Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”
    Bɛn Yehowa
    • “Ná Ɔwɔ Tumi Wɔ . . . Ne Kasa Mu”

      8. Bere a Yesu bɔɔ asu wiei a honhom kronkron baa no so no, dɛn na wɔmaa no tumi maa no yɛe, na sɛn na ɔde ne tumi yɛɛ adwuma?

      8 Bere a Yesu yɛ akwadaa a na ɔrenyin wɔ Nasaret no, wanyɛ anwanwade biara. Nanso, bere a ɔbɔɔ asu afe 29 Y.B. no, ofii ase yɛɛ anwanwade. Saa bere no, na wadi bɛyɛ mfe 30. (Luka 3:21-23) Bible ka sɛ: “Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare.” (Asomafo Nnwuma 10:38) Bible ka sɛ Yesu “yɛɛ papa” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu de ne tumi yɛɛ adwuma ɔkwan pa so. Bere a ɔbɔɔ asu wiei a honhom kronkron baa ne so no, ‘ɔbɛyɛɛ odiyifo, na na ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.’—Luka 24:19.

      9-11. (a) Ɛhe na Yesu yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no fã kɛse no ara, na ɛdɛn na na ɛsɛ sɛ otumi yɛ? (b) Adɛn nti na Yesu nkyerɛkyerɛ no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn?

      9 Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na tumi wɔ Yesu kasa mu? Ná ɔtaa kyerɛkyerɛ wɔ mmɔnten so, nsuano, mmepɔw so, ne gua so. (Marko 6:53-56; Luka 5:1-3; 13:26) Sɛ na ne nkyerɛkyerɛ no nka n’atiefo koma a, anka wɔbɛpɛ wɔn baabi afa. Saa bere no, na wɔntintim nhoma, enti biribiara a Yesu bɛka no, na ɛsɛ sɛ n’atiefo no kyere gu wɔn tirim ne wɔn koma mu. Enti, na ɛsɛ sɛ Yesu tumi kyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan bi so ma nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbetie na wɔate ase na wɔakae nso. Nanso, wei anyɛ den amma Yesu koraa. Ɛho nhwɛso paa ne Bepɔw so Asɛnka no.

      10 Afe 31 Y.B. anɔpa bi, nnipadɔm bi hyiaam wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea Po no ho. Wɔn mu bi fi Yudea ne Yerusalem na ɛbae. Wɔtwaa kilomita 100 kosi 110 (akwansin 60 kosi 70) na ɛbaa hɔ. Ebinom nso fi Tiro ne Sidon na ɛbae. Saa nkurow no, na egu mpoano wɔ atifi fam. Ayarefo pii baa Yesu nkyɛn, na na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no. Ɔsaa wɔn nyinaa yare. Bere a ɔsaa ayarefo no nyinaa yare no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Luka 6:17-19) Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wiei no, nea nkurɔfo no tee no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Adɛn ntia?

      11 Mfe bi akyi no, obi a otiee ne nkyerɛkyerɛ no bi kyerɛw sɛ: “Ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn, efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi.” (Mateo 7:28, 29) Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no ma wɔhui sɛ ɔwɔ tumi. Nea Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo no yɛ no, ɛno na Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na na ne nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn Asɛm mu. (Yohane 7:16) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ no mu da hɔ, ɛkaa atiefo no koma, na na obiara ntumi mmɔ ngu. Ɔmaa wɔn a na wɔretie no no huu nea ɛkɔfa ɔhaw brɛ nnipa, na ɛma wɔhwehwɛɛ wɔn koma mu. Ɔma wɔhuu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ mpae, ne sɛnea wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni, na ɔma wɔhuu nea ɛbɛma wɔanya daa nkwa. (Mateo 5:3–7:27) Wɔn a na wɔrehwehwɛ nokware no, ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ adetrenee no, Yesu nsɛm no kaa wɔn koma ma wɔtuu ho anammɔn. Saa nkurɔfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔrenyɛ nea wɔn ara pɛ bio,’ enti wɔgyaw biribiara hɔ kodii n’akyi. (Mateo 16:24; Luka 5:10, 11) Wei kyerɛ sɛ Yesu nsɛm no, na tumi wom ampa!

      “Ná Ɔwɔ Tumi Wɔ Ne Nnwuma . . . Mu”

      12, 13. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ ‘tumi wɔ ne nnwuma mu,’ na anwanwade ahorow ahorow bɛn na ɔyɛe?

      12 Ná Yesu wɔ ‘tumi wɔ ne nnwuma mu’ nso. (Luka 24:19) Anwanwade a Yesu yɛe no, nea Nsɛmpa nnan no ka ho asɛm no, ɛboro 30. Ne nyinaa, “Yehowa tumi” na ɔde yɛe.b (Luka 5:17) Anwanwade a Yesu yɛe no boaa nnipa mpempem pii. Ma yɛhwɛ n’anwanwade no mu mmienu pɛ. Bere bi, ɔmaa mmarima 5,000 aduan dii, ɛnna da foforo nso ɔmaa mmarima 4,000 aduan dii. Nnipa a edii aduan no, sɛ wokan mmea ne nkwadaa a na ɛwɔ hɔ no ka ho a, wɔn dodow bɛboro so mpempem pii!—Mateo 14:13-21; 15:32-38.

      13 Anwanwade ahorow ahorow pii na Yesu yɛe. Ná ɔwɔ ahonhommɔne so tumi, na na otumi tu wɔn ntɛm; ɔmmrɛ ho koraa. (Luka 9:37-43) Otumi maa nsu danee nsa. (Yohane 2:1-11) Bere a Yesu asuafo no ‘hui sɛ ɔnam po no so’ no, wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn paa. (Yohane 6:18, 19) Ná ɔwɔ tumi a ɔde sa yare biara. Yare a yenya fi awo mu, yareɛ koankorɔ, ne owuyare nyinaa, na otumi sa. (Marko 3:1-5; Yohane 4:46-54) Akwan pii na ɔfaa so saa yare a ɛtete saa. Ebinom wɔ hɔ a, na wɔnni Yesu nkyɛn, nanso ɔsaa wɔn yare. Ebinom nso de, ɔde ne nsa kaa wɔn. (Mateo 8:2, 3, 5-13) Ɔmaa ebinom yare tu yerae prɛko pɛ, na afoforo nso de, ɔsaa wɔn yare nkakrankakra.—Marko 8:22-25; Luka 8:43, 44.

      “Wohui sɛ Yesu nam po no so”

      14. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde nyan awufo?

      14 Nea ɛyɛ nwanwa paa ne sɛ, na Yesu wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Bible ma yehu sɛ, onyanee nnipa mmiɛnsa fii awufo mu. Onyanee abaayewa bi a na wadi mfe 12, na ɔde no maa n’awofo. Onyanee ɔbea kunafo bi ba a na odi no ba koro maa no, na onyanee mmabaawa bi nuabarima a wɔdɔ no paa maa wɔn. (Luka 7:11-15; 8:49-56; Yohane 11:38-44) Ne nyinaa, ɔtee no tɛ; wammrɛ ho. Abaayewa a wadi mfe 12 a Yesu nyanee no no, na owui nkyɛe nti, na ɔda mpa so. Ɔbea kunafo no ba no nso, bere a nkurɔfo so no rekosie no na Yesu nyanee no, enti yebetumi aka sɛ saa da no ara na owui. Na Lasaro de, owui no, edii nnanan ansa na ɔrekonyan no afi ɔboda mu.

  • “Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”
    Bɛn Yehowa
      • Marko 2:1-12 Yesu saa nnipa bebree yare anwanwakwan so, ɛno ma yehu sɛ tumi bɛn na Onyankopɔn de ama no?

      • Yohane 6:25-27 Ɛwom sɛ bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no ɔyɛɛ anwanwade maa nnipa aduan dii, nanso ɛdɛn paa na na esi n’ani so?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena