-
Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2020 | No. 2
-
-
Yesu kaa sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni; na asasewosow akɛse bɛba, na ɔyaredɔm ne aduankɔm bɛba mmeaemmeae.” (Luka 21:10, 11) Sɛ yehu sɛ saa nneɛma yi nyinaa abom resisi a, ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ pefee sɛ “Onyankopɔn ahenni no abɛn.” Ɛnde yemmisa sɛ, saa nneɛma no abom asisi wɔ wiase baabiara anaa? Ma yɛnhwɛ adanse a edidi so yi.
-
-
Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2020 | No. 2
-
-
2. ASASEWOSOW
Nhoma a wɔato din Britannica Academic no ka sɛ, asasewosow a esisi afe biara no, emu bɛyɛ 100 de, wohwɛ sɛnea ano yɛ den fa no a, “ebetumi asɛe nneɛma paa.” Ɛno da nkyɛn a, asoɛe bi a wɔfrɛ no United States Geological Survey bɔ amanneɛ sɛ, ‘nhwehwɛmu a wɔayɛ fi afe 1900 mu hɔ reba no ama wɔahu sɛ, afe biara, asasewosow akɛse 16 na wɔhwɛ kwan sɛ ebesisi.’ Ɛwom, ebia ebinom bɛka sɛ, abɛɛfo mfiri a aba nnansa yi a ɛma yetumi hu asasewosow a esisi nti na ɛyɛ yɛn sɛ asasewosow adɔɔso no. Nanso nea ɛwom ara ne sɛ, sɛnea asasewosow akɛse a ɛresisi wɔ wiase baabiara no ama nkurɔfo rehu amane na ɛrekunkum nnipa pii no, ɛso bi mmae da.
3. ADUANKƆM
Nneɛma a ɛtaa kɔfa aduankɔm ba no bi ne akodi, nyansakorɔn, aman bi sikasɛm a egyigya, ne kuayɛ ho ntotoe a wɔnyɛ no yiye. Ɔpɛ, nsuyiri, ahum, ne nneɛma a ɛtete saa nso tumi kɔfa aduankɔm ba, efisɛ aman ahorow mfa nhyehyɛe pa biara ngu akwan mu a sɛ saa nneɛma yi sisi a ɛbɛma nkurɔfo akɔ so anya aduan adi. Boayikuw a Ɛhwɛ Aduan Ho Nsɛm So Wɔ Wiase no de asɛm bi a wɔato din, “Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Afe 2018 Mu” too gua. Wɔkaa wom sɛ: “Wohwɛ wiase nyinaa a, nnipa ɔpepem 821 na wodi kɔm, na wɔn mu ɔpepem 124 de, ɔkɔm rekum wɔn.” Afe biara, mmofra bɛyɛ ɔpepem 3.1 na aduan pa a wonnya nni nti wɔhwere wɔn nkwa. Afe 2011 no, mmofra a wowuwui wɔ wiase nyinaa no, wuyi ɔha biara a, emu bɛyɛ 45 de, aduan pa a na wonnya nni nti na wowuwui.”
4. NYAREWA NE NSANYARE
Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kaa wɔ wɔn nhoma bi mu sɛ: “Efi afe 2001 reba no, nsanyare ahorow a ɛhaw adwene atrɛw aka nnipa bebree. Nyarewa a yenim dedaw te sɛ atiridiinini (plague ne yellow fever) ne ayamtunini asan ayi wɔn ti. Nyarewa foforo nso aba. Ebi ne SARS, influensa a ɛtrɛw kɔ aman ahorow so, MERS, Ebola, ne Zika.” Nea abɛka ho nnansa yi ne COVID-19 nsanyare kodiawuo no. Ɛwom, nyansahufo ne dɔkotafo asua nyarewa ho ade akɔ akyiri paa, nanso wontumi nnyaa nyarewa nyinaa ano aduru.
-