Onyankopɔn ne Kaesare
“Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—LUKA 20:25.
1. (a) Dɛn ne Yehowa gyinabea a ɛkorɔn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa a yentumi mfa mma Kaesare da?
BERE a Yesu Kristo de saa ahyɛde no mae no, na n’adwene si no pi sɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi N’asomfo hɔ no ba ansa na nea Kaesare, anaa Ɔman hwehwɛ fi wɔn hɔ biara aba. Na Yesu nim nokwasɛm a odwontofo no mpae a ɔbɔɔ Yehowa yi yɛ sen obiara: “W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidia fa awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Dwom 145:13) Bere a Ɔbonsam kae sɛ Yesu nnye asase a nnipa te so mu ahenni nyinaa so tumi no, Yesu buae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!” (Luka 4:5-8) Wontumi mfa ɔsom mma “Kaesare” da, sɛ́ Kaesare yɛ Roma ɔhempɔn no, onipa sodifo foforo, anaasɛ Ɔman no ankasa no.
2. (a) Dɛn ne Satan gyinabea wɔ wiase yi ho? (b) Hena na wama Satan gyinabea a ɔwɔ no ho kwan?
2 Yesu annye kyim sɛ wiase ahenni ahorow no nyɛ Satan dea. Akyiri yi, ɔfrɛɛ Satan “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31; 16:11) Ɛde rekɔ afeha a edi kan Y.B. mu awiei no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa agyaw n’asase so tumidi no. Kae sɛ bere a ɔrema Yesu amammui nniso horow so tumi no, Satan kae sɛ: “Mede tumi yi nyinaa . . . mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa.” (Luka 4:6) Ma a Onyankopɔn ama ho kwan ara nti na Satan wɔ wiase ahenni ahorow so tumi.
3. (a) Gyinabea bɛn na amanaman no nniso ahorow no wɔ wɔ Yehowa anim? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ ahobrɛase a yɛyɛ ma wiase yi nniso ahorow no nkyerɛ sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase ama Satan, wiase yi nyame no?
3 Saa ara na ma a Onyankopɔn a ɔyɛ Otumfoɔ Pumpuni no ama ho kwan ara nti na Ɔman no di ne tumi. (Yohane 19:11) Enti, yebetumi aka sɛ “Onyankopɔn na ɔde atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no agyina wɔn sɛso gyinabea.” Wɔn gyinabea no hyɛ Yehowa tumidi a ɛkyɛn so no ase, na wɔn tumidi no ba fam koraa sen ɛno. Nanso, wɔyɛ “Onyankopɔn somfo,” “Onyankopɔn baguam asomfo,” a ɛkyerɛ sɛ wɔde mmoa a ɛho hia ma, wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma ma nhyehyɛe pa kɔ so, na wɔtwe abɔnefo asõ. (Romafo 13:1, 4, 6, NW) Enti ɛho hia sɛ Kristofo te ase sɛ yɛ a Satan yɛ wiase anaa nhyehyɛe yi sodifo a aniwa nhu no kɛkɛ no nkyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma no bere a wɔde ahobrɛase a anohyeto wom ma Ɔman no. Wɔreyɛ osetie ama Onyankopɔn. Wɔ saa afe 1996 yi mu no, amammui Man no da so yɛ “Onyankopɔn nhyehyɛe” fã, bere tiaa mu nhyehyɛe a Onyankopɔn ma kwan ma ɛtra hɔ, na ɛsɛ sɛ Yehowa asase so asomfo bu no saa.—Romafo 13:2.
Yehowa Tete Asomfo ne Ɔman No
4. Dɛn nti na Yehowa maa Yosef bɛyɛɛ otitiriw wɔ Misraim aban no mu?
4 Ansa na Kristosom reba no, Yehowa maa kwan maa n’asomfo binom nyaa dibea akɛse wɔ Ɔman nniso ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 18 A.Y.B. mu no, Yosef bɛyɛɛ Misraim ɔman soafo panyin, a na Farao a ɔredi hene no nkutoo dibea na na ɛsen ne de. (Genesis 41:39-43) Nsɛm a esisii wɔ ɛno akyi no ma ɛdaa adi sɛ Yehowa na ɔhwɛ maa eyi baa saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde Yosef bedi dwuma sɛ biribi a wɔnam so bɛkora ‘Abraham asefo,’ ne mma so, na ama N’atirimpɔw ahorow abam. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim, na ne bere so no, na Onyankopɔn asomfo nni Mose Mmara no anaa “Kristo mmara” no.—Genesis 15:5-7; 50:19-21; Galatifo 6:2.
5. Dɛn nti na wɔmaa Yuda atukɔfo ahyɛde sɛ ‘wɔnhwehwɛ’ Babilon “yiyedi”?
5 Mfehaha bi akyi no, Yehowa de honhom kaa odiyifo nokwafo Yeremia ma ɔka kyerɛɛ Yudafo atukɔfo a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Babilon no sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma sodifo ahorow no, na wɔmmɔ mpae mpo mma asomdwoe mmra saa kurow no mu. Ɔkyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔmaa wɔn mu sɛ: “Sɛɛ na asafo Awurade, Israel Nyankopɔn ka kyerɛ atukɔfo . . . no nyinaa . . . Mónhwehwɛ kurow a mema wotuu mo kɔɔ hɔ no yiyedi, na mómmɔ Awurade mpae mma no; na ne yiyedi mu na mubedi yiye.” (Yeremia 29:4, 7) Bere nyinaa Yehowa nkurɔfo wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wɔhwehwɛ asomdwoe’ ma wɔn ho ne ɔman a wɔte mu no, na wɔanya ahofadi asom Yehowa.—1 Petro 3:11.
6. Ɛwom sɛ wɔmomaa Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no dibea a ɛkorɔn wɔ aban mu de, nanso akwan bɛn so na wɔkwatii sɛ wobegyae nneɛma mu asiesie wɔ Yehowa Mmara no ho?
6 Wɔ Babilon nnommum mu no, Daniel ne Yudafo anokwafo foforo baasa a na wɔafa wɔn nnommum wɔ Babilon no maa kwan ma wɔmaa wɔn Ɔman ntetee, na wɔbɛyɛɛ aban mpanyimfo a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ Babilon. (Daniel 1:3-7; 2:48, 49) Nanso, bere a wɔn ntetee no rekɔ so mpo no, wɔpaw gyinabea pintinn wɔ nsɛm a ɛfa aduan ho a anka ebetumi ama wɔato Mmara a na wɔn Nyankopɔn Yehowa nam Mose so de ama no ho. Wonyaa nhyira wɔ eyi ho. (Daniel 1:8-17) Ɛda adi sɛ bere a Ɔhene Nebukadnesar de Ɔman honi bi sii hɔ no, wɔhyɛɛ Daniel Hebrifo ayɔnkofo baasa no ma wɔne wɔn mfɛfo Ɔman atumfoɔ no kɔɔ guasodeyɛ no ase. Nanso, ‘wɔanhwe ase ansɔre’ Ɔman honi no. Saa bere no nso Yehowa tuaa wɔn mudi mu kura no so ka. (Daniel 3:1-6, 13-28) Saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo kyerɛ obu ma ɔman a wɔte mu no frankaa, nanso wɔrenyɛ biribi mfa nsom no.—Exodus 20:4, 5; 1 Yohane 5:21.
7. (a) Gyinabea pa bɛn na Daniel pawee, ɛmfa ho sɛ na ɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ Babilon aban nhyehyɛe no mu? (b) Nsakrae horow bɛn na ɛbae wɔ Kristofo mmere mu?
7 Bere a tete Babilon ahemman no hwee ase akyi no, wɔmaa Daniel aban dibea a ɛkorɔn wɔ Medo-Persia nniso foforo a ebesii ananmu wɔ Babilon no mu. (Daniel 5:30, 31; 6:1-3) Nanso wannyae ne ho mu amma ne dibea a ɛkorɔn no amma wannyae ne mudi mu kura. Bere a Ɔman mmara bi hwehwɛe sɛ ɔsom Ɔhene Dario mmom sen sɛ ɔbɛsom Yehowa no, wanyɛ. Eyi nti wɔde no kɔtoo agyata mu, nanso Yehowa gyee no. (Daniel 6:4-24) Nokwarem no, eyi sii ansa na Kristosom reba. Wonya de Kristofo asafo no sii hɔ no, Onyankopɔn asomfo baa “Kristo mmara mu.” Ná ɛsɛ sɛ wonya nneɛma pii a wɔmaa ho kwan wɔ Yudafo nhyehyɛe no mu no ho adwene foforo, a egyina ɔkwan a afei Yehowa nam so ne ne nkurɔfo redi nsɛm no so.—1 Korintofo 9:21; Mateo 5:31, 32; 19:3-9.
Esu a Yesu Yii no Adi Wɔ Ɔman Ho
8. Asɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu asi ne bo sɛ ɔbɛkwati ne ho a ɔde begyigye amammuisɛm mu?
8 Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔde gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn yiye sii hɔ maa n’akyidifo, na wannya amammuisɛm anaa sraadi ho nsɛm mu kyɛfa biara. Bere a Yesu nam anwonwakwan so de abodoo kakraa bi ne mpataa nketewa abien maa nnipa mpempem pii di mee no, Yuda mmarima pɛe sɛ wɔhyɛ no de no kɔyɛ amammui hene. Nanso Yesu twee ne ho ntɛm kɔɔ mmepɔw no so de kwatii wɔn. (Yohane 6:5-15) Ɛdefa saa asɛm yi ho no, The New International Commentary on the New Testament ka sɛ: “Na Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no wɔ ɔmampɛ ho akɔnnɔ a emu yɛ den, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wohuu anwonwade no mu pii tee nka sɛ wɔanya ɔkannifo a Onyankopɔn gye no tom, a ɔno na ɔfata paa sɛ odi wɔn anim ma wɔsɔre tia Romafo no. Enti wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wobesi no hene.” Ɛde ka ho sɛ Yesu “gyinaa pintinn pow” saa amammui mpanyinni a wɔde maa no yi. Kristo ammoa Yudafo atuatew biara a etia Roma nniso. Nokwarem no, ɔhyɛɛ nkɔm de kyerɛɛ nea atuatew a ɛbɛba wɔ ne wu akyi no bɛkɔ akowie—ɔhaw a enni ano ma wɔn a wɔtete Yerusalem ne saa kurow no sɛe.—Luka 21:20-24.
9. (a) Yesu kaa abusuabɔ a ɛwɔ n’Ahenni no ne wiase no mu ho asɛm dɛn? (b) Akwankyerɛ bɛn na Yesu de maa n’akyidifo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne wiase nniso ahorow di ho?
9 Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ Roma ɔhempɔn no nanmusifo titiriw a ɔwɔ Yudea no sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Enkosi sɛ n’Ahenni no de amammui nniso no tumidi bɛba awiei no, Kristo asuafo di ne nhwɛso akyi. Wɔyɛ osetie ma saa tumidi ahorow a wɔde asisi hɔ no, nanso wɔmfa wɔn ho nnyigye wɔn amammui nsɛm mu. (Daniel 2:44; Mateo 4:8-10) Yesu gyaw n’asuafo no akwankyerɛ kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Mateo 22:21) Na Yesu adi kan aka wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien.” (Mateo 5:41) Wɔ asɛnka yi mu nsɛm foforo mu no, na Yesu rekyerɛ sɛnea obi de nnyinasosɛm a ɛne sɛ obefi ne pɛ mu abrɛ ne ho ase ayɛ nea wɔhwehwɛ fi ne hɔ a ɛfata no bedi dwuma, sɛ́ ɛyɛ ɔne nnipa ntam abusuabɔ mu anaa nea aban hwehwɛ a ɛne Onyankopɔn mmara hyia mu.—Luka 6:27-31; Yohane 17:14, 15.
Kristofo ne Kaesare
10. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ no, gyinabea bɛn na tete Kristofo fi ahonim pa mu pawee wɔ Kaesare ho?
10 Akwankyerɛ ntiantiaa yi na na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ Kristofo ne Ɔman ntam abusuabɔ mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo E. W. Barnes kyerɛwee wɔ ne nhoma The Rise of Christianity mu sɛ: “Wɔ mfehaha pii a na ɛbɛba mu no, bere biara a Kristoni adwene mu nteɛ no wɔ asɛyɛde ahorow a ɔwɔ wɔ Ɔman mu ho no, na ɔdan kɔ Kristo nkyerɛkyerɛ a tumi wom no so. Na otua tow ahorow: na ɛbo a wotwa ma wɔn no tumi yɛ kɛse—ansa na Atɔe fam Ahemman no regu no, ɛbɛyɛɛ adesoa kɛse—nanso na Kristoni tua ara. Afei nso na ogye Ɔman ahwehwɛde foforo nyinaa tom, gye Onyankopɔn nneɛma a wɔhwehwɛ sɛ ɔde ma Kaesare.”
11. Ɔkwan bɛn so na Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔne wiase sodifo nni?
11 Saa kwan yi ara so na Kristo wu akyi mfe 20 ne kakra no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase” no. (Romafo 13:1, NW) Bɛyɛ mfe du akyi, bere tiaa bi ansa na wɔde Paulo reto afiase nea ɛto so abien, na wɔakum no wɔ Roma no, ɔkyerɛw Tito sɛ: “Kae wɔn [Kreta Kristofo] na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara adwuma pa, wonntwiri obi, wɔnnyɛ atutupɛfo, wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.”—Tito 3:1, 2.
“Atumfoɔ a Wɔkorɔn no” ho Ntease a Ɛba Nkakrankakra
12. (a) Dɛn na Charles Taze Russell buu no sɛ ɛyɛ Kristoni gyinabea wɔ aban tumidi ahorow no ho? (b) Ɛdefa sraadi ho no, gyinabea a enhyia bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no pawee wɔ Wiase Ko I no mu?
12 Wɔ 1886 mu tɔnn no, Charles Taze Russell kyerɛwee wɔ The Plan of the Ages nhoma no mu sɛ: “Yesu anaasɛ Asomafo no amfa wɔn ho annyigye asase so sodifo ahorow nsɛm mu ɔkwan biara so. . . . Wɔkyerɛɛ Asɔre no sɛ wonni mmara ahorow no so, na wɔnkyerɛ obu mma wɔn a wɔwɔ tumi no esiane wɔn dibea nti, . . . wontua wɔn tow a wɔatwa ama wɔn, na na ɛnsɛ sɛ wɔtew atua tia mmara biara a wɔde asi hɔ (Aso. 4:19; 5:29) gye nea ɛne Onyankopɔn mmara ahorow bɔ abira. (Rom. 13:1-7; Mat. 22:21) Na Yesu ne Asomafo no ne tete asɔre no nyinaa di mmara so, ɛwom sɛ na wɔatwe wɔn ho afi wiase nniso ahorow ho na wonnya mu kyɛfa biara de.” Nhoma yi daa “tumidi a ɛkorɔn,” anaa “atumfoɔ a wɔkorɔn” a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no adi wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ nnipa tumidifo nniso. (Romafo 13:1, King James Version) Wɔ 1904 mu no, The New Creation nhoma no kae sɛ nokware Kristofo na “ɛsɛ sɛ wɔka wɔn a wodi mmara so sen biara wɔ nnɛ bere yi mu no ho—wɔrenyɛ nnipa a wɔkanyan atuatew, wɔrenyɛ atutupɛ, wɔrenhwehwɛ mfomso.” Ebinom bɛtee eyi ase sɛ ɛkyerɛ ahobrɛase korakora a wɔde bɛma atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, na ɛkowiee sraadi adwuma mpo a wogyei wɔ Wiase Ko I no mu. Nanso afoforo buu no sɛ ɛne Yesu asɛm yi nhyia: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Akyinnye biara nni ho sɛ na ehia sɛ wonya Kristofo ahobrɛase a wɔde ma atumfoɔ a wɔkorɔn no ho ntease a emu da hɔ.
13. Ntease a na wokura wɔ nea atumfoɔ a wɔkorɔn no yɛ ho mu nsakrae bɛn na wɔde too gua wɔ 1929 mu, na ɔkwan bɛn so na eyi so baa mfaso?
13 Wɔ 1929 mu, bere a na nniso ahorow mmara afi ase resiw nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ kwan anaa ɛhwehwɛ nneɛma a Onyankopɔn mma ho kwan no, wɔtee nka sɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no bɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo.b Eyi ne ntease a Yehowa asomfo nyae wɔ mmere titiriw a edii Wiase Ko II no anim ne bere a na ɛrekɔ so no mu, de kosii bere a Apuei ne Atɔe Ntam Akameakame a ɛde akode mu ahoɔden a emu kyɛɛ pɛpɛɛpɛ ne krado a wɔyɛe wɔ akodi ho bae no. Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi a, ɛsɛ sɛ yɛka sɛ esiane sɛ saa adwene yi pagyaa Yehowa ne ne Kristo no kɛseyɛ nti, ɛboaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wogyinaa pintinn wɔ ɔfã biara a na wonni no mu wɔ saa ɔhaw bere yi nyinaa mu.
Ahobrɛase a Anohyeto Wom
14. Ɔkwan bɛn so na wɔtee Romafo 13:1, 2 ne kyerɛw nsɛm a ɛka ho no ase kɛse wɔ 1962 mu?
14 Wɔ 1961 mu no, wowiee New World Translation of the Holy Scriptures no. Ɛho adwuma gyee kasa a wɔde kyerɛw Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri. Nkyerɛase a edi mũ a wonya maa nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Romafo 13 ne afei wɔ nkyekyem bi te sɛ Tito 3:1, 2 ne 1 Petro 2:13, 17 no ma ɛdaa adi sɛ asɛm “atumfoɔ a wɔkorɔn” no mfa Yehowa ne ne Ba Yesu Tumidi a Ɛkyɛn so no ho, na mmom nnipa tumidifo nniso. Bere a 1962 rekɔ n’awiei no, wotintim nsɛm bi baa Ɔwɛn-Aban mu a ɛde Romafo ti 13 mu nkyerɛkyerɛmu a edi mũ ne adwene a emu da hɔ sen nea na C. T. Russell wɔ saa bere no mae. Saa nsɛm yi daa no adi sɛ Kristofo ahobrɛase a wɔde ma atumfoɔ no ntumi nyɛ nea anohyeto nnim. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea anohyeto wom, a ɛremma Onyankopɔn asomfo nto Onyankopɔn mmara. Ɔwɛn-Aban mu nsɛm foforo asi saa asɛm titiriw yi so dua.c
15, 16. (a) Dɛn ne adwene a ɛkari pɛ sen kan de no a Romafo ti 13 ho ntease foforo no ma wonyae? (b) Nsɛmmisa bɛn na aka a yebesusuw ho?
15 Saa asɛm yi a ɛma wonya Romafo ti 13 ho ntease pa yi aboa Yehowa nkurɔfo ma wɔama obu a ɛsɛ a wɔwɔ ma amammui atumfoɔ no ne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm atitiriw a wogyina akyi denneennen no akari pɛ. (Dwom 97:11; Yeremia 3:15) Ama wɔanya wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ne sɛnea wɔne Ɔman di no ho adwempa. Aboa ma bere a wɔde Kaesare de ma Kaesare no, wommu wɔn ani ngu Onyankopɔn de a wɔde bɛma Onyankopɔn no so.
16 Nanso dɛn ankasa ne Kaesare nneɛma? Dɛn na Ɔman betumi ahwehwɛ afi Kristofo hɔ ma afata? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Dwom 103:22, NW ase hɔ asɛm.
b June 1 ne 15, 1929 Engiresi Ɔwɛn-Aban no.
c Hwɛ Ɔwɛn-Aban, November 1 ne 15, December 1, 1962 (Engiresi de); November 1, 1990; February 1, 1993; July 1, 1994.
Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow no, Ɔbenfo F. F. Bruce kyerɛw wɔ ne nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Romafo ti 13 ho no mu sɛ: “Ɛda adi pefee wɔ emu nkyekyem foforo ne asomafo no nkyerɛwee nyinaa mu sɛ ɔman no betumi ahwehwɛ osetie ma afata, bere a ɛnkɔ akyiri nsen atirimpɔw ahorow nti a Onyankopɔn de asi hɔ no nkutoo—ne titiriw no, sɛ ɔman no hwehwɛ ahofama a ɛsɛ Onyankopɔn nkutoo a, ɛnyɛ sɛ obi betumi asɔre atia nko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa.”
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn nti na yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama atumfoɔ a wɔkorɔn no nkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Satan?
◻ Esu bɛn na Yesu yii no adi wɔ ne bere so amammuisɛm ho?
◻ Afotu bɛn na Yesu de maa n’akyidifo wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so ne Kaesare adi no ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔne amanaman no sodifo nni?
◻ Ɔkwan bɛn so na atumfoɔ a wɔkorɔn no ho ntease no anya nkɔanim wɔ mfe a atwam no mu?
[Kratafa 10 mfonini]
Bere a Satan maa Yesu amammui tumi no, wannye
[Kratafa 13 mfonini]
Russell kyerɛwee sɛ nokware Kristofo na “ɛsɛ sɛ wɔka wɔn a wodi mmara so sen biara wɔ nnɛ bere yi mu no ho”