ADESUA ASƐM 10
Obi Dɔ Yehowa Na N’ani Sɔ Nea Wayɛ Ama No a, Ɔbɛbɔ Asu
“Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”—ASO. 8:36.
DWOM 37 Yebefi Yɛn Kra Nyinaa Mu Asom Yehowa
NEA YƐREBESUAa
1-2. Sɛnea Asomafo Nnwuma 8:27-31, 35-38 kyerɛ no, dɛn na ɛkaa Etiopiani piani no ma ɔbɔɔ asu?
WOPƐ sɛ wobɔ asu na woyɛ Kristo suani anaa? Nnipa pii dɔ Yehowa, na nea wayɛ ama wɔn ho anisɔ aka wɔn ama wɔabɔ asu. Yɛnhwɛ ahemfie panyin bi a na ɔsom Etiopia hemmaa.
2 Bere a Etiopiani no hui wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ asu no, ntɛm ara na ɔyɛɛ saa. (Kenkan Asomafo Nnwuma 8:27-31, 35-38.) Dɛn na ɛkanyan no? Biribiara kyerɛ sɛ na n’ani sɔ Onyankopɔn Asɛm; bere a ɔte ne teaseɛnam mu fi Yerusalem resan akɔ ne kurom no, na ɔrekenkan Yesaia nhoma no mu asɛm bi. Bere a Filipo ne Etiopiani no kasae no, ɛmaa Etiopiani no ani sɔɔ nea Yesu ayɛ ama no. Nanso, dɛn nti na Etiopiani no tuu kwan kɔɔ Yerusalem? Efisɛ na ɔdɔ Yehowa dedaw. Yɛyɛ dɛn hu saa? Ná wakɔsom Yehowa wɔ Yerusalem ɛnna ɔresan akɔ ne kurom. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima no agyae ɔsom a wɔwoo no toom de ne ho akɔbɔ ɔman a na wɔahyira so ama nokware Nyankopɔn no. Ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no ara na ɛmaa otuu anammɔn foforo; ɛne sɛ ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Kristo suani.—Mat. 28:19.
3. Dɛn na ebetumi asiw obi kwan sɛ ɔbɛbɔ asu? (Hwɛ adaka a wɔato din, “Sɛn Na Wo Koma Te?” no.)
3 Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa betumi akanyan wo ama woabɔ asu. Nanso anhwɛ a ɔdɔ a wowɔ ma afoforo ne nneɛma bi nti, ɛremma wonyɛ saa. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Ebia wodɔ w’abusuafo ne wo nnamfo a wɔnyɛ Adansefo no paa, na ebia ɛhaw wo sɛ wobɔ asu a, wɔbɛtan wo. (Mat. 10:37) Anaa ebia w’ani gye suban bi a wunim sɛ Onyankopɔn kyi ho, na ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyae. (Dw. 97:10) Anaasɛ ebia efi wo mmofraase no, wadi afahyɛ bi a wodi wɔ atoro som mu ara besi saa bere yi. Ebia w’ani gye nneɛma a wɔredi saa afahyɛ no a wɔyɛ no ho. Enti, ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛtwe wo ho afi amanne a ɛnsɔ Yehowa ani ho. (1 Kor. 10:20, 21) Ɛnde, asɛm a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho ne sɛ, “Dɛn na m’ani gye ho paa anaa hena na medɔ no sen obiara?”
ONII A ƐSƐ SƐ YƐDƆ NO SEN OBIARA
4. Ade titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan wo ma wobɔ asu?
4 Wowɔ nneɛma pa pii a w’ani gye ho paa, na ɛsɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ. Ebi ne sɛ, ansa na wo ne Yehowa Adansefo resua ade no, ebia na w’ani sɔ Bible paa. Ebi nso a na wodɔ Yesu. Seesei a woabehu Yehowa Adansefo no, ebia w’ani gye ho sɛ wo ne wɔn bɛbɔ. Nanso sɛ w’ani gye saa nneɛma pa no ho a, ɛno ara nkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛkanyan wo ma wobɔ asu. Sɛ wodɔ Yehowa sen obiara anaa biribi foforo biara a, woremma biribiara anaa obiara nsiw wo kwan sɛ wobɛsom no. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa na ɛbɛkanyan wo ama woabɔ asu, na wobɔ asu nso a, ɛbɛboa wo ama woakɔ so asom Onyankopɔn.
5. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?
5 Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa. (Mar. 12:30) Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa na wubu no paa? Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa dɔ yɛn no ho a, ɛbɛma yɛn nso yɛadɔ no bi. (1 Yoh. 4:19) Onii a ɛsɛ sɛ yɛdɔ no sen obiara no, sɛ wunya ɔdɔ ma no a, dɛn bio na ɛbɛkanyan wo ama woayɛ?b
6. Sɛnea Romafo 1:20 kyerɛ no, dɛn ne ɔkwan baako a wubetumi afa so asua Yehowa ho ade?
6 Hwɛ Yehowa abɔde na sua biribi fa ne ho. (Kenkan Romafo 1:20; Adi. 4:11) Afifide ne mmoa a Yehowa abɔ no, dwinnwen ho, na wubehu sɛ ɔwɔ nyansa. Sɛnea Yehowa ayɛ wo nipadua ma ɛyɛ nwonwa no, sua ho ade kakra. (Dw. 139:14) Wo de, dwinnwen tumi a Yehowa de ahyɛ owia no mu ho hwɛ. Nanso nsoromma ɔpepepem pii a ɛwɔ wim no, owia no yɛ emu baako pɛ.c (Yes. 40:26) Woyɛ saa a, wubenya obu kɛse ama Yehowa. Ɛwom, wunim sɛ Yehowa yɛ onyansafo na ɔwɔ tumi, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ehia sɛ wuhu na ama wo ne no atumi afa adamfo. Sɛ wopɛ sɛ wo ne n’adamfofa mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wusua ne ho ade pii.
7. Sɛ wopɛ sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu yɛ den a, dɛn na ɛsɛ sɛ wugye di?
7 Ɛsɛ sɛ wugye di sɛ Yehowa dwen wo ho paa. Ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi sɛ Onii a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no nim wo na odwen wo ho anaa? Sɛ saa a, kae sɛ Yehowa ‘ne yɛn mu biara ntam nware.’ (Aso. 17:26-28) Yehowa “hwehwɛ koma nyinaa mu,” na sɛnea Dawid ka kyerɛɛ Solomon no, wo nso, Yehowa reka akyerɛ wo sɛ, “sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no.” (1 Be. 28:9) Nokwasɛm ne sɛ, nea enti a seesei woresua Bible ne sɛ, Yehowa ka sɛ, ‘matwe wo’ aba me nkyɛn. (Yer. 31:3) Sɛ wokɔ so kyerɛ nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa ho anisɔ a, ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den.
8. Ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ?
8 Ade baako a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo ne sɛ wobɛbɔ no mpae. Sɛ woka nea ɛhaw wo kyerɛ Onyankopɔn na woda no ase wɔ nea ɔyɛ ma wo nyinaa ho a, ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no mu ayɛ den. Afei, sɛ wuhu sɛ Yehowa bua wo mpaebɔ a, wo ne n’adamfofa mu bɛyɛ den. (Dw. 116:1) Wubehu paa sɛ ɔte wo ase. Nanso sɛ wopɛ sɛ wobɛn Yehowa a, ɛsɛ sɛ wuhu n’adwene wɔ nneɛma ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ wuhu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ. Ɔkwan baako pɛ a wubetumi afa so ahu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ ne sɛ wubesua n’Asɛm Bible no.
Ɔkwan pa a wubetumi afa so abɛn Onyankopɔn na woahu nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ wubesua Bible (Hwɛ nkyekyɛm 9)d
9. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ Bible?
9 Kyerɛ sɛ w’ani sɔ Onyankopɔn Asɛm Bible. Bible mu nkutoo na wubehu Yehowa ho nokwasɛm ne nea enti a ɔbɔɔ wo. Nea woyɛ a ɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ Bible ne sɛ wobɛkenkan no da biara da. Afei nso, ɛsɛ sɛ wudi kan sua nhoma a mode yɛ Bible adesua no ansa na nea ɔne wo sua ade no aba, na fa nea wusua no yɛ adwuma. (Dw. 119:97, 99; Yoh. 17:17) Wowɔ nhyehyɛe a wode kenkan Bible anaa? Ɛyɛ a wudi saa nhyehyɛe no so kenkan Bible da biara da?
10. Dɛn ne ade baako a ɛma Bible da nsow?
10 Ade baako a ɛma Bible da nsow ne sɛ, Yesu ho asɛm a ɛwom no, wɔn a wɔde wɔn ani hui na wɔkaa ho asɛm. Ɛno nko ara ne nhoma a ɛkyerɛkyerɛ nea Yesu ayɛ ama wo no mu pɛpɛɛpɛ. Sɛ wusua nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe a, w’ani begye ho sɛ wo ne no bɛfa adamfo.
11. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woadɔ Yehowa?
11 Dɔ Yesu, na ɛbɛma woanya ɔdɔ kɛse ama Yehowa. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 14:9) Enti, sɛ wokɔ so sua Yesu ho ade a, ɛbɛma woahu Yehowa yiye na w’ani asɔ nea wayɛ ama wo. Wo de, hwɛ ayamhyehye a Yesu nya maa wɔn a ahia wɔn, wɔn a wɔyare, ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw a na nkurɔfo bu wɔn animtiaa no. Afei, afotu pa a Yesu de ma wo ne sɛnea wode yɛ adwuma a ɛboa wo wɔ w’asetenam no, dwinnwen ɛno nso ho.—Mat. 5:1-11; 7:24-27.
12. Sɛ wusua Yesu ho ade a, dɛn na ebetumi akanyan wo ama woayɛ?
12 Sɛ wudwinnwen afɔre a Yesu bɔe na ama yɛatumi anya bɔne fafiri no ho yiye a, ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no mu ayɛ den. (Mat. 20:28) Sɛ wote ase sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa to hɔ ma wo a, ebia ɛbɛma woanu wo ho na woasakra w’adwene na woasrɛ Yehowa sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Aso. 3:19, 20; 1 Yoh. 1:9) Afei nso, sɛ wunya ɔdɔ kɛse ma Yesu ne Yehowa a, w’ani begye ho sɛ wo ne nkurɔfo a wɔn nso dɔ Yesu ne Yehowa bɛbɔ.
13. Dɛn na Yehowa ama woanya?
13 Dɔ Wɔn a Wɔdɔ Yehowa. Ebia w’abusuafo ne wo nnamfo a wɔnyɛ Adansefo rente nea enti a wopɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa no ase. Ebi mpo a wɔbɛsɔre atia wo. Nanso, Yehowa bɛboa wo ama anuanom a wɔwɔ asafo no mu ayɛ w’abusua. Sɛ wo ne Yehowa abusua no bɔ a, wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wo na wɔbɛboa wo. (Mar. 10:29, 30; Heb. 10:24, 25) Akyiri yi, ebia w’abusuafo bɛba abɛka wo ho ama wɔne wo asom Yehowa na wɔadi n’akwankyerɛ so.—1 Pet. 2:12.
14. Sɛnea 1 Yohane 5:3 ka no, dɛn na woahu wɔ Yehowa akwankyerɛ ho?
14 Hu Yehowa akwankyerɛ yiye na fa yɛ adwuma. Ebia ansa na worebehu Yehowa no, na woyɛ nea wopɛ, nanso seesei woahu sɛ Yehowa akwankyerɛ na ɛyɛ papa. (Dw. 1:1-3; kenkan 1 Yohane 5:3.) Wo de, hwɛ afotu a Bible de ma okununom, ɔyerenom, awofo, ne mma. (Efe. 5:22–6:4) Wode saa afotu no ayɛ adwuma ama woahu sɛ nneɛma rekɔ yiye ma w’abusua anaa? Wode Yehowa akwankyerɛ a ɛfa sɛnea wobɛfa nnamfo pa ho no ayɛ adwuma ama woahu sɛ wo suban ayɛ papa anaa? Yehowa akwankyerɛ a wode yɛ adwuma no ma w’ani gye paa anaa? (Mmeb. 13:20; 1 Kor. 15:33) Ebia wubebua saa nsɛmmisa no nyinaa sɛ yiw.
15. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma a, dɛn na wubetumi ayɛ?
15 Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wubehu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm a woresua no bɛyɛ adwuma. Ɛno nti na Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ma wo nsa ka nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu, na aboa wo ama woahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Heb. 5:13, 14) Sɛ wokenkan nhoma ahorow yi na wusua a, ɛbɛboa wo, na wubehu sɛnea wode bɛyɛ adwuma wɔ w’asetena mu. Wei bɛma w’ani agye ho sɛ wo ne Yehowa ahyehyɛde no bɛbɔ.
16. Sɛn na Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo?
16 Hu Yehowa ahyehyɛde no yiye na taa akyi. Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo ayɛ wɔn asafo ahorow; ne Ba Yesu na ɔyɛ asafo no nyinaa ti. (Efe. 1:22; 5:23) Adwuma a Yesu pɛ sɛ yɛyɛ nnɛ no, wapaw mmarima a wɔasra wɔn no mu kakraa bi sɛ wonni anim ntoto nneɛma. Yesu kaa sɛ saa mmarima yi ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔmmoa wo na bɛn Yehowa na wo ne ne ntam nyɛ kama no, wɔfa no aniberesɛm. (Mat. 24:45-47) Ɔkwan baako a akoa nokwafo no fa so boa wo ne sɛ, wɔhwɛ sɛ wɔbɛpaw asafo mu mpanyimfo a wɔfata ma wɔde akwankyerɛ ama wo na wɔabɔ wo ho ban. (Yes. 32:1, 2; Heb. 13:17; 1 Pet. 5:2, 3) Mpanyimfo no ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara aboa wo, akyekye wo werɛ, na wɔaboa wo ama woabɛn Yehowa paa. Nanso, nneɛma a ɛho hia paa a wobetumi ayɛ ama wo no baako ne sɛ wɔbɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ afoforo Yehowa ho ade.—Efe. 4:11-13.
17. Sɛnea Romafo 10:10, 13, 14 kyerɛ no, adɛn nti na yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo?
17 Boa afoforo ma wɔnnɔ Yehowa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ afoforo Yehowa ho ade. (Mat. 28:19, 20) Anhwɛ a esiane sɛ wɔaka sɛ yenni saa ahyɛde no so ara nti na yebedi so. Nanso, sɛ wunya ɔdɔ kɛse ma Yehowa a, ebia asɛm a ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Yohane kae no, saa ara na wo nso wobɛka sɛ: “Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.” (Aso. 4:20) Sɛ yetumi boa obi ma ɔdɔ Yehowa a, ɛbɛma yɛn ani agye paa. Bere a ɔsɛmpakafo Filipo boaa Etiopiani no ma ohuu nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ma ɔbɔɔ asu no, wo de, hwɛ sɛnea Filipo ani begye afa! Sɛ wusuasua Filipo na wudi Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnka asɛmpa no so a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. (Kenkan Romafo 10:10, 13, 14.) Woyɛ saa a, ebia wo nso wubebisa asɛm a Etiopiani no bisae no bi sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”—Aso. 8:36.
18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
18 Gyinae a ɛho hia paa sɛ wusi wɔ w’asetenam ne sɛ wobɛbɔ asu. Esiane sɛ ɛyɛ gyinae a ɛho hia paa nti, ehia sɛ wususuw ho yiye paa. Dɛn na ɛho hia sɛ wuhu fa asubɔ ho? Ansa na wobɛbɔ asu ne bere a woabɔ asu awie no, dɛn na ehia sɛ woyɛ? Yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa
a Ebinom dɔ Yehowa, nanso wonnya nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɔ asu abɛyɛ Yehowa Adansefo. Sɛ saa na ɛyɛ wo a, adesua yi bɛboa wo ama wasusuw nneɛma bi a wubetumi ayɛ ho na aboa wo ama woabɔ asu.
b Ɛsono sɛnea obiara te, enti nyansahyɛ a yɛahyehyɛ no nnidiso nnidiso wɔ adesua yi mu no, ebia ɛsono baabi a obiara bɛhyɛ ase afi.
c Sɛ wopɛ wei ho nhwɛso pii a, hwɛ nhomawa a wɔato din Was Life Created? ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking no.
d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi redi gua, na ɔde kratawa ama ababaa bi a wakɔto no.