Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Mo Gyeɛ Rebɛn”!
    Ɔwɛn-Aban—2015 | July 15
    • 2. Bere a Kristofo no huu sɛ Roma asraafo abɛtwa wɔn kuro no ho ahyia no, dɛn na na ɛhia sɛ wɔyɛ? Ɛyɛɛ dɛn na wɔtumi yɛɛ saa?

      2 Ná Yesu adi kan abɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ saa asɛm no bɛsi, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mohunu sɛ asraafoɔdɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ n’amamfoyɛ abɛn. Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so, na momma wɔn a wɔwɔ kuro no mu no mfiri mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraaseɛ no mmma mu.” (Luka 21:20, 21) Ná ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi Yesu asɛm no so adwane afi Yerusalem bere a asraafo atwa kuro no ho ahyia no? Anwonwasɛm bi sii. Roma asraafo no fii Yerusalem kɔe prɛko pɛ! Sɛnea Yesu kae no, asraafodɔm no ‘twaa so’ kɔe a wɔanto anhyɛ kuro no so. (Mateo 24:22) Bere a asraafo no kɔe no, afei deɛ na Kristofo anokwafo no bɛnya kwan atie Yesu asɛm no na wɔadwane akɔ mmepɔ so.a (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Akyiri yi, Roma asraafodɔm foforo san baa Yerusalem so afe 70. Saa bere yi deɛ wɔsɛee kuro no pasaa. Nanso obiara a ɔtiee Yesu ahyɛde no nyaa ne ti didii mu.

  • “Mo Gyeɛ Rebɛn”!
    Ɔwɛn-Aban—2015 | July 15
    • SƆHWƐ NE ATEMMU BERE

      7, 8. Atoro som sɛe akyi no, hokwan bɛn na yɛbɛnya, na dɛn na ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ soronko wɔ nnipa a wɔaka nyinaa ho saa bere no?

      7 Sɛ wɔsɛe atoro som a, dɛn na ɛbɛsi? Saa bere no na yɛbɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Nnipa dodow no ara bɛhwehwɛ mmoa ne ahobammɔ afi nnipa ahyehyɛde ahorow, anaa “mmepɔ mu abotan” hɔ. (Adiyisɛm 6:15-17) Nanso Yehowa nkurɔfo bɛhwehwɛ ahobammɔ afi ne hɔ. Bere a ‘wɔtwaa’ ahohiahia no so wɔ tete Kristofo bere so no, ɛnyɛ saa bere no na na ɛsɛ sɛ Yudafo nyinaa bɛyɛ Kristofo prɛko pɛ. Mmom na bere adu sɛ wɔn a wɔyɛ Kristofo dedaw no dwane fi Yerusalem sɛnea na Yesu aka no. Saa ara na daakye, sɛ wɔto hyɛ Babilon Kɛse no so na afei ‘wɔtwa so’ a, yɛrenhwɛ kwan sɛ nnipa pii bɛba abɛyɛ nokware Kristofo prɛko pɛ. Mmom, nokware Kristofo nyinaa bɛnya hokwan akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔaboa wɔn a wɔasra wɔn no.—Mateo 25:34-40.

      Yɛbɛnya hokwan akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛaboa wɔn a wɔasra wɔn no

      8 Yɛnnim nea ɛbɛsi pɔtee wɔ saa sɔhwɛ bere no mu. Nanso yɛnim sɛ nneɛma mu bɛyɛ den, na ɛbɛhia sɛ yɛgyae nneɛma bi akyi di. Tete Kristofo bere so no, wɔgyaa wɔn afie, na wɔfaa ahokyere pii mu ansa na wɔrenya wɔn ti adidi mu. (Marko 13:15-18) Ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ: ‘Mayɛ krado sɛ mɛgya m’ahonyade hɔ? Mayɛ krado sɛ mɛyɛ nea ɛhia biara na ama makɔ so adi Yehowa nokware?’ Wo deɛ susu ho hwɛ! Saa bere no, ɛmfa ho nea ɛbɛsi biara no, yɛn nko ara na yɛbɛsom yɛn Nyankopɔn sɛnea odiyifo Daniel yɛe no.—Daniel 6:10, 11.

      Ná “awieeɛ no” aba!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena