Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 8/1 kr. 10-15
  • Hena Na Obetumi Ate “Sɛnkyerɛnne” No Ase Pɛpɛɛpɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Obetumi Ate “Sɛnkyerɛnne” No Ase Pɛpɛɛpɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Bere Yi Mu “Sɛnkyerɛnne” No
  • Bere A Wɔahyɛ No Anigye A Ɛsɛ Sɛ “Sɛnkyerɛnne” No Da Adi
  • Monna Ase​—Yehowa Mesia Ahenni No Di So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Da Adi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔhene no Di Tumi!
    “W’Ahenni Mmra”
  • Mprempren Nhyehyɛe Yi Bɛtra Hɔ Akosi Bere Bɛn?
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 8/1 kr. 10-15

Hena Na Obetumi Ate “Sɛnkyerɛnne” No Ase Pɛpɛɛpɛ?

“Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma ase kyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso ase kyerɛ?”​—LUKA 12:56.

1, 2. Dɛn na na Yesu atamfo no tumi hu fi sɛnea wim tebea te no mu, nanso dɛn na wɔantumi ante ase?

PO SO hyɛnmufo a wɔyɛ anyansafo nim sɛnea wɔkyerɛ sɛnea wim tebea te no ase, na wotie nea ɛkyerɛ no. Sɛnea anwensɛm bi a agye din yiye ka no: “Wim a ɛyɛ kɔkɔɔ anadwo ma hyɛnmufo ani gye, Wim a ɛyɛ kɔkɔɔ anɔpa ma hyɛnmufo koma tu.”

2 Awurade Yesu Kristo kaa asɛm a ɛte saa ara a emu da hɔ kɛse mpo bere a n’atamfo baa ne nkyɛn no. Ɛdefa saa asɛm no ho no, Luka a ɔkyerɛw Asɛmpa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na osee nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Sɛ muhu sɛ osu amuna atɔe fam a, ntɛm ara na muse: osu reba; na ɛba saa. Na muhu sɛ nifa fam mframa bɔ a, muse ahuhuru reba; na ɛba mu. Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma ase kyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso ase kyerɛ?”​—Luka 12:54-56.

3. “Sɛnkyerɛnne” a na ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia bɛn na n’atamfo no antumi ansiw so?

3 Ná saa atamfo ahantanfo no tumi hu nea wim tebea kyerɛ, nanso na wɔyɛ nyaatwomfo ne nnipa a wonnim hwee wɔ honhom mu koraa sɛ wɔbɛte nneɛma a ɛkyerɛ biribi kɛse no ase. Yesu yɛɛ sɛnkyerɛnne ahorow pii a ɛboaa nnipa koma pafo ma wogyee no dii. (Yohane 2:23) Nanso, ne titiriw no na ne wu wɔ Twam Da wɔ 33 Y.B. mu ne ne wusɔre ɛda a ɛto so abiɛsa no yɛ “sɛnkyerɛnne” a na ɛkyerɛ sɛ ɔne Mesia, anaa Kristo no. (Mateo 12:38-41; Luka 11:30) Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, Yesu atamfo no bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw saa “sɛnkyerɛnne” no so. (Mateo 27:62-28:20; Asomafo no nnwuma 4:1-4) Nanso ansa na ɔreforo akɔ soro no, Yudafo a wɔn dodow bɛyɛ 500 bɛyɛɛ ne wusɔre no ho adansefo. (1 Korintofo 15:3-6) Saa ara na nnɛ, “sɛnkyerɛnne” bi wɔ hɔ a wɔrentumi nsiw so. Te a wobɛte ase pɛpɛɛpɛ no yɛ asɛm a ɛfa nkwa ne owu ho. Nanso dɛn ne saa “sɛnkyerɛnne” no? Na hena na obetumi ate ase pɛpɛɛpɛ?

Yɛn Bere Yi Mu “Sɛnkyerɛnne” No

4. “Sɛnkyerɛnne” bɛn na ɛda adi nnɛ, na emu nsɛm no bi ne nea ɛwɔ he? (Mateo 24:3)

4 Yesu asuafo no bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” Wɔ mmuaema mu no, Yesu kaa akokoakoko, aduankɔm, asasewosow ahorow a ebi mmae da, ne ne “ba” wɔ Ahenni tumi mu a aniwa ntumi nhu no ho “sɛnkyerɛnne” no afã afoforo ho asɛm too hɔ. Ne fã titiriw ne wiase nyinaa adansedi adwuma a Yehowa Adansefo bɛboro 2,840,000 reyɛ mprempren wɔ nsase 203 so no. Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow atwe adwene asi eyi ne adanse afoforo a ɛrema “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Yesu “ba” no ho anya mmamu mprempren no so mpɛn pii.​—Mateo, atiri 24, 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21.

5. Dɛn nti na na ɛnyɛ nea Yesu reka ma atra so bere a ɔfrɛɛ afeha a edi kan Yudafo no sɛ “nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo” no?

5 Wɔrentumi nnye nokwasɛm no ho kyim sɛ efi bere a Wiase Ko I pae gui wɔ 1914 mu no, adanse a ɛma “sɛnkyerɛnne” no nya mmamu no nyɛ nea adɔɔso pii. Dɛn na ɛsɛ sɛ eyi kyerɛ ma yɛn? Wiɛ, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔtraa ase mfeha dunkron a atwam ni a na wɔyɛ nnipa a wonim nea wim tebea kyerɛ yiye nanso wobuu wɔn ani guu adanse pefee a na ɛda wɔn anim no so na wɔampɛ sɛ wɔbɛte ase sɛnea na ɛkyerɛ wɔ nyansa mu no. Bere tenten bi ansa na ɛno reba no, na Onyankopɔn ama Mose tumi ma wayɛ sɛnkyerɛnne ahorow abiɛsa akyerɛ Israelfo a wɔrehu amane no de akyerɛ sɛ ne tumi no fi soro. (Exodus 4:1-31) Nanso wɔ sɛnkyerɛnne a ɛboro abiɛsa nyinaa akyi no, na saa afeha a edi kan Yudafo awo ntoatoaso no mpɛ sɛ wobegye nea ɔsen Mose no atom sɛ Mesia no. (Yohane 4:54; Hebrifo 2:2-4) Enti na ɛnyɛ nea Yesu reka asɛm ma atra so bere a ɔfrɛɛ wɔn “nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo” no.​—Mateo 12:39.

6. Dɛn na nnipa a wonim nea ɛrekɔ so reka mprempren wɔ wiase nsɛm tebea ho?

6 Afeha a ɛto so 20 awo ntoatoaso yi mufo a wɔmpɛ sɛ wobegye Yesu Kristo ba a ɛto so abien no adi no nkyerɛ nhyehyɛe yi awiei ho “sɛnkyerɛnne” no ase pɛpɛɛpɛ. Nanso tebea horow a ɛrekɔ so nnɛ no yɛ nea ɛde akomatu ba, sɛnea nhwɛso ahorow a edidi so yi kyerɛ no:

“Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Panyin Javier-Perez de Cuellar aka sɛ wiase no aba tebea a emu yɛ den sen biara mu wɔ amanaman ntam nsɛm ho dwumadi mu, na ɛte sɛ nea mmɔden a wɔbɔ wɔ amanaman ntam nhyehyɛe a ɛteɛ, nea asomdwoe wom na ɛwɔ hɔ daa ho no mu ayɛ mmerɛw. ‘Ahotoso a aman no wɔ wɔ wɔn ho wɔn ho mu a akɔ fam no ma wonya nea wobegyina so wɔ akasakasa ne ntawntawdi ahorow mu,’ saa na Amanaman Nkabom ɔkyerɛwfo no kae.”​—Indian Express, October 22, 1983.

“Yɛn mu pii de mfe pii aka sɛ nuklea ɔko bekunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm ɔpepem pii na ɛbɛma wiase no fã kɛse no ara ayɛ nea wontumi ntra mu . . . nyansahufo kuw bi a wɔagye din ka ho asɛm wɔ ɔkwan a emu yɛ den kɛse mpo so​—sɛ nuklea ɔko, anaa aman a wɔwɔ tumi kɛse no ntam nuklea ntawntawdi kɛse biako mpo betumi de wiase nyinaa wim tebea a ɛbɛsɛe aba a ɛno nso betumi akunkum nnipa ɔpepepem pii na ɛnyɛ ɔpepem mmom, na ebetumi ama nnipa nkwa aba awiei wɔ asase so. Wɔde mfe abien yɛɛ nhwehwɛmu yi maa bagua a esusuw sɛnea nuklea ɔko bɛkã abɔde a wɔwɔ nkwa wɔ asase so nyinaa ho no. Nyansahufo a wɔboro 100 na wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase wɔ asɛm no awiei . . . Carl Sagan . . . ka nea ebefi nuklea ɔko mu aba no ho asɛm pen sɛ: ‘Adesamma abusua no ase a ɛbɛtɔre yɛ nea ebetumi aba ankasa.’”​—The Express (Easton, Pa.) , November 3, 1983.

7. Ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ nkwa wɔ wiase bi a eye mu hwehwɛ anidaso?

7 Ɔkwan a ɛyɛ hu a ɛte sɛɛ so na wɔn a wonim nea ɛrekɔ so a wɔagye din reka wɔ tebea no ho. Aduru sum ampa, efisɛ wɔrentumi nkyerɛ ɔkwan biara a ɛbɛma wɔafi ɔhaw a wohu sɛ ɛreba no mu. Ampa, nnipa a wɔdɔ nkwa wɔ wiase bi a eye mu hwehwɛ nsɛm a ɛma wonya anidaso. Nea ɛyɛ anigye no, ɔkwan a wɔbɛfa so afi wiase ɔsɛe a ɛreba no mu wɔ hɔ, efisɛ nnipa bi nyaa nkwa wɔ wiase nyinaa ɔsɛe bi a na ɛyɛ hu saa ara mu. Ɛdɛn, sɛ nnipa biara annya nkwa wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu a, anka nnipa a wɔn dodow boro 4,000,000,000 nnɛ no nte asase so mprempren! Nhoma biako pɛ​—Kyerɛw Kronkron Bible no​—na ɛka nea ɛyɛe a nnipa baawɔtwe pɛ a mmoa afoforo ka ho nyaa nkwa wɔ saa wiase nyinaa ɔsɛe no mu no ho asɛm a ɛyɛ nokware kyerɛ yɛn.

8. Nea ɛne afoforo de bɔ abira no, dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo yɛ bere a aka kakra na wɔayi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi afi hɔ no?

8 Esiane sɛ Nhoma koro no ara a ‘wotumi de ho to so no ka sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ tebea horow a ɛbɛba asase so bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe a ɛrehwe ase no rebefi hɔ no mu ho asɛm nti, so ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte saa “sɛnkyerɛnne” no ase yiye? Mfirihyia aduasa-ason ansa na Roma asraafo rebɛsɛe Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no, Yesu de “sɛnkyerɛnne” ahorow a ɛbom a ebedi wiase nyinaa ɔsɛe a wɔde Nsuyiri no yɛɛ ho mfonini no anim no ho asɛm pii. Na nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ɔkae sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, po ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wobɛwosow ɔsoro ahoɔden. Ɛnna wobehu onipa ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba wɔ omununkum mu. Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”​—Luka 21:25-28.

9. Efi 1895 besi 1931 mu no, ɔkwan bɛn so na wɔdaa dwuma a nsɛmma nhoma yi di adi wɔ n’anim hɔ?

9 Ná saa nkɔmhyɛ no fã pue wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae fi January 1, 1895 besi October 1, 1931 no nyinaa anim. Wɔ saa Bible kyerɛwsɛm no atifi no, na ɔwɛn aban bi wɔ hɔ a ɛtow hann bi gu, bere a po a ɛrehuru bi bɔ gu asase a ɛyɛ ɔbotan a aban no si so no ase. Enti saa nsɛmma nhoma yi daa dwuma a edin no adi kyerɛɛ awo ntoatoaso a emufo da so ara te ase na wɔrekenkan ɔsram yi de yi nso no.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati ehu a aka nnipa akannifo nnɛ no?

10 Ɛnnɛ, nnipa akannifo a ehu rema wɔn koma atotɔ beraw no de wɔn ankasa nkyerɛase ma wɔ “sɛnkyerɛnne” a ɛbom no afã ahorow ho. Nanso nea obetumi akyerɛ ase yiye ama yɛn ne Yesu Kristo, na sɛ yetie nea ɔkyerɛe sɛ “sɛnkyerɛnne” no kyerɛ no a, ehu a aka nnipa akannifo a wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so afi mprempren wiase ɔhaw no mu no bi renka yɛn. Mmom no, yebedi ahurusi sɛ yɛn ogye wɔ nhyehyɛe bɔne yi mu rebɛn.

Bere A Wɔahyɛ No Anigye A Ɛsɛ Sɛ “Sɛnkyerɛnne” No Da Adi

11. Ɔkwan bɛn so na Yɛsu kyerɛe sɛ wiase nsɛm a ebedi awiei no ho adanse besisi wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ?

11 Wiase nsɛm resisi wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Ansa na Yesu de nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw wɔ Luka 21:25-28 no rema no, ɔkaa Yerusalem sɛe a ɛto so abien no ho asɛm too hɔ. Ɛbae wɔ 70 Y.B. mu ampa sɛnea ɔkae no. Ɛdefa Yudafo a wɔrenwu no ho no, Yesu kae sɛ: “Wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.” Ná saa amanaman no nyɛ Yudafo, na wɔyɛ Amanaman Mufo. Enti, wɔtaa frɛ bere a wɔde tiatiaa Yerusalem so no sɛ “amanaman no bere.” (Luka 21:24) Bere bɛn na ɛbaa awiei? Wiɛ, nneɛma pii ho asɛm wom sen nea ɛbaa asase so Yerusalem so no. Enti ɛnyɛ bere a nnɛyi Israelfo ko dii tete Yerusalem kurow a wɔato afasu atwa ho ahyia no so nkonim no, anaasɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛne nnɛyi Israel man a ɛde ne ho no ahenkurow no, ne nea wogyina so bu eyi. Onyankopɔn mmerebu ne nea ehia!

12. Bere bɛn na Amanaman Mmere no fii ase, na ne tenten yɛ ahe, na ɛbaa awiei bere bɛn?

12 Romafo a wɔyɛ Amanaman Mufo no fii ase tiatiaa Yerusalem so wɔ 64 A.Y.B. mu. Nanso ansa na wɔreyɛ eyi no na Helafo, Persiafo, ne Babilonfo a wɔyɛ Amanaman Mufo no atiatia saa “ɔhenkɛse,” Yehowa “kurow” no so. (Mateo 5:34, 35) Babilonfo sɛee ɛne n’ahenkurow no wɔ 607 A.Y.B. mu. Efi saa bere no rekɔ no, tia a na Amanaman Mufo no betiatia nea na egyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni no so no fii ase, na ɛmaa Amanaman Mmere no fii ase ankasa. Sɛnea Daniel ti 4 kyerɛ no, na saa Amanaman Mmere no bɛyɛ mmere nson, a emu biara tenten yɛ nnafua 360 a ɛne nkɔmhyɛ afe wɔ Bible mu no hyia. Enti, “mmere nson” no nyinaa dodow bɛyɛ mfirihyia 2,520. Esiane sɛ efii ase bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no nti, ɛbɛba awiei wɔ 1914 Y.B. mu.

13. Efi bere bɛn na Bible asuafo huu bere a Amanaman Mmere no bɛba awiei?

13 Wɔ 1880 mu tɔnn na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no kae sɛ Amanaman Mmere no bɛkɔ akodu afe 1914 mu. Afei ɛdenam The Time Is At Hand nhoma a wotintimii wɔ 1889 mu no so no, wɔmaa Bible asuafo a wɔwɔ wiase nyinaa daa wɔn ho so bio wɔ nokwasɛm no ho sɛ Amanaman Mmere no bɛba awiei wɔ 1914 twabere mu.

14. Wɔ nea ɛbaa Yerusalem so wɔ 1948 mu no akyi no, dɛn nti na yebetumi aka sɛ Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 mu?

14 Na, wɔ saa afe no mu no, so tete Yerusalem a amanaman a wɔnyɛ Yudafo anaa wɔfrɛ wɔn Amanaman Mufo tiatiaa so no gyaee? Dabi, efisɛ wɔ 1914 mu no, na kurow a agye din no da so ara wɔ Turkeyfo Ahemman a na ɛne Germany bɔ no nsam. Wɔ December 9, 1917 mu no, Britania asraafo a wɔwɔ ɔsahene Allenby ase gye fii Turkeyfo nsam. Yerusalem kɔɔ so ara yɛɛ nea ɛwɔ Britania nniso ase denam tumi a na Amanaman Apam no de ama no no so besii 1948 mu. Saa bere no na Yudafo no sɔre ko gyee nnɛyi Yerusalem a ɛwɔ tete kurow a afasu atwa ho ahyia no atɔe fam no. Nkramofo na wɔfaa kurow a wɔato afasu atwa ho ahyia no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 mu? Efisɛ saa afe no mu na wɔwoo Ɔhenkɛse, Yehowa, nniso no wɔ soro.

15, 16. (a) Efi bere bɛn na tete Yerusalem ankɔ so anyɛ “ɔhenkɛse,” Yehowa “kurow,” nanso Yerusalem a wɔama so kɛse bɛn na ɛwɔ hɔ? (b) Ɛnde, ɛhe na Yehowa de Yesu Kristo sii ahengua so sɛ Ɔhene no?

15 Bere a na Yesu wɔ asase so no, na Onyankopɔn asɔrefi no si Yerusalem, na Yesu kɔ kɔsomee wɔ hɔ. Enti na wobetumi afrɛ Yerusalem saa bere no sɛ “ɔhenkɛse,” Yehowa “kurow.” (Mateo 5:34, 35) Nanso ɛda adi sɛ bere a ntama a etwa asɔredan no mu no mu tewee anwonwa kwan so bere a Yesu wui wɔ Twam Da, 33 Y.B. mu no, ankɔ so anyɛ Yehowa ahenkurow bio. Sɛe a Romafo a wɔyɛ Amanaman Mufo sɛee Yerusalem ne n’asɔredan no wɔ 70 Y.B. mu no sii saa nokwasɛm no so dua. Nea na ɛyɛ anigye ma Yudafo Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ne Kristofo nyinaa a wɔwɔ hɔ fi saa bere no ne sɛ, Yerusalem foforo wɔ hɔ, nea wɔama so kɛse, “ɔsoro Yerusalem.”​—Hebrifo 12:22.

16 Nea ɛne nokwasɛm yi hyia no, Yesu nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Luka 21:24 no fii ase a na ɛfa asase so Yerusalem ho, nanso na ɛsɛ sɛ ɛba awiei a ɛfa “ɔsoro Yerusalem” no ho. Yiw, efisɛ “ɔsoro Yerusalem” no asi asase so Yerusalem no ananmu sɛ “ɔhenkɛse,” Yehowa Nyankopɔn “kurow.” Ɛhɔ, wɔ saa ɔsoro “kurow” no mu na na ɛsɛ sɛ “ɔhenkɛse” Yehowa de ne Ba Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no si ahengua so wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no.

17. Ɔsoro ahyɛde bɛn na wɔde maa Ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi ahengua so no wɔ Amanaman Mmere no awiei, na henanom na woyii wɔn yam de wɔn ho maa ne som?

17 Ná ɛno ne ɔsoro bere a wɔahyɛ a Yehowa de ahyɛde a ɛwɔ nsɛm a ɛwɔ Dwom 110:2 mu no bɛma ne Ba Yesu Kristo a ɔde no asi ahengua so no sɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. ‘Di hene w’atamfo mfinimfini!’ Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” Sɛnea nkɔmhyɛ yi ka ampa no, ‘nnipa’ a wɔahyira wɔn ho so a wodii Yesu anammɔn akyi a wohuu Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no yii wɔn yam de wɔn ho mae na wɔsomee sɛ Yehowa Nyankopɔn nniso a afi ase redi tumi wɔ soro Sion denam Awurade Yesu Kristo so no ho adawurubɔfo. Nanso wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo aman no amfi wɔn pɛ mu amfa wɔn ho anhyɛ Yehowa Hene a ɔde no asi ahengua so foforo no ase. Nokwarem no, wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ ‘n’atamfo,’ efisɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ wiase nyinaa ko a edi kan wɔ nnipa abakɔsɛm mu a ɛfa wiase nyinaa tumidi ho no mu. Wɔ wiase nyinaa no, wɔpɛe sɛ wosiw Onyankopɔn Ahenni no ho dawurubɔ no ano.

18. Adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ 1918 mu a ɛkyerɛ sɔre a wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no?

18 Sɔre a wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no bɛdaa adi titiriw wɔ 1918 mu. Wɔ May 8, 1918 mu no, wɔkyeree Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no samufo ne ne mfɛfo dodow bi wɔ ɔko bere no mu. Akyiri yi, wɔ June 21, mu no, wɔde wɔn koguu afiase wɔ Ɔman Afiase a ɛwɔ Atlanta, Georgia, U.S.A. no mu a wɔahyɛ wɔn mfe pii. Ɛyɛ bere a ɔko no aba awiei na wɔadi asram akron wɔ afiase no akyi ansa na wɔmaa kwan ma wogyinaa Onyankopɔn Ahenni no asomfo yi akyi na wogyaa wɔn. Wɔ bere a ɛsɛ mu no wobuu wɔn bem wɔ nsɛm a ɛnyɛ nokware a wɔde too wɔn so no mu.

19. Wɔ Wiase Ko I akyi no, gyinabea bɛn na Amerika Ɔman Asɔreasɔre Bagua no pawee wɔ Amanaman Apam no ho?

19 Wiase Ko I baa awiei wɔ December 11, 1918 mu, na wɔ ɔsram a edi hɔ no mu no Kristo Asɔre Ɔman Bagua a ɛwɔ Amerika no daa no adi wɔ baguam sɛ ɛpene Amanaman Apam a na wɔayɛ ho nhyehyɛe saa bere no so. Saa nyamesom kuw no kae sɛ Amanaman Apam no yɛ “Onyankopɔn ahenni a wɔada no adi wɔ amammui kwan so wɔ asase so.” Amerika buu n’ani guu nea nyamesom kuw yi rekamfo akyerɛ no so na ɛpowee sɛ ɛde ne ho bɛhyɛ Apam no mu esiane amammui mu nsɛm ahorow nti, na Wiase Nyinaa Asennii Bagua no nkutoo na ɛde ne ho hyeem. Nanso Amanaman Apam no fii ase dii dwuma wɔ 1920 mfiase mu hɔ, na Ɔman Asɔreasɔre Bagua no hyiraa so na egyinaa akyi.

20. Gyinabea bɛn na Yehowa nkurɔfo pawee wɔ Amanaman Apam no ho, na dɛn na wofii ase bɔɔ ho dawuru?

20 Wɔ ɔkwan foforo so no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ne Yehowa nkurɔfo a na wɔrekyekyɛ no powee sɛ wobegye Amanaman Apam no atom sɛ amammui kwan so ade a wɔde asi Onyankopɔn Ahenni no ananmu. Wɔannye antom sɛ ɛyɛ mpaebɔ nhwɛso a Yesu kyerɛe no mmamu, sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Wɔamfa wɔn ho amma amfa ansom saa nsiananmu ahyehyɛde a onipa de asi hɔ, saa nnaadaa ade no! Mmom no, wɔde wɔn ho maa Onyankopɔn Ahenni ankasa a ɛwɔ Yesu Kristo nsam wɔ “ɔsoro Yerusalem” no. Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wɔate “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Yesu “ba ne wiase awiei” ho no ase pɛpɛɛpɛ. Enti wofi kɔbɔ Ahenni no ho dawuru wɔ wiase nyinaa.

Wobɛma Mmuae Dɛn?

◻ “Sɛnkyerɛnne” bɛn na ɛda adi nnɛ, na emu nsɛm ahorow no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati ehu a aka nnipa akannifo mprempren no?

◻ Bere bɛn na Amanaman Mmere no fii ase, na ɛbaa awiei bere bɛn?

◻ “Yerusalem” bɛn mu na Yehowa de Yesu Kristo asi ahengua so sɛ Ɔhene no?

◻ Yehowa nkurɔfo buu Amanaman Apam no dɛn?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 13]

October, 607 A.Y.B.​—October, 1 A.Y.B. = Mfe 606

October, 1 A.Y.B.​—October, 1914 Y.B. = Mfe 1,914

AMANAMAN MMERE NSON = Mfe 2,520

[Kratafa 12 mfoni]

Wɔn a wɔte “sɛnkyerɛnne” no ase pɛpɛɛpɛ no betumi anya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei no mu sɛnea nnipa baawɔtwe nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena