Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yɛbɛyɛ Dɛn De Anigye Asom Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban—2014 | March 15
    • 8, 9. (a) Tebea bɛn na na okunafo hiani no wom? (b) Bere a okunafo no wɔ asɔrefie hɔ no, nsɛm bɛn na ebia osusuw ho?

      8 Bere a Yesu wɔ asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem no, ohuu okunafo hiani bi. Sɛ nnɛ yentumi nyɛ pii mpo a, ɔbea no nhwɛso betumi aboa yɛn ma yɛde anigye asom. (Monkenkan Luka 21:1-4.) Ma yɛnhwɛ tebea a na okunafo no wom: Nea edi kan, na ne kunu aka baabi, na ebia na ɔda so ara redi ho yaw. Afei na nyamesom akannifo no yɛ apoobɔfo a ahiafo asɛm nyɛ wɔn mmɔbɔ, na mmom “wɔmemene akunafo afie.” (Luka 20:47) Ná okunafo no di hia buburoo, enti ntoboa a na obetumi ayi aboa asɔrefie no ara ne sika a anka ɔpaani begye simma kakraa bi.

      9 Afei twa tebea no ho mfonini: Okunafo yi aba asɔrefie adiwo hɔ a nkaprɛ mma abien kura no. Ebia ɔde nkaprɛ mma abien no toto ntoboa a na otumi yi bere a ne kunu te ase ho a, obu no sɛ esua dodo. Sɛ ɔhwɛ sɛnea wɔn a wodi n’anim reyi ntoboa akɛse akɛse a, ebia ɔbɛka sɛ ne sika no nnu hwee, enti ɔbɛfɛre wɔ ne tirim. Yennim ara, nanso sɛ saa na na osusuw mpo a, ɔyɛɛ nea obetumi de boaa nokware som.

  • Yɛbɛyɛ Dɛn De Anigye Asom Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban—2014 | March 15
    • 11. Dɛn na wubetumi asua afi okunafo no asɛm mu?

      11 Wo nsɛm tebea na ɛbɛkyerɛ nea wubetumi de ama Yehowa. Onyin anaa yare nti, ebinom ntumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛnde, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛka sɛ esua sɛ wobu ho akontaa anaa? Ebia wo ho yɛ den, nanso ɛno mpo no, sɛ wode nnɔnhwerew a wode yɛ asɛnka adwuma no toto nea Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa yɛ ho a, anhwɛ a wubesusuw sɛ ennu baabiara. Nanso okunafo hiani no asɛm ma yehu sɛ Yehowa ani sɔ nea yetumi yɛ ma no biara, ɛnkanka bere a nneɛma mu ayɛ den. Wo deɛ bu kɔmpɔ hwɛ nea wutumi yɛ maa Yehowa afe a etwaam no. Wokae dɔnhwerew biako bi a wosam w’anim fifiri ansa na woretumi ayɛ asɛnka adwuma no? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ nea wutumi yɛe saa dɔnhwerew no mu. Sɛ wusuasua ɔbea kunafo no na woyɛ nea wubetumi biara wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ ‘wowɔ gyidi no mu.’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena