-
So Wunim?Ɔwɛn-Aban—2008 | March 1
-
-
Ná okunafo no nkaprɛ mma abien no yɛ ahe?
Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na asɔrefie tow a Yudafo no tua afe biara yɛ “nnwetɛbona abien,” a ɛyɛ bɛyɛ nnanu akatua. (Mateo 17:24) Nanso, Yesu kae sɛ na nkasanoma abien bo yɛ “kaprɛ,” a ɛte sɛ simma 45 akatua. Nokwarem no, na obi betumi de nkaprɛ mma abien anaa simma 90 akatua atɔ nkasanoma anum.—Mateo 10:29; Luka 12:6.
Ná okunafo hiani no sika a ɔde koguu sika nnaka a ɛwɔ asɔrefie hɔ a Yesu hui no nnu eyi ho hwee koraa. Ná saa nkaprɛ mma abien no anaa lepta abien yɛ kɔbere sika a esua koraa a na Israelfo di saa bere no. Sɛ na obi yɛ adwuma nnɔnhwerew 12 da kora a, na ɛyɛ da koro akatua nkyem aduosia anan mu biako anaasɛ na ennu simma 12 akatua.
Yesu Kristo buu okunafo no akyɛde no sɛ ɛsom bo paa sen wɔn a wɔde nea “wɔanya ma aboro so” koguu mu no. Dɛn ntia? Bible ka sɛ na okunafo no wɔ “nkaprɛ mma abien,” enti anka obetumi de biako akɔtom na ɔde biako ato ne ho. Nanso ɔde “nea ɔwɔ nyinaa, n’asetrade nyinaa” koguu mu.—Marko 12:41-44; Luka 21:2-4.
-
-
So Wunim?Ɔwɛn-Aban—2008 | March 1
-
-
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Lepta, ne kɛse ankasa
-