Nyarewa—Nna A Edi Akyiri Ho Sɛnkyerɛnne Anaa?
WIASE NYANSAHUFO renya nkɔso ntɛmntɛm wɔ ɔdesani bɔbeasu ho nhwehwɛmu mu. Ebinom gye di sɛ wɔreyɛ ahu dekode a ɛma wutumi nya nyarewa ahorow no. Wɔkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ wobetumi asa nyarewa ahorow bi denam nsakrae horow a wobɛyɛ wɔ wo nipadua mu no so.
Dr. W. French Anderson a ɔyɛ adwuma wɔ National Institute of Health se, “Bere a wotumi de nipadua mu nneɛma ahorow bi di dwuma de sa nyarewa no, wobetumi nso de nipadua mu nneɛma ahorow bi adi dwuma ma ɛde nsakrae horow bi aba.” Ɔde ka ho sɛ: “Ebetumi ayɛ yiye sɛ yebefi ase de yɛn nipasu adi agoru.” Asɛm a emu yɛ den, sɛ yɛbɛka no tiaa a. So ɛkyerɛ sɛ wiase nyansahu redi nyarewa so nkonim anaa?
Nea ɛyɛ anigye no, bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no, Yesu Kristo kyerɛe sɛ nyarewa ahorow a ɛbɛkɔ anim no bɛyɛ “nna a edi akyiri,” bere pɔtee bi a ɔfrɛɛ no “nneɛma nhyehyɛe no awiei,” ho “sɛnkyerɛnne.” Yesu kae sɛ: “Ɔyaredɔm bɛba.” Sɛnea Bible ho nimdefo Albert Barnes kyerɛ no, eyinom yɛ “nyarewa’ a emu trɛw.”—Mateo 24:3-7; 2 Timoteo 3:1; Luka 21:10, 11.
Ebia wobɛka sɛ: ‘Nanso ɔyaredɔm anaasɛ nyarewa yɛ ade a atra hɔ bere nyinaa.’ Ɛyɛ ampa. Nanso, nneɛma abien wɔ hɔ a ɛda nsow titiriw wɔ Yesu nkɔmhyɛ no ho.
Nea edi kan no, Yesu anka sɛ nyarewa nkutoo na ɛbɛyɛ “sɛnkyerɛnne” no. Mmom no, ɔde sɛnkyerɛnne a nneɛma pii na ɛbom yɛ saa mae. Wo ankasa kenkan ne nkɔmhyɛ no mu nsɛm ahorow no sɛnea wɔada no adi wɔ Mateo 24 ne 25, Marko 13 ne Luka 21 no. Enti yebetumi de “sɛnkyerɛnne” no atoto mfonini biako a wɔatwitwa mu nketenkete ho. Ne fã ketewaa bi ntumi nna mfonini no nyinaa adi. Saa pɛpɛɛpɛ na asɛm biako pɛ a ebesi no nkutoo nyɛ “sɛnkyerɛnne” no. Mmom no, na “sɛnkyerɛnne” no bɛda adi bere a nneɛma ahorow a Yesu kaa ho asɛm siei no nyinaa bɛka awo ntoatoaso biako no.—Mateo 24:32-34.
Nea etia abien no, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ nwonwa sɛ Yesu asɛm a ɛfa ɔyaredɔm ho no benya mmamu nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ wiase nimdeɛ nnyaa nkɔanim kɛse te sɛ nnɛ da. Ayaresa ho nneɛma akɔ anim asen daa. Ayaresa ho nimdeɛ mu atrɛw kɛse asen daa.
Enti, dɛn na nokwasɛm ahorow no da no adi? So Yesu nsɛm no renya mmamu ampa? Ɛho hia sɛ yehu, efisɛ Yesu nkɔmhyɛ no mmamu bɛkyerɛ sɛ yɛte adesamma abusua no bere a emu yɛ den sen biara mu.