-
Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nnam Yɛ Ɔsom Adwuma NoƆwɛn-Aban—1984 | December 1
-
-
16. Asɛm a ebesi bɛn na na tete Kristofo no rehwɛ kwan?
16 Nanso, na bere pɔtee bi wɔ hɔ a ɛho hia afeha a edi kan Kristofo no. Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.”—Luka 21:20-22.
17, 18. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Kristofo no tiee Yesu asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Luka 21:20-22 no? (b) Sɔhwɛ foforo bɛn na ebia wohyiae?
17 Ná bɛboro mfirihyia 30 atwam. Afei wɔ afe 66 Y.B mu no, Romafo dɔm bɛkaa Yerusalem hyeem. Bere a aka kakraa na wɔadi nkonim no, wɔsan wɔn akyi kɔe. Bere a Yudafo a na wosusuw sɛ wɔadi nkonim no ani agye no, wotiw Romafo no.a Nanso na dɛn na Kristofo no bɛyɛ? Eusebius a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anan no mfiase mu hɔ no bɔ amanneɛ sɛ “wɔn a na wogye Kristo di no guan fii Yerusalem” kɔɔ kurow bi a ɛwɔ Perea a wɔfrɛ no Pella mu.b
-
-
Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nnam Yɛ Ɔsom Adwuma NoƆwɛn-Aban—1984 | December 1
-
-
20. Sɛ wode nsɛm a asisi a woahu ne nea afeha a edi kan Kristofo hui no toto ho a, ɛte dɛn?
20 Kristofo no guan fii Yerusalem efisɛ na wɔahu Yesu “sɛnkyerɛnne” ahorow pii no sɛ abam ne afei nso bere a wohuu asɛm a ɛfa asraafo a wobetwa kurow no ho ahyia no mmamu no. Efi 1914 afe soronko no so no, yɛahu nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa awiei bere no ho mmamu. (Mateo, ti 24, 25; Adiyisɛm 6:1-8; 2 Timoteo 3:1-5) Saa nneɛma ahorow a wɔhyɛɛ ho nkɔm yi fii ase baa mu bɛyɛ mfirihyia 70 bi a atwam ni. Nanso Yesu kae sɛ ne nyinaa besisi wɔ awo ntotoaso biako mu. (Mateo 24:32-34) Ɛda adi sɛ yɛadu akyiri wɔ saa awo ntoatoaso no mu!
-