-
“Eyi Nti Na Wɔsomaa Me”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
5. Adwuma bɛn na Yesu de ne bere nyinaa yɛe, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?
5 Bere bi Yesu kaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.’ (Luka 4:43) Nokwarem no, wɔsomaa Yesu sɛ ɔmmɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, na ɔnkyerɛkyerɛ nso.b Yesu akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso yɛ adwuma koro no ara bi. Ne saa nti, nea enti a Yesu kaa asɛm no, nea ɔkaa ho asɛm, ne sɛnea na obu adwuma a na ɛhyɛ ne nsa no, ehia sɛ yesusuw ho.
-
-
“Eyi Nti Na Wɔsomaa Me”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
b Nea asɛnka kyerɛ ne sɛ wɔbɛbɔ asɛm bi ho dawuru anaa wɔbɛpae mu aka. Yɛka nkyerɛkyerɛ adwuma a, ɛte sɛ asɛnka pɛpɛɛpɛ, nanso ɛno de, wɔdɔ nsɛm mu asukɔ kyerɛ mu kɔ akyiri. Sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yedu asuafo koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde nea wɔte no bɛyɛ adwuma.
-