Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 23 kr. 60-kr. 61 nky. 5
  • Yesu Yɛɛ Anwonwade Akɛse wɔ Kapernaum

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Yɛɛ Anwonwade Akɛse wɔ Kapernaum
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyiadan​—Baabi a Yesu ne N’asuafo no Kaa Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Ɔyɛɛ Adwuma Wɔ Galilea Nkuro Pii Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yesu Tuu Ahonhommɔne Fii Abarimaa Bi So
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 23 kr. 60-kr. 61 nky. 5
Ayarefo abɛgu Petro fie, na Yesu resa wɔn yareɛ

TI 23

Yesu Yɛɛ Anwonwade Akɛse wɔ Kapernaum

MATEO 8:14-17 MARKO 1:21-34 LUKA 4:31-41

  • YESU TUU AHONHOMMƆNE

  • ƆSAA PETRO ASEBAA YARE

Ná Yesu ato nsa afrɛ asuafo nnan sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo. Wɔn ne Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Afei ɛduu Homeda no, Yesu ne wɔn nyinaa kɔɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hɔ. Ɛhɔ nso, sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no maa nkurɔfo ho dwirii wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.

Saa Homeda yi deɛ, na ɔbarima bi a ɔwɔ honhommɔne wɔ hyiadan mu hɔ bi. Ɔfirii ase teateaam sɛ: “Nasareni Yesu, ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onii ko pɔtee a woyɛ, wone Ɔkronkronni” no. Yesu kaa honhommɔne no anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!”​—Marko 1:24, 25.

Ɛhɔ ara na honhommɔne no maa ɔbarima no sensenee, na ɔteaam dendeenden. Nanso ɔfirii ɔbarima no mu a “wanyɛ no hwee.” (Luka 4:35) Afei nnipa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ no ho dwirii wɔn paa! Wobisaa sɛ: “Ɛdeɛn nie? . . . Ɔde tumi kasa kyerɛ ahonhom fĩ mpo ma wɔtie no.” (Marko 1:27) Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm no trɛw kɔɔ Galilea baabiara.

Bere a Yesu ne n’asuafo no fii hyiadan mu hɔ no, wɔkɔɔ Simon a wɔsan frɛ no Petro fie. Wɔduu hɔ no, na atiridii akyere Petro asebaa dendeenden. Enti wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yareɛ. Yesu kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsɔɔ ne nsa maa ne so tenaa ase; ɛhɔ ara na ne ho tɔɔ no. Afei ɔfirii ase som Yesu ne n’asuafo no; ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ aduane maa wɔn.

Ɛduu anwummerɛ no, nkurɔfo pii de ayarefo baa Petro fie hɔ. Ankyɛ na nnipa bɛyɛɛ kwan no ano ma. Dɛn na wɔbɛyɛɛ wɔ hɔ? Ná wɔrebɛpɛ ayaresa. “Wɔn a wɔwɔ nkurɔfoɔ a nyarewa ahodoɔ ayɛ wɔn no de wɔn brɛɛ no. Ɔde ne nsa guu wɔn mu biara so saa wɔn yareɛ.” (Luka 4:40) Enti ɛmfa ho yareɛ biara a ɛwɔ wɔn so no, Yesu saa ne nyinaa maa Bible nkɔmhyɛ baa mu. (Yesaia 53:4) Wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so mpo, ɔtuu ahonhommɔne no maa wɔn ho tɔɔ wɔn. Sɛ ahonhommɔne no refiri nnipa no mu a, wɔteateam sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.” (Luka 4:41) Nanso Yesu kaa wɔn anim, na wamma wɔn kwan amma wɔankasa. Ná ahonhommɔne no nim sɛ Yesu ne Kristo, nanso na Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bɛnya adwene sɛ ahonhommɔne yi nokware Nyankopɔn ayɛ.

NNIPA A WƆWƆ AHONHOMMƆNE

Sɛ ahonhommɔne wɔ obi so a, ­ɛtumi ma ɔhu amane pii. (Mateo 17:​14-18) Nanso sɛ ahonhommɔne no fi onipa no so a, na ne ho atɔ no ma wasi ne dada mu bio. Honhom kronkron a Yehowa de maa Yesu nti, ɔtumi tuu ahonhommɔne fii nnipa pii mu.​—Luka 8:​39; 11:​20.

  • Bere a Yesu kɔɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum Homeda bi no, dɛn na ɛsii?

  • Yesu fii hyiadan mu hɔ no, ɛhe na ɔkɔe? Dɛn na ɔyɛɛ wɔ hɔ?

  • Bere a kurom hɔfo no huu nea Yesu yɛe no, dɛn na wɔyɛe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena