Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wiase a Yare Nnim
    Nyan!—2004 | June 8
    • Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Ahenni no kwan? Bere a Yesu rema saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɔkae sɛ nsakrae atitiriw bi bɛba wiase a ɛbɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Ahenni no aba. Ɔkae sɛ saa nneɛma yi bi bɛyɛ ‘ɔyaredɔm a ebesisi mmeaemmeae.’ (Luka 21:10, 11; Mateo 24:3, 7) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔyaredɔm” no kyerɛ “nsanyare a ekunkum nnipa pii.” Ɛmfa ho nkɔanim a nyansahufo anya wɔ nnuruyɛ mu no, ɛda adi pefee sɛ ɔyaredɔm a ɛyɛ hu sisii wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.—Hwɛ adaka “Nnipa a Ɔyaredɔm Akunkum Wɔn Fi 1914 Mu.”

      Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu a ɛne Yesu nsɛm a ɔkae wɔ Nsɛmpa no mu hyia no ka apɔnkɔsotefo bebrebe bi a wodi Yesu Kristo akyi bere a ofi ase di tumi wɔ soro no ho asɛm. Ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no te “ɔpɔnkɔ nsõnso bi” so, na ‘ɔde owuyare’ na ɛnam. (Adiyisɛm 6:2, 4, 5, 8) Sɛ yɛhwɛ nnipa dodow a nsanyare atitiriw akunkum wɔn fi 1914 no a, edi adanse sɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so pɔnkɔsotefo no reyɛ adwuma. ‘Owuyare’ a aka nnipa wɔ wiase nyinaa no di adanse sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.b—Marko 13:29.

  • Wiase a Yare Nnim
    Nyan!—2004 | June 8
    • [Adaka wɔ kratafa 28]

      Nnipa a Ɔyaredɔm Akunkum Wɔn Fi 1914 Mu

      Saa akontaabu yi nni mu nwie ankasa. Nanso ɛma yehu sɛnea nsanyare ahaw nnipa fi 1914 mu.

      ◼ Mpete (nnipa bɛyɛ ɔpepem 300 kosi ɔpepem 500) Wɔantumi annya ano aduru da. Nanso ebeduu 1980 mu no, wɔnam nhyehyɛe a wɔyɛe ma wɔwɔɔ nkurɔfo paane wɔ wiase nyinaa no so tuu ase.

      ◼ Nsamanwaw (nnipa bɛyɛ ɔpepem 100 kosi ɔpepem 150) Ɛnnɛ, nsamanwaw kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien afe biara, na nnipa a wɔwɔ wiase mu 3 biara mu 1 wɔ nsamanwaw yare mmoawa no bi.

      ◼ Atiridii (nnipa bɛyɛ ɔpepem 80 kosi ɔpepem 120) Afeha a ɛto so 20 no fã a edi kan no, na atiridii kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien afe biara. Baabi a atiridii kunkum nnipa sen biara mprempren ne Afrika anafo fam, faako a ekunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako afe biara.

      ◼ Spania influensa (nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 kosi ɔpepem 30) Abakɔsɛm kyerɛwfo binom ka sɛ nnipa a ekunkum wɔn no dɔɔso sen saa. Saa owuyare yi tɔree nnipa ase wɔ wiase nyinaa wɔ 1918 ne 1919 mfe no mu wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no akyi pɛɛ. Man and Microbes nhoma no ka sɛ “mpɔmpɔ bɔne no mpo ankunkum nnipa ntɛmntɛm saa.”

      ◼ Atiridiinini (nnipa bɛyɛ ɔpepem 20) Mpɛn pii no, sɛ ɔko ba awiei a, atiridiinini na edi akyi ba. Wiase ko a edi kan no de atiridiinini bae ma ekunkum nnipa wɔ Europa Apuei fam.

      ◼ AIDS (nnipa bɛboro ɔpepem 20) Saa yare a aba yi rekunkum nnipa ɔpepem abiɛsa afe biara. Amanaman Nkabom nhyehyɛe a wɔayɛ de reko tia AIDS no akontaabu kyerɛ sɛ “sɛ wɔantrɛw mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiw yare no ano ahwɛ wɔn a wɔanya bi no mu kɛse a, nnipa ɔpepem 68 na ebewuwu wɔ afe 2000 ne 2020 ntam.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena