Sɛnkyerɛnne No—So Woahu?
“ƐPO no ase tɔnn na nsu ase akohyɛn a anim yɛ tenten ne kurukuruwa bi gyina kyerebenn a asorɔkye akɛse a ɛbɔ wɔ po a ahum tu wɔ so no so no ntumi nhinhim no. Ɔpon bi bue wɔ nsu ase akohyɛn no abrannaa so na ɔsraman bi a ne tenten boro anammɔn 30 na ne kɛse yɛ anammɔn 4 1/2 fi mu pue de n’ani kyerɛ soro. Mframa bi de ɔsraman no ba soro, nanso bere a edu po no so no, afiri a ɛwom no fi ase yɛ adwuma na ɛde nnyigyei kɛse fi nsu no mu pue.”
Saa nsu ase akohyɛn a etumi tow aprɛm mmɛmma ho nkyerɛkyerɛmu a efi Rockets, Missiles and Spacecraft nhoma a Martin Keen yɛe mu no ma yɛte tete nkɔmhyɛ bi a ɛka wiase ɔhaw bere a “ɛpo . . . a ɛrehuru nti” ɛba no ho asɛm siei no ase. (Luka 21:25) Ehu a nsu ase akohyɛn ahorow a ɛwɔ aprɛm mmɛmma yi no yɛ kɛse dɛn?
Sɛnea Jane’s Fighting Ships 1986-87 nhoma no kyerɛ no, Britania, China, Franse, Rusia, ne Amerika wɔ nsu ase akohyɛn 131 a ɛwɔ aprɛm mmɛmma. Kuropɔn biara nni hɔ a sɛ wɔtow bi a ɛrennu mu, na atopae a esisi aprɛm so a ɛtotow no tumi kɔtɔ baabi a fi hɔ kɔ faako a ɛsɛ sɛ ɛtɔ no yɛ akwansin biako. Sɛnea The Guinness Book of Records kyerɛ no, ebinom wowɔ atopae a esisi aprɛm so a ɛdɔɔso yiye a “ɛbɛsɛe ɔman biara a ɛbɛn no akwansin 5,000 no pasaa.” Nea enye koraa no, ebinom akyerɛ sɛ atopae a esisi aprɛm ahorow so wɔ nsu ase akohyɛn biako pɛ mu no betumi ama nuklea awɔw a ɛbɛma asase so nneɛma a nkwa wom nyinaa nkwa ho aba asɛm aba! Nsu ase akohyɛn ahorow a wofi akyiri kyerɛ no kwan no nso yɛ asɛnennenn. Wosuro sɛ ade a wɔbɛyɛ no ntɛm wɔ nsu ase akohyɛn bi mu a wɔansusuw ho yiye no betumi ama nuklea ɔko a ɛbɛsɛe nneɛma aba.
Nnipa pii de akwanhwɛ a ɛyɛ hu a ɛte sɛɛ no atoto Yesu nkɔmhyɛ mu sɛnkyerɛnne no ho. So ebetumi aba sɛ yɛn awo ntoatoaso no rehu saa sɛnkyerɛnne no mmamu? Nokwasɛm ahorow no bua sɛ yiw. Na eyi kyerɛ sɛ ogye a yebenya afi nuklea ɔko ho hu mu no abɛn. (Luka 21:28, 32) Esiane saa anidaso a ɛbɛba mu yi nti, yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw sɛnkyerɛnne no mmamu ho adanse no ho. Yɛaka sɛnkyerɛnne no afã atitiriw no mu binom ho asɛm ne wɔn nnɛyi mmamu ho asɛm wɔ asɛm yi mu.
“Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Luka 21:10)
Ɔko akunkum nnipa bɛboro 100,000,000 fi 1914. Wiase Ko l fii ase wɔ 1914 mu, na aman 28 na wɔde wɔn ho hyeem sɛ yɛankan aman pii a na wɔhyɛ Europafo ase wɔ saa bere no mu no anka ho a. Aman kakraa bi na wɔamfa wɔn ho anhyem. Ekunkum nnipa bɛboro 13,000,000 na asraafo bɛboro 21,000,000 na wopirapirae. Afei Wiase Ko ll a ɛsɛee nneɛma pii sen saa no nso bae. Na efi saa bere no nso ɛ? South Africa atesɛm krataa a wɔfrɛ no The Star faa asɛm fii London Sunday Times no mu kae wɔ asɛm a ɛne “Wiase no Ɔko Ahorow” no mu sɛ: “Wiase aman no mu nkyem anan mu biako reko mprempren.”
“Ɔkɔm . . . bɛba.”(Luka 21:11)
Ɛtaa yɛ nea aduankɔm ne ɔko na ɛnam. Ɛbae saa wɔ Wiase Ko l mu. Aduankɔm a ɛyɛ hu bae wɔ ɔko no akyi. Fi bere bɛn? Atesɛm krataa titiriw bi a ɛne The Challenge of Internationalism—Forty Years of the United Nations (1945-1985) bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a na nnipa a wonnya aduan pa a ɛdɔɔso nni ɔpepem 1,650 na na wɔwɔ hɔ wɔ 1950 mu no, na ɔpepem 2,250 na wɔwɔ hɔ wɔ 1983 mu; wɔ ɔkwan foforo so no, enyaa nkɔanim ɔpepem 600 anaasɛ ɔha biara mu 36.” Ɔkɔm a ɛsɛee nneɛma pii bae wɔ ɔpɛ a esii wɔ Afrika nnansa yi no akyi. Newsweek nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Etiopiafo nkuraasefo ɔpepem 1 ne Sudanfo mmofra 500,000 wuwui wɔ afe biako mu.” Mpempem pii a wofi aman afoforo mu nso wuwui.
[Adaka wɔ kratafa 4]
Sɛnkyerɛnne No—Ɛkyerɛ Dɛn?
Bere a ɔpepem pii agyina afeha 20 no abakɔsɛm so ahwehwɛ sɛnkyerɛnne no mu no, wɔagye ne mmamu no adi. (Hwɛ Mateo ti 24 ne Marko ti 13 nso.) 1914 awo ntoatoaso no yɛ nea wɔahyɛ no agyirae ampa. Ɛno ho asɛm na ɛwɔ Yesu nsɛm a edi so yi mmamu a ɛto so abien no mu no: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.” (Luka 21:32) “Ne nyinaa” no ka ogye a adesamma benya afi ɔhaw ahorow a emu yɛ den mu no ho.
Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn. . . . Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” Onyankopɔn Ahenni no a ɛyɛ wiase nyinaa nniso a ɛwɔ tumi sen onipa de no bɛsakra asase no ma adan wiase nyinaa paradise. Enti sɛnea sɛnkyerɛnne no aba mu ampa no, saa ara nso na ogye nso bɛba.—Luka 21:28, 31; Dwom 72:1-8.
Ebia wunsusuw nkɔmhyɛ kwan so sɛnkyerɛnne no ho da. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu. Saa a wobɛyɛ no bɛma woatumi ate Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ma adesamma no ase kɛse. Wonam saayɛ so behu nea Yehowa hwehwɛ afi wɔn a ‘obegye’ wɔn akɔ asase so Paradise a ɛreba no mu no hɔ no.—Dwom 37:10, 11; Sefania 2:2, 3; Adiyisɛm 21:3, 5.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]
Courtesy of German Railroads Information Office, New York
Eric Schwab/WHO
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]
Jerry Frank/United Nations
U.S. Air Force photo