Gyina, A Yebegyina Wɔ Anigye Mu A Ɔtaa Mfa Ho
“Yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba, na anidaso nhyɛ aniwu.”—Romafo 5:3-5.
1. Dɛn na ɛda adi esiane Kristofo a wɔtaa wɔn wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no nti?
YEHOWA nkurɔfo osuahu ahorow wɔ “nna a edi akyiri” yi mu ama Yesu asɛm no ayɛ nokware: “Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔtow mo din kyene sɛ dimmɔne onipa Ba no nti. Momma mo ani nnye da no, na munni ahurusi! na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifo no.” (Luka 6:22, 23; 2 Timoteo 3:1) Yiw, Onyankopɔn asomfo betumi agyina ɔtaa ahorow nyinaa mu wɔ nokwaredi mu, na wayɛ saa wɔ anigye mu.
2. (a) So wɔn a wohyia ɔtaa pii no nya akatua a ɛsõ? (b) Mfaso ahorow a efi ɔtaa a yegyina mu wɔ nkonimdi mu ba no bi ne nea ɛwɔ he?
2 Ɛnyɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ wɔtaa yɛn, efisɛ ɔtaa nyɛ anigyede na mpɛn pii no ɛyɛ yaw. Ɛnyɛ ɔtaa no ankasa, na mmom nea efi mu ba no na ɛma yɛn biribi a yegyina so nya anigye. (Yakobo 1:2, 3) Kristofo mpɛ sɛ wɔbɛtaa wɔn. Wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ mogyadansefo, a wosusuw sɛ dodow a wohyia ɔtaa no, dodow no ara na wɔsɔ wɔn soro Agya no ani. Wɔn a wohyia ɔtaa pii no nnya akatua a ɛsõ, saa ara na ɛnkyerɛ sɛ wɔyɛ anokwafo sen wɔn a ɔtaa kakraa bi na aba wɔn so no. Nanso hyɛ nea efi mu ba, bere a Kristoni atɔ ne bo ase wɔ ahohia mu wɔ nkonimdi mu no nsow: “Ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba; na anidaso nhyɛ aniwu.”—Romafo 5:3-5.
3. (a) Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Romafo 5:8 no, ɔkwan bɛn so na ahohia de boasetɔ ba? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi hyɛ yɛn gyidi den? (Hebrifo 10:38, 39)
3 Sɛ yɛkenkan ɔtaa a yɛn mfɛfo Kristofo hyia wɔ mmeae horow bi no ho asɛm a, ebia yɛn adwenem bɛyɛ yɛn naa sɛ, “So metumi agyina ɛno mu?” Nanso sɛ ɔsɔretia anaa sɔhwɛ bɛto yɛn mpofirim, na sɛ́ yebegyaa mu anaasɛ yebegyae Onyankopɔn som mmom no, yɛdan kɔ ne nkyɛn ma ɔboa yɛn a, yehu sɛ otie yɛn mpaebɔ, na yehu sɛnea ahohia de boasetɔ ba. Afei yɛn adwenem nyɛ yɛn naa bio sɛ ebia yebetumi agyina mu; yenim sɛ yebetumi, wɔ Yehowa ahoɔden mu. Ebia na sɔhwɛ a edi kan no mu nyɛ den kɛse, nanso asɔ yɛn gyidi ahwɛ, na ayɛ den. Ebia sɔhwɛ a edi hɔ no mu bɛyɛ den kakra, nanso yɛn gyidi no yɛ den sen saa efisɛ yɛansan akyi wɔ nea edi kan no mu. Enti wɔ Yehowa ahoɔden mu no, yebetumi ahyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ biara ankasa, a yenim sɛ ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi so; na ‘ɔrempa yɛn akyi.’—1 Korintofo 10:13; 2 Korintofo 4:8-10.
4. Bere a yɛato yɛn bo ase wɔ sɔhwɛ anaa ɔtaa mu wɔ nkonimdi mu akyi no, ntease ankasa bɛn na yɛwɔ a enti yɛn ani gye?
4 Boasetɔ wɔ ahohia mu yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛma yedi ahurusi ampa. Yɛn ani betumi agye sɛ yɛannyae wɔ sɔhwɛ mu na mmom yekuraa nea eye mu denneennen. Yenim sɛ eyi ne nea Onyankopɔn pene so, enti yɛn boasetɔ wɔ nkonimdi mu no de yɛn abɛn no, a ɛno nso yɛ ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye, sɛnea wɔada no adi pefee wɔ Yakobo 1:12 no.
Ɔtaa Wɔ Akwan Horow Pii So
5. Dɛn ne tebea a ɛwɔ aman pii so nnɛ a ɛfa ɔtaa ne ɔhaw a wɔde ba yɛn nuanom so no ho? Dɛn nti na eyi te saa? (Amos 7:10-17)
5 Ɛnnɛ wɔasiw Yehowa Adansefo adwuma ano wɔ nsase bɛboro 40 so, na wɔ saa mmeae ahorow yi pii no, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo gyina sɔhwɛ ne ɔtaa ahorow a ɛyɛ den mu, esiane sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom wɔn Nyankopɔn, Yehowa no wɔ nokwaredi mu ara kwa nti. Mpɛn pii no, bara a wɔbara no fi nyamesom asɔfo a wɔaka yɛn ho a yɛmfa nhyɛ amansɛmdi mu no ho nsɛmmɔne sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw yɛn asɛnka adwuma no ano no. Aban mpanyimfo a wɔate no nim sɛ Yehowa Adansefo nyɛ Ɔman ase tutufo anaa nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ ɔkwan biara so. Aban mpanyimfo a wɔwɔ ntease nim Adansefo no sɛ wɔteɛ, nnipa a wodi mmara so a wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de di asase no so mmara so. Nanso wɔ Yehowa Adansefo fam no, nokware a wobedi ama Onyankopɔn ne nea edi kan. Enti, wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛ amansɛmdi mu wɔ ɔman biara mu. Enti sɛ ntawntawdi bi ba Onyankopɔn mmara ho a, te sɛ asomafo no ‘wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa’—Asomafo no Nnwuma 5:29.
6. (a) Ɔtaa a na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo gyina mu no ho nhwɛso ahorow bi ne nea ɛwɔ he? (b) So wubetumi akyerɛ tebea horow a ɛte saa ara wɔ nnɛ bere yi mu?
6 Atuatewfo dɔm a ɛtɔ bere bi a nyamesom asɔfo anaa nnipa a wɔyɛ den wɔ amansɛmdi mu di wɔn anim ayɛ Yehowa nkurɔfo ayayade wɔ mmeae ahorow pii. Wɔahyɛ yɛn honhom mu nuanom pii ma wɔaguan agyaw wɔn afie ne wɔn nneɛma hɔ de apere wɔn nkwa, sɛnea asisi nnansa yi mfe no mu wɔ Malawi ne Ethiopia no. Wɔayi ebinom adi afi adwuma mu, na wɔasiw afoforo adwuma ano esiane sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo ara kwa nti. (Adiyisɛm 13:16, 17) Wɔasɛe wɔn Kristofo Bible adesua nhyiam ahorow; wɔahwehwɛ wɔn afi mu agye wɔn Bible ne Bible nhoma ahorow. Wɔahunahuna wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobesuro, na wɔakyekye pii de wɔn agu afiase, na wɔakunkum binom mpo. Ɔtaa no mu bɛyɛɛ den titiriw wɔ wiase ko ahorow no mu, nanso ɛrekɔ so mprempren ara wɔ nsase ahorow pii so.
7. Wɔ nsase a atumfoɔ no nhyɛ da ntaa wɔn so mpo no, tebea horow bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo pii gyina mu?
7 Wɔ asase so nyinaa nso, ɛsɛ sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii hyia ɔsɔretia ne ɔtaa fi wɔn mmusuafo hɔ esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa sɛ Yesu Kristo asuafo nti. Sɛnɛa Yesu ka too hɔ no: “Onipa fifo bɛyɛ n’atamfo.”—Mateo 10:35, 36.
Ɔtaa Botae
8. So wɔtaa Yehowa Adansefo esiane sɛ wɔyɛ abɔnefo anaasɛ mmara so bufo nti anaa?
8 Dɛn na wɔn a wɔtaa Yehowa nkurɔfo no pɛ sɛ wɔyɛ? So wɔtaa n’adansefo no esiane sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo nti anaa? Dabi. Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wodi mmara so a wokura abrabɔ pa mu. Wɔyɛ adwumayɛfo pa, wɔwɔ anigye, wɔpɛ nipa asɛm, wɔn yam ye na wodwo, na wɔnyɛ wɔn ade sɛ nnipa a wɔyɛ katee wɔ nyamesom mu. Nokwarem, wɔyɛ nnipa pa a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn tra. (Tito 2:6-10; Galatifo 6:9, 10) Wɔn asɛm a wɔka no yɛ asomdwoe de, a ɛde awerɛkyekye brɛ wɔn a wɔahaw na wodi awerɛhow. Wɔka “asɛmpa” a ɛne sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn ahenni beyi nhyɛsofo afi hɔ na ɔde trenee nhyehyɛe foforo aba.—Mateo 6:10; Dwom 37:10, 11.
9. Yɛn adwuma bɛn na wɔn a wɔsɔre tia yɛn no pɛ sɛ wosiw ano, na dɛn ntia?
9 Nanso “asɛmpa” yi a wɔka no da Kristoman asɔfo no adi sɛ wonni anidaso asɛm biara ma nnipa no. Enti wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw wɔn a wɔka no ano! Bere a ɛyɛ aban mpanyimfo binom nso pɛ sɛ wɔbɛma Yehowa nkurɔfo kwan ma wɔagye nea wɔpɛ biara adi no, wɔsɔre tia ka a wɔka asɛm kyerɛ afoforo no. Te sɛ Yudafo asɔfo a tete Kristofo adwuma a wɔde nnam yɛe no haw wɔn no, wɔka sɛ: “Yɛbɛteɛteɛ wɔn sɛ wɔnnka [Yesu] din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.” (Asomafo no Nnwuma 4:17, 18) Yiw, ɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no na wɔpɛ sɛ wosiw ano.—Hwɛ Asomafo no Nnwuma 5:28, 40 nso.
10. (a) Wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obesiw yɛn asɛnka adwuma no ano akyi no, dɛn bio na Satan pɛ sɛ ɔyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi da adi denam ɔkwan a ɔtaa fa so bara yɛn adwuma no so?
10 Kae nso sɛ, nea ɔhyɛ ɔtaa no akyi ankasa ne Satan Ɔbonsam. (1 Petro 5:8) Ɛnyɛ yɛn asɛnka adwuma no nko na ɔpɛ sɛ osiw ano, na mmom ɔpɛ sɛ ɔsɛe yɛn gyidi nso na yegyae yɛn mudi mu a yekura ma Onyankopɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa renka daa nkwa no. Enti ɔtaa no botae biako nso ne sɛ ɛremma yennya honhom mu aduan, na asiw yɛne yɛn nuanom ntam fekubɔ wɔ yɛn nhyiam horow ase no ano. Enti, sɛ wɔbara yɛn adwuma no a, bere nyinaa ɛyɛ yɛn asɛnka adwuma ne yɛn nhyiam horow no na wɔbara. Wɔtaa ka kyerɛ yɛn sɛ “Mubetumi ayɛ Yehowa Adansefo, nanso muntumi nka asɛm anaa nyɛ nhyiam ahorow.” Nanso sɛ yɛanka asɛm anaa yɛanyɛ nhyiam horow a na yɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn anaa Kristo Yesu adansefo, efisɛ ɔdansefo a ɔnkasa no nyɛ ɔdansefo koraa. (Yesaia 43:10, 12; Asomafo no Nnwuma 1:8) Na dɛn na ɛbɛba yɛn gyidi so sɛ yɛantie Onyankopɔn ahyɛde sɛ yɛmmom nhyia no bio a?—Hebrifo 10:24, 25.
Ɔtaa Mu a Yebegyina
11. Nokware Kristofo ayɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔtaa ahorow pii a wɔde ba wɔn so no ho?
11 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔtaa a wɔde ba wɔn so no ho? Te sɛ tete Kristofo no, wonnsuro na mmom wɔakɔ wɔn anim akokoduru so wɔ asɛnka adwuma no mu a bara a wɔabara wɔn ne ahunahuna ahorow nfa ho. Te sɛ Paulo no, wɔwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wɔma wɔn ani gye.’ Yehowa afã a wogyina pintinn wɔ asɛm no mu no rema Ɔbonsam ayɛ ɔtorofo. Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ yebetumi anya Yehowa din a wɔhyɛ no anuonyam no mu kyɛfa!—Filipifo 2:17, 18; 2 Tesalonikafo 1:4.
12. So ɛsɛ sɛ yesuro nea ebia wɔn a wɔtaa yɛn no bɛka sɛ wɔde bɛyɛ yɛn no?
12 Biribiara nni hɔ ankasa a enti ɛsɛ sɛ yesuro wɔn a wɔtaa yɛn no. Paulo kyerɛw Filipifo no sɛ: “Momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko . . . na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno [sɛ́ munnsuro wɔn no] na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, na ne saa fi Nyankopɔn.”—Filipifo 1:27, 28.
13, 14. (a) Dɛn na mpanyimfo a wɔsɔre tia wɔ ɔman biako so yɛe nnansa yi wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma ehu aka Yehowa Adansefo no ho? (b) Dɛn na osuahu ahorow yi kyerɛ ankasa?
13 Nnansa yi, wɔ Europa man biako a wonnyee Yehowa Adansefo adwuma no ntoom wɔ mmara kwan so mu no, wɔkyeree onua bi sɛ wakɔma Bible mu ɔkasa tiaa a awerɛkyekye wom wɔ ayi ase. Wɔkyeree onua a ɔbɔɔ mpae no nso. Aban mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no kae sɛ nnipa a Ɔman no ama wɔn kwan nkutoo na wobetumi akasa wɔ ayi ase, ne sɛ wɔabara mpaebɔ “efisɛ wobetumi de mpaebɔ adi dwuma de akyerɛkyerɛ.” Wɔkyeree onua foforo wɔ beae koro no ara, esiane sɛ ná ɔrekenkan Bible no akyerɛ n’abusua nti. Wɔamfa anuanom yi ankɔ asenniibea. Wɔde wɔn guu mu bere tiaa bi na wogyaa wɔn. Ɛda adi sɛ na botae no ne sɛ wɔbɛma wɔasuro na wɔagyae.
14 Nanso henanom na wosuro ankasa? Sɛ aban mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no te nka sɛ obi a ɔrekenkan Bible akyerɛ n’abusua anaasɛ onua a ɔrema ɔkasa anaa ɔrebɔ mpae wɔ ayi ase yɛ obi a wosuro no a, ɛnde na wosuro Bible nkrasɛm no ne wɔn a wɔka no kɛse ankasa! Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuro wɔn? Sɛnea Paulo kyerɛe no, yɛn biakoyɛ ne akokoduru no yɛ “ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo.”—Filipifo 1:28.
15. Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ahunahuna ho no betumi akã kɔ a ɔtaa no bɛkɔ so ankasa no?
15 Wɔ mmeae binom no, wɔfrɛ “asɛmpa” no ho adawurubɔfo kɔ polisifo atrae adapɛn kakraa biara mu kasa kyerɛ wɔn, na wɔtaa hunahuna wɔn sɛ, sɛ wɔannyae Onyankopɔn ahenni no ho asɛnka a wɔde asotwe a emu yɛ den bɛba wɔn so. Nanso mpɛn pii sɛ anuanom no bu wɔn ani gu ahunahuna no so na wɔde akokoduru yɛ adwuma no a, aban mpanyimfo no pa abaw na wogyae wɔn akyidi. Nanso sɛ wohu biribi a ɛkyerɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo no suro a, wɔbɛkɔ so ahunahuna wɔn.
Kɔ a Yɛbɛkɔ So Bere a Wɔabara Yɛn
16, 17. (a) Mmɔden ahorow bɛn na wɔabɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya honhom mu aduan ama anuanom a wɔwɔ mmeae a wɔabara adwuma no, ne wɔn a wogu afiase ahorow? (b) Dɛn nti na eyi ho hia?
16 Adansefo a wɔwɔ aman a wɔabara adwuma no wɔ so mu na wɔasiw wɔn nhoma a wɔde mema no ano no hu hia a honhom mu aduan a wobenya bere nyinaa ho hia no. Esiane sɛ mmara mma ho kwan sɛ wobetintim Ɔwɛn-Aban no ne Yehowa Adansefo nhoma afoforo na wɔde amana wɔ nsase binom so nti, wɔyɛ nhyehyɛe ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a honhom mu aduan no bedu obiara hɔ. Wɔ Germany, wɔ ɔtaa bere no mu wɔ Hitler ase no, wɔde mfiri ahorow ne nsa mpo kyerɛw emu nsɛm ahorow a wosua no bi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ara wɔ mmeae ahorow pii nnɛ nso. Sɛ wɔantumi ankyerɛw dodow a ɛbɛma obiara anya bi a, ɛnde wɔde kyinkyin wɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya hokwan akenkan bi. Ade a ɛho hia ne honhom mu aduan a wobedi bere nyinaa.—Mateo 4:4.
17 Osuahu ada no adi sɛ Yehowa akyerɛ nneɛma kwan bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya honhom mu aduan, wɔ tebea horow a emu yɛ den yiye mpo mu. Wɔafa akwan horow pii so wɔ sum ase de bi akɔ afiase ne nneduaban ahorow mu. Na denhyɛ bɛn ara na ayɛ ama wɔn a wogu afiase hɔ no sɛɛ yi!
18. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wone afoforo bom susuw honhom fam aduan ho daa, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi wɔ tebea horow a emu yɛ den ase mpo?
18 Sɛnea ebetumi no, Onyankopɔn nokware asomfo bom di honhom mu aduan bere nyinaa—ɛwom mpo sɛ wɔabara nhyiam ahorow, ɛwom mpo sɛ wɔde wɔn agu afiase de. Bible mu kyerɛwsɛm bi a wɔne afoforo bɛbom asusuw ho da biara, sɛ wobetumi ayɛ eyi a, boa ma ɛde adwene no si honhom mu nneɛma so. Nkɔmmɔbɔ tiaa da biara mpo ma honhom mu ahoɔden pii.—Dwom 1:2; Asomafo no Nnwuma 17:11.
Hia a Nhyiam Ahorow Ho Hia
19. (a) Ade a wɔnhwɛ kwan bɛn na ɛbaa yɛn nuanom a wɔwɔ Liberia no mu pii so? (b) Sɛnea 1977 Afe Nhoma amanneɛbɔ kyerɛ no, dɛn na ɛboaa anokwafo no ma wogyinaa mu?
19 March 1963 mu wɔ Gbarnga, Liberia no, wɔkyekyee nnipa bɛyɛ 400 a na wɔakɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam no na wɔde wɔn guu mu nnanan a wɔamma wɔn aduan wɔ asraafo adwumayɛbea. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔagyae wɔn nyamesom gyidi ahorow no mu na wɔakyia Liberiafo frankaa no, wɔyɛɛ Adansefo no ayayade ahorow na wɔfow wɔn nneɛma. Bere a esiane ehu nti pii gyaee na wɔyɛɛ nea wɔkae no, kakraa bi kuraa wɔn mudi mu. Hyɛ nea wɔkae wɔ 1977 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu, kratafa 176 no nsow: “Ná wofi akuw ahorow nyinaa mu, wɔn a wonnim nhoma ne wɔn a wɔasua nhoma yiye. Wɔn a na wɔwɔ kuw a wodii nokware no mu yɛ wɔn a na wɔkɔ nhyiam ahorow daa no.”
20. Ɔkwan bɛn so na pii bɔ mmɔden kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔrennyae wɔn ho wɔn ho nhyiam,’ na wɔ asiane ahorow bɛn mu?
20 Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no tu yɛn fo sɛ yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam. (Hebrifo 10:24, 25) Hia a eyi ho hia no ano mmrɛ ase wɔ ɔtaa bere mu. Ebia ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ nhyiam ahorow mu yɛ no akuw nketewa wɔ nkurɔfo afie; ebia ɛho behia sɛ wɔsakrasakra mmeae ne mmere no mu, na ebia ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ bere pa, bere a wɔyɛ nhyiam ahorow no bi anadwo paa no. Nanso wɔ asiane ahorow no nyinaa mu no, yɛn nuanom anokwafo bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛkɔ nhyiam biara bi. Na anuanom pene so sɛ wɔbɛyɛ nhyiam ahorow a ɛte sɛɛ wɔ wɔn afie, ɛwom po sɛ, sɛ wohu a, ebia ebetumi ama wɔahwere ahofadi a wɔwɔ.
21. (a) Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛbɛma wɔanya honhom mu aduan mu mfaso kɛse wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ hia a nhyiam ahorow a ɛte sɛɛ a yɛbɛkɔ daa na yɛde yɛn ho ahyem ho hia no?
21 Ebia nhyiam ahorow a wɔyɛ no akuw nketenkete no remma anuanom nyinaa nnya mfaso a wonya wɔ akyerɛkyerɛfo pa a wɔwɔ asafo no mu ho no, nanso hokwan pii wɔ hɔ ma obiara sɛ ɔde ne ho bɛhyem na wanya pii afi nhyiam ahorow no mu. Ɛtɔ bere bi a akuw akɛse betumi ahyiam te sɛ nea wɔrefi adi akogye wɔn ani anaasɛ te sɛ nea obi ato nsa afrɛ wɔn. Nhyiam ahorow no nyinaa a wɔkɔ bere nyinaa no yɛ ade titiriw a ɛma ‘woso nea wofii ase de wɔn ho too so no mu pintinn kosi ase,’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobekura wɔn mudi mu a ‘wɔmpa abaw’ na wɔn nsa aka bɔhyɛ no mmamu.—Hebrifo 3:14; 10:36; Galatifo 6:9.
Asɛnka Wɔ Bere a Wɔabara
22. (a) Dɛn nti na nnɛ Onyankopɔn nkurɔfo ntumi nnyae nneɛma a wɔahu na wɔate no ho asɛm ka? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi wɔ mmeae ahorow binom?
22 Te sɛ asomafo no, nnɛ Yehowa nkurɔfo ‘ntumi, gye sɛ wɔka nea wɔahu na wɔate.’ (Asomafo no Nnwuma 4:20) Yesu kae sɛ “etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa,” na onipa anaa adaemone adwumayɛ biara ntumi nsiw eyi ano. (Marko 13:10) Ɛwom mpo sɛ wɔabara Yehowa Adansefo adwuma wɔ mmeae binom de, nanso wotumi kɔ afie afie te sɛ onipa foforo biara, a Bible no nkutoo na wɔde di dwuma.
23, 24. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ mmeae a ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛkɔ afie afie no? (b) So wubetumi aka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ nneɛma pa afi eyi mu aba?
23 Baabi a ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛkɔ afie afie no, wobetumi aka “asɛmpa” no wɔ akwan foforo so. Yebetumi akɔ nnipa ahorow nkyɛn wɔ asasesin no afã ahorow a yɛnyɛ ofie biara mu adwuma nnidiso nnidiso. Nanso enhia sɛ yɛtwɛn kosi bere a nkurɔfo wɔ fie. Yɛn nuanom a wɔwɔ nsase ahorow pii so ayɛ adwuma a ɛyɛ nwonwa wɔ nnipa a wɔkasa kyerɛ wɔn wɔ baabiara a wobehu wɔn no mu—wɔ mmɔnten so, wɔ amusiei ne agodibea ahorow, anaasɛ bere a wɔretu kwan. Ebinom akɔ mmeae a Adansefo nni hɔ sɛ nnipa a wɔrebɛsra hɔ, na wɔne nnipa no fi nkɔmmɔbɔ ahorow ase wɔ baabiara a eyi bɛyɛ yiye. Ɔkwan biara nni hɔ a ɔtamfo no betumi afa so asiw akwan horow a yɛnam so kasa yi ano, bere dodow a yɛwɔ nkwa na nnipa wɔ hɔ a yebetumi akasa akyerɛ wɔn yi.
24 Ɛdenam sua a wosua so no, Yehowa nkurɔfo ho akokwaw wɔ sɛnea wofi adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ a ɛfa nneɛma ahorow pii ho ase na wɔdan nkɔmmɔbɔ no kɔ Bible no so ma ɛne no hyia. Ɔdansefo a ɔwɔ ɔman bi so kɔɔ awarefo bi nkyɛn wɔ turo bi mu bere a na wɔrenom nsu wɔ asuten bi mu. Ɔdansefo no bisaa wɔn sɛ wɔrempɛ sɛ wohu baabi a nsu a eye wɔ. Afei ofii ase kaa nkwa nsu wɔ Paradise a ɛreba no mu ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔbɔɔ nkɔmmɔ nnɔnhwerew abiɛsa. Eyi kowiee Bible adesua mu, na asram abiɛsa akyi no awarefo no fii ase de wɔn ho hyɛɛ asɛnka adwuma mu. Afe akyi no, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu, a akyiri yi ɔbarima no resom sɛ asafo mu somfo.—Fa toto Yohane 4:7-15 ho.
25. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebekwati, titiriw wɔ baabi a wɔabara yɛn asɛnka adwuma no?
25 Wɔ dwumadi yi nyinaa mu no, nyansa wom sɛ yebekwati asi a yɛne asɔretiafo no bedi. Afei nso, ehia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ asɛm a yɛka kyerɛ ɔtamfo no bere a ɔbɔ mmɔden sɛ obenya yɛn denam adamfofa kwan so kasa ne adɛfɛdɛfɛsɛm so no ho. Yɛpɛ sɛ yɛma Yesu afotu no tra yɛn adwene mu: “Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.” (Mateo 10:16) Paulo nso tu fo sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:18.
Nneɛma Pa a Efi Mudi Mu Kura Mu Ba
26. Nneɛma pa a efi mudi mu a wokura wɔ ɔtaa a emu yɛ den mu ba no bi ne nea ɛwɔ he?
26 Adanse a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na wɔn a wɔakura wɔn mudi mu denneennen wɔ ɔtaa a emu yɛ den mu no adi wɔ mfe pii mu sɛɛ yi! Mmɔden ahorow nyinaa a Ɔbonsam ne n’akyidifo abɔ sɛ wobesiw adanse a wodi no ano no kowie adanse kɛse a wodi de hyɛ Yehowa din anuonyam mu nko. Na kyɛfa a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na mpempem no nyinaa, yiw, ɔpepem pii no anya sɛɛ yi, wɔn a wɔakura (na wɔda so ara kura) wɔn mudi mu wɔ ɔtaa mu, ma enti wɔkyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo na wɔkyerɛ wɔn gyidi a emu yɛ den wɔ Yehowa Nyankopɔn mu ne wɔn dɔ ma no no!
27. Mfaso ahorow bɛn na yenya fi sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa a yegyina mu wɔ nokwaredi mu no mu?
27 Sɛ yegyina mu wɔ nokwaredi mu a, yenya ahonim pa, a yenim sɛ yɛayɛ nea ɛteɛ, na Yehowa ani sɔ yɛn. Eyi hyɛ yɛn anidaso no mu den na ɛma yɛn anigye dɔɔso nso. Wɔsɔɔ yɛn gyidi hwɛe, na esiane sɛ yɛansan akyi anaasɛ yɛanguan wɔ ɔtaa no mu nti, Yehowa boaa yɛn ma yegyinaa mu. Nea afi mu aba ne sɛ, afei yɛn gyidi abɛyɛ den asen bere biara. Saa ‘yɛn gyidi a wɔasɔ ahwɛ’ yi siesie yɛn na ɛma yetumi hyia daakye sɔhwɛ ahorow.—1 Petro 1:6, 7.
28. (a) Ntease ahorow bɛn na onuawa a ofi Finland a yɛadi kan aka ne ho asɛm no wɔ mprempren a enti ɛsɛ sɛm ɔma n’ani gye? (b) Dɛn na obetumi akɔ so ahwɛ kwan?
28 Onuawa a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mfiase mu hɔ no hui sɛ eyi te saa. Wasan akɔtra ne kurom bio, a ɔresom wɔ hɔ sɛ daa ɔkwampaefo (obi a ɔde ne bere nyinaa bɔ Ahenni no ho dawuru) bɛyɛ bere bi ni. Ɛwom sɛ mmara mma kwan sɛ ɔde ne mma no bɛba ne nkyɛn de, nanso wɔma ohu wɔn mprɛnsa ɔsram biara, na watumi aka “asɛmpa” no bi akyerɛ wɔn a sɛnea wotie no hyɛ nkuran. Na hena na onim nea awiei koraa no ebefi mu aba? Nhwɛso ahorow pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔsɔre tia anaa wɔtaa yɛn denneennen no ani agye pintinn a yɛn nuanom agyina no ho araa ma aka wɔn ma wɔn ankasa ahwehwɛ Bible no mu, na awiei koraa no ebinom abɛyɛ Yehowa asomfo.
29. Nkuranhyɛ foforo bɛn na yɛn nyinaa wɔ a ɛbɛma yɛakɔ so adi nokware na yɛanya anigye a ɔtaa mfa ho?
29 Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae [Yehowa] din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo.” (Yakobo 5:10, 11) Na afeha a edi kan Kristofo nhwɛso ahorow fɛfɛ ne nnɛyi de ahorow no hyɛ yɛn nyinaa nkuran kɛse ma yenya anigye a ɔtaa mfa ho.
[Kratafa 10 mfoni]
Yesu kae sɛ: “Onipa fifo bɛyɛ n’atamfo”
[Kratafa 12 mfoni]
Bere a wɔabara wɔn mpo no Yehowa Adansefo nnyae asɛnka