Wɔma Wiase Nyinaa Aduamma Ho Awerɛhyem-Ɔkwan Bɛn So?
“EBIA mmɔden a ɛsen biara a yɛabɔ no nnɔɔso sɛ ɛbɛma obiara anya aduan sɛnea yɛahu wɔ afeha yi mu fã kɛse no ara mu no,” saa na Lester Brown, Washington, D.C., ahyehyɛde bi a wɔfrɛ no Worldwatch Institute no titrani no kyerɛ. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, wɔ 1995 mfiase no, awi dodow a wɔkora so wɔ wiase no so huan sen biara ma ebeduu tɔn ɔpepem 255—dodow a ebetumi ahwɛ wiase no nnafua 48 pɛ. Mfe a atwam no mu no, sɛ na dodow a wɔkora so no so tew bedu nnafua 60 a, na etumi kɔ soro akyiri yi. Nanso seesei Worldwatch ntumi nhu sɛ ebia asase betumi asan anya nea ɛhwere no anaa.
Bere a wɔannya aduan a ɛdɔɔso mfe abiɛsa akyi, na aman a wonnyaa nkɔso pii nso de awi ma wɔn nyɛmmoa no, awi kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ ma ahiafo a ɛyɛ wɔn aduan titiriw no. New Scientist bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wɔanyɛ tebea no ho biribi ntɛm a, ɔkɔm befi ase ade nnipa ɔpepepem biako a anyɛ yiye koraa no, wɔsɛe sika a wonya mu ɔha biara mu nkyem 70 wɔ aduan ho no.
Bible ka siei sɛ asase sofo a wɔwɔ yɛn mmere yi mu no bedi ‘kɔm.’ (Luka 21:11) Nanso Onyankopɔn mmuu n’ani nguu ɔhaw no so. Nokwarem no, dwen a odwen nnipa tebea ho no bɛda adi kɛse koraa bere a N’ahenni di asase so nsɛm ho dwuma no. Saa bere no, ‘asase bɛbɔ n’aduan.’ “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 67:6; 72:16) Afei nkɔmhyɛ nsɛm yi a ɛfa Ɔbɔadeɛ no ho bɛbam: “Woabɛhwɛ asase, woama ɛso aduan abu so bebree . . . Aburow nso [bɛkata] abon no mu.”—Dwom 65:9, 13.
So w’ani gye saa bɔhyɛ a ɛyɛ anigye no ho? Wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea wubetumi anya mu kyɛfa? Ɛnde ma Yehowa Adansefo nka Paradise a wɔahyɛ ho bɔ yi ho nsɛm pii nkyerɛ wo, bere foforo a wɔba wo fie no. Sɛ wobɛpɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw kɔma Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Nea ɛwɔ mfinimfini no: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.