anya afi saa asɛm yi mu? Mmofra a wonnii mfe aduonu taa fa no sɛ wɔn awofo nim nneɛma ahorow a wɔredwen ho no. Wɔtaa te sɛ wɔka sɛ: “Na misusuw sɛ wubehu.” Awofo, sɛ mo ba aka eyi bi akyerɛ mo pɛn bere a na monte mo ho ase a, ɛnyɛ mo ne wɔn a wodi kan a wɔahyia saa asɛnnennen yi bi.
Sɛ mmofra rebɛn mpanyin afe so a, wɔde wɔn ho fi wɔn awofo ase nkakrankakra. Saa nsakrae yi fi awosu mu, na ɛsɛ sɛ awofo yɛ nsakrae ahorow de di ho dwuma. Nanso, wɔ ntetee a ɛkyɛn so nyinaa akyi mpo no, nsɛnnennen bɛsɔre na awofo benya wɔn kyɛfa wɔ ɔhaw ahorow no mu. Nanso sɛ wodi Yosef ne Maria nhwɛso no akyi a, bere a ɔhaw asɔre no, ntetee a wɔde ama wɔn mma no bɛma wɔayɛ nea ɛteɛ.
Ɛda adi sɛ Yesu awofo kɔɔ so ne no yɛɛ adwuma wɔ ne mmerantebere mu. Wɔ nea esii yi a yɛasusuw ho no akyi no, ɔde ahobrɛase “ne wɔn siim san kɔɔ” ne kurom na “ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn.” Na dɛn na efii mu bae? “Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Onyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.” Enti saa asɛm a esii yi kowiee anigye mu. (Luka 2:51, 52) Wɔ awofo a wodi Yosef ne Maria nhwɛso no akyi, na wɔboa wɔn mma ma wonyin wɔ ɔsoro nyansa mu, na wɔma wɔn ofie asetra pa na wɔma wonya fekubɔ pa fam no, ebetumi ayɛ yiye sɛ biribi a ɛte saa ara na wɔn mma benya. Ɛda adi sɛ mmofra a wɔte saa no benya anigye wɔ asetra mu bere a wonyin bɛyɛ Kristofo mpanyin a wotumi gye asɛyɛde to wɔn ho so no.
[Ase hɔ asɛm]
a Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no da adwene a ɛne sɛ ‘nyansa a ɛyɛɛ Yesu ma’ no yɛ adeyɛ a na ɛkɔ so daa na enya nkɔanim no adi.