-
‘Montra M’asɛm Mu’Ɔwɛn-Aban—2003 | February 1
-
-
16. (a) Nnipa bɛn na wɔte sɛ dɔte a nsɔe wɔ so no? (b) Sɛnea Nsɛmpa abiɛsa no kyerɛ no, dɛn na nsɔe no gyina hɔ ma?—Hwɛ asehɔ asɛm.
16 Nnipa bɛn na wɔte sɛ dɔte a nsɔe wɔ so no? Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Eyinom ne wɔn a wɔate, nanso asetra yi mu ahonya ne anigye twetwe wɔn, na emia wɔn koraa ma ɛmma biribiara nwie pɛyɛ.’ (Luka 8:14) Sɛnea ogufo no aba ne nsɔe no nyin wɔ dɔte no mu bere koro no ara no, saa ara na ankorankoro bi bɔ mmɔden sɛ wobegye Onyankopɔn asɛm na wɔanya ‘asetra yi mu anigye’ bere koro no ara. Wɔde Onyankopɔn asɛm ho nokware no dua wɔn komam, nanso ɛne nneɛma foforo a ɛtwetwe wɔn adwene di asi. Wɔn sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu paapae. (Luka 9:57-62) Eyi mma wonnya bere a ɛfata mmɔ mpae nsusuw Onyankopɔn asɛm ho yiye. Wɔnte Onyankopɔn asɛm ase nwie, ma enti wonnya komam anisɔ a ehia na wɔde agyina ɔhaw ano no. Honam fam nneɛma de nkakrankakra bunkam honhom fam nneɛma so kosi sɛ ‘emia wɔn koraa.’c Awiei a ɛyɛ awerɛhow ma wɔn a womfi koma nyinaa mu nnɔ Yehowa bɛn ara ni!—Mateo 6:24; 22:37.
17. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛpaw wɔ asetram na amma sɛnkyerɛnne kwan so nsɔe a wɔbɔɔ din wɔ Yesu mfatoho no mu no ammia yɛn?
17 Sɛ yɛde honhom fam nneɛma di honam fam de kan a, ɛremma wiase yi mu yaw ne anigye mmia yɛn. (Mateo 6:31-33; Luka 21:34-36) Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Bible akenkan ne nea yɛkenkan a yebedwennwen ho no so da. Sɛ yɛkwati akɛsesɛm sɛnea yebetumi a, yebenya bere pii de mpaebɔ asusuw nneɛma ho. (1 Timoteo 6:6-8) Onyankopɔn asomfo a wɔayɛ saa—wɔn a sɛnea yɛbɛka no no, wɔatutu nsɔe no afi dɔte no mu na ama dua no anya aduan, hann, ne dabere de asow aba—no renya Yehowa nhyira. Sandra a wadi mfe 26 no ka sɛ: “Sɛ misusuw nhyira a manya wɔ nokware no mu ho a, mihu sɛ biribiara nni hɔ a wiase no de ma a yebetumi de atoto saa nhyira no ho!”—Dwom 84:11.
-
-
‘Montra M’asɛm Mu’Ɔwɛn-Aban—2003 | February 1
-
-
c Sɛnea Nsɛmpa abiɛsa a ɛfa Yesu mfatoho no ho kyerɛ no, wiase yi mu anigye ne yaw na emia aba no: ‘Wiase yi mu dadwen,’ “ahonyade nnaadaa,” “nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ,” ne ‘wiase mu anigye.’—Marko 4:19; Mateo 13:22; Luka 8:14; Yeremia 4:3, 4.
-