Ofie a Anigye Wom—Beae a Baanu Yɛ Biako
SƐ WORESI ofie a ɛyɛ den a ahobammɔ ne ahotɔ wom a, nneɛma a yɛde si dan bɛn na wode besi? Nnua? Brikisi? Abo? Nea Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm kamfo kyerɛ ni: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina, na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama.” (Mmebusɛm 24:3, 4) Yiw, egye nyansa, nhumu, ne nimdeɛ na wɔde asi ofie a asomdwoe wom.
Hena na osi dan no? “Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.” (Mmebusɛm 14:1) Ɛte saa ara wɔ ɔbarima nyansafo a ohu sɛ ɛnam ne so na n’aware bɛyɛ nea ɛyɛ den na asomdwoe wom anaasɛ nea emu nyɛ den na awerɛhow wom no nso fam. Nneɛma ahorow bɛn na ɛde anigye anaa awerɛhow ba? Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ nyansahyɛ ahorow bi a nnɛyi aware ho afotufo de ma ne Onyankopɔn Asɛm no mu nyansa a enni awiei a wɔkyerɛwee mfe mpempem a atwam ni no di nsɛ.
Asɛm a wotie: Nhoma ketewaa bi a ɛka aware ho asɛm ka sɛ: “Asɛm a wotie no yiye ne nneɛma atitiriw a wɔyɛ de kyerɛ obu no mu biako a wubetumi ayi adi akyerɛ onipa foforo, na etumi de abusuabɔ a emu yɛ den a ɛtra hɔ kyɛ ba.” Mmebusɛm ka sɛ: “Anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan.” (Mmebusɛm 18:15) Esiane sɛ wontumi nhu aso a emu abue te sɛ aniwa anaa ano a wɔabue mu nti, ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ wo hokafo sɛ woretie no ankasa? Ɔkwan biako ne hwɛ a wobɛhwɛ n’anim, anaa aso a wobɛyɛ de atie no.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 11 no.
Atirimsɛm a wɔda no adi pefee: Nhoma One to One—Understanding Personal Relationships ka sɛ: “Yɛn amammerɛ tia nneɛma a wɔda no adi. Wɔakyerɛkyerɛ yɛn fi yɛn mmofraase pɛɛ sɛ yennwen yɛn ho—yɛn ankasa yensusuw yɛn sikasɛm, adwenhorow a yekura, nkate . . . ne biribiara ho. Saa asɛm yi mfi yɛn tirim mpofirim, sɛ ‘yenya ɔdɔ ma obi mpo a.’ Sɛ yɛankɔ so ammɔ mmɔden sɛ yɛbɛda nneɛma adi pefee a, nkitahodi pa ntumi nnya nkɔso.” Mmebusɛm ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa,” “ na [wɔn a wɔbom susuw nsɛm ho no,] nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 13:10; 15:22.
Nokwaredi ne Ahotoso: Okunu ne ɔyere ka ntam wɔ Onyankopɔn anim sɛ wobedi nokware. Sɛ awarefo wɔ ahotoso sɛ wɔn mu biara di ne yɔnko nokware a, adwenem naayɛ, ahantan, akansi honhom, haw a obi haw ne ho wɔ nea ɛsɛ sɛ ne nsa ka ho, nni afa biara wɔ ɔdɔ mu.
Osuahu a wɔkyɛ: Osuahu ahorow a wɔkyɛ ma abusuabɔ mu yɛ den. Bere a bere kɔ so no, awarefo betumi anya abusuabɔ bi a ɛsom bo a wɔn baanu nyinaa ani begye ho. Ɛbɛyɛ den sɛ wobesusuw sɛ wɔbɛtete wɔn adamfofa no mu. “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.”—Mmebusɛm 18:24.
Ayamye ne brɛbrɛyɛ: Nneɛma a wofi ayamye mu yɛ tew asetram ntawntawdi so na ɛbrɛ ahantan ase. Sɛ ayamye su wɔ obi mu a, ɛkɔ so da adi bere a abufuw mu yɛ den wɔ akasakasa mu mpo na ɛmma nneɛma nsɛe kɛse. Brɛbrɛyɛ de tebea horow a anigye wom a ɛma ɔdɔ tumi nya nkɔso ba. Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ den titiriw ama ɔbarima sɛ ɔbɛda odwo adi de, nanso Bible ka sɛ: “Onipa adɔeyɛ ne n’ade a eye.” (Mmebusɛm 19:22, NW) Ɔyere pa de, “adɔe kyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.”—Mmebusɛm 31:26.
Ahobrɛase: Ahobrɛase ma yɛyɛ krado sɛ yɛbɛpa kyɛw na ɛtaa ma yɛda afoforo ase ma enti esiw ahantan kwan. Na sɛ wunnim biribi a wose woayɛ ho hwee nso ɛ? Dɛn nti na wonka no brɛoo sɛ, “Ɛyɛ me yaw sɛ woahaw saa”? Ma wo hokafo nkate ho nhia wo, na afei mo baanu mmom nhwehwɛ ɔkwan a mobɛfa so asiesie mfomso no. “Ɛyɛ ɔbarima anuonyam sɛ ɔtwe ne ho fi ɔham mu.”—Mmebusɛm 20:3.
Obu: “Ade titiriw a ɛma obi gye ne yɔnko nsusuwii a ɛne ne de nhyia tom na wɔbom di ho dwuma ne obu. Biribi a ɛho hia aware mu ɔhokafo biako kɛse no ho renhia ɔfoforo no saa. Nanso, aware mu ahokafo no mu biara betumi akyerɛ obu ama ɔfoforo nsusuwii ahorow bere nyinaa.” (Keeping Your Family Together When the World Is Falling Apart) “Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 13:10.
Aseresɛm: Serew a wɔserew bom tumi ma asɛnnennen a emu yɛ duru te sɛ amununkum tu yeraw. Emu hwete wɔ ɔdɔ anim na ɛma abufuw a ɛtaa siw nsusuwii pa kwan no tu yeraw. “Anigye koma ma anim tew.”—Mmebusɛm 15:13.
Adekyɛ: Fa adwempa hwehwɛ wo hokafo no ho nneɛma a ɛbɛma woanya ne ho anisɔ na fi ayamye mu kamfo no. Ebia ne koma ani begye saa nneɛma yi ho asen paanoo anaa pawda a wobɛtɔ abɛkyɛ no. Nanso, mubetumi akɔ so ara atotɔ nneɛma akyekyɛ mo ho anaa moayeyɛ nneɛma pa amoma mo ho. Nanso nhoma Lifeskills for Adult Children ka sɛ: “Akyɛde a ɛsen biara a mubetumi de amoma mo ho nyɛ honam fam nneɛma. Ɛyɛ ɔdɔ ne anisɔ, mo nkuranhyɛ, ne mmoa a mobeyi adi akyerɛ mo ho mo ho.” “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.”—Mmebusɛm 25:11.
Sɛ wobetumi de saa su ahorow yi atoto blɔks a wɔde hyehyɛ aware abusuabɔ no ho a, ɛnde na nkɔmmɔbɔ ne mɔɔta a ehia na wɔde aka abom. Enti, sɛ akasakasa sɔre a, dɛn na awarefo betumi ayɛ? Nhoma, Getting the Love You Want ka sɛ: “Sɛ anka wubebu wo hokafo nsusuwii ahorow a ɛne wo de nhyia no sɛ biribi a ɛde ntawntawdi ba no, . . . bu no sɛ ade a ɛma wunya nimdeɛ. . . . Da biara da mu nsɛm bɛyɛ asuade a ɛsom bo ama wo.”
Ɛnde bu akasakasa biara a ɛba sɛ hokwan a ɛsom bo a wuhia na woanya onii a wodɔ no no ho nhumu, na ɛnyɛ sɛ biribi a ɛtwetwe ntɔkwaw. Mo nyinaa monnye ntom na munni su horow a enhyia ho dwuma, na ɛmfa asomdwoe mmrɛ mo, na ɛnhyɛ mo biakoyɛ ne mo dɔ a ɛma mo baanu ka bom yɛ biako no mu den.
Yehowa Nyankopɔn hu fɛ a biakoyɛ yɛ na ɔde hyɛɛ n’adebɔ mu—wɔ mframa a mmoa home ma afifide na afifide nso de ma mmoa, twa a wim abɔde twa ebi ho hyia, nkoekoemmoa ne nhwiren ntam abusuabɔ a nneɛma abien no nyinaa nya mu mfaso mu. Saa ara nso na wɔ aware nkabom mu no, adeyɛ a ɛte saa a anigye wom betumi atra mu na okunu nam nsɛm a ɔka ne nneyɛe so ama ne yere anya ne dɔ mu awerɛhyem na ɔyere nokwafo a ɔwɔ ɔdɔ de akomatɔyam adi n’akanni akyi. Enti, baanu bɛyɛ biako ankasa, na ɛde anigye brɛ wɔn baanu ma ebi ka aware Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn.
[Kratafa 11 adaka]
“Monhwɛ Yiye Sɛnea Mote Asɛm no Fa.”—Luka 8:18
Aso a wɔyɛ de tie asɛm ne ɔkwan a wɔnam so hu sɛ ɔkasafo ne otiefo no te wɔn ho ase ankasa. Ɛtɔ da bi a egye sɛ wɔhwɛ wɔn ho anim, efisɛ otiefo no bɔ mmɔden sɛ obesusuw nsɛm a ɔte no ne ntease a ɛwom no ho. Eyinom ne akwan atitiriw a wɔnam so tie asɛm:
1. Wɛn w’aso yiye tie, na woahu nsɛm a ɛho hia.
2. Tie na hu nkate a ɛwɔ nsɛm a ɔka no akyi.
3. Tĩ nea wote no mu kyerɛ ɔkasafo no. Mmu no fɔ, nkasa ntia no, anaasɛ ɛne no nham. Ma onipa no nhu sɛ woate nea waka no yiye. Gye nkate a ɔda no adi no tom.
4. Ebia ɔkasafo no besi nea woka no so dua anaasɛ ɔbɛteɛ no na ebia ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akɔ akyiri.
5. Sɛ wonte ase yiye a, bisa no bio.
Aso a wɔyɛ de tie asɛm tumi tew ɔkasatia mu yaw so titiriw. Gye tom sɛ ɔkasatia taa gyina nokwasɛm bi so. Ebia ɔbɛka no wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so, nanso sɛ́ anka wobɛsosɔ so ako atia ɔkasatiafo no, dɛn nti na womfa aso a wowɛn de tie asɛm no nni dwuma nnwudwo tebea no ano? Pene so sɛ wugye ɔhaw biara a ɔde ho asodi to wo so no tom, na hwɛ sɛnea mubetumi adi asɛm no ho dwuma.
[Kratafa 12 adaka]
“Sɛ Obi ne Obi Nya Asɛm Bi A.”—Kolosefo 3:13
Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, ɔkwan bɛn so na wubetumi ada no adi yiye a wumfi ntɔkwaw ase? Nea edi kan no, kamfo wo hokafo no wɔ n’adwempa a ɔwɔ ho. Ebia wote nka sɛ wannya tema amma wo, wansusuw wo ho, wanyɛ anifere, anaa wamfa nyansa anni dwuma—nanso ne nyinaa mu no ɛda adi sɛ ná onni adwene bi sɛ obepira wo. Da wo nkate adi wɔ odwo kwan so a wommɔ no sobo sɛ: “Bere a woyɛɛ eyi no, metee nka sɛ . . . ” Nea ɛde akasakasa ba biara nni eyi mu. Ɛkyerɛ sɛnea wote nka ara kwa na ɛmmɔ wo hokafo no sobo. Esiane sɛ ebia na ɛnyɛ onipa no adwene ne sɛ ɔreyɛ biribi ma ahaw wo no nti, ebia obegye nea woka no ho kyim anaasɛ obebu ne ho bem. Nanso, fa w’adwene si ɔhaw no so, na yɛ krado sɛ wode nsusuwii bi a mubetumi de adi nneɛma ho dwuma bɛma.
[Kratafa 10 mfonini]
Aso a wobɛyɛ atie asɛm yiye no ne ɔkwan titiriw biako a wubetumi afa so ada obu adi akyerɛ onipa foforo