Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi Titiriw Ma Wo
    Ɔwɛn-Aban—2003 | April 1
    • Saa na na nsa a ɛwɔ kuruwa no mu no te. Yesu kae sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.”—Luka 22:20.

      Wɔ Mateo kyerɛwtohɔ no mu no, Yesu kaa kuruwa no ho asɛm sɛ: ‘Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.’ (Mateo 26:28) Na Yesu de nsa a ɛwɔ kuruwa no mu no regyina hɔ, anaasɛ ɔde reyɛ n’ankasa mogya ho sɛnkyerɛnne. Ne mogya a wohwie gui no na na ɛbɛyɛ “apam foforo” a ɔne asuafo a wɔde honhom awo wɔn a na wɔne no bedi ade sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro no nnyinaso.—Yeremia 31:31-33; Yohane 14:2, 3; 2 Korintofo 5:5; Adiyisɛm 1:5, 6; 5:9, 10; 20:4, 6.

      Nsa a na ɛwɔ kuruwa no mu nso yɛɛ nkae ade a ɛkyerɛ sɛ Yesu mogya a wohwie gui no na na wobegyina so anya “bɔne fafiri,” na wɔn a wɔnom bi no nam so akɔ soro ne Kristo akodi ade. Ntease wom sɛ wɔn a wɔanya ɔsoro frɛ yi—nnipa kakraa bi no—nkutoo ne nkurɔfo a wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom nsa no bi.—Luka 12:32; Efesofo 1:13, 14; Hebrifo 9:22; 1 Petro 1:3, 4.

      Na Yesu akyidifo a wonni apam foforo no mu nyinaa no nso ɛ? Eyinom ne Awurade “nguan foforo” a wɔnhwɛ kwan sɛ wɔne Kristofo bedi ade wɔ soro, na mmom sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so no. (Yohane 10:16; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ́ Kristofo anokwafo a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a ‘wɔresom Onyankopɔn awia ne anadwo’ no, ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔwɔ anisɔ. Wɔnam wɔn nsɛm ne wɔn nnwuma so ka sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.”—Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 15.

  • Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi Titiriw Ma Wo
    Ɔwɛn-Aban—2003 | April 1
    • [Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

      “EYI YƐ ME HONAM” ANAA “EYI NE ME HONAM” NEA ƐWƆ HE?

      Bere a Yesu kae sɛ, ‘Mene pon no’ ne ‘Mene nokware bobe no,’ obiara annya adwene sɛ na ɔyɛ ɔpon anaa bobe ankasa. (Yohane 10:7; 15:1) Saa ara na sɛ The New Jerusalem Bible fa Yesu asɛm no ka sɛ: “Kuruwa yi yɛ apam foforo” a, yɛnka sɛ kuruwa no ne apam foforo no ankasa. Saa ara nso na bere a ɔkae sɛ abodoo no ‘yɛ’ ne honam no, na ɛkyerɛ sɛ abodoo no kyerɛ ne honam anaasɛ ɛyɛ ho sɛnkyerɛnne. Enti Charles B. Williams nkyerɛase no ka sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me honam.”—Luka 22:19, 20.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena